Kɔ emu nsɛm afã hɔ


MA YƐNE WO NSUA BIBLE

Wubetumi Anya Anigye Daa!

Sɛ yɛne wo sua Bible a, worentua hwee, na ɛbɛboa wo ama woanya nsɛmmisa a edidi so yi ho mmuae:

  • Mɛyɛ dɛn anya anigye wɔ abrabɔ mu?

  • Enti abɔnefosɛm ne amanehunu to betwa da bi?

  • Mɛsan ahu m’adɔfo a wɔawuwu no bio?

  • Enti Onyankopɔn dwen me ho ampa?

  • Mɛyɛ dɛn abɔ mpae ama Onyankopɔn atie?

Worentua Hwee

Bible adesua a yɛne wo bɛyɛ no, worentua hwee. Afei nhoma a yɛato din Wubetumi Anya Anigye Daa! a yɛde sua Bible no nso, worentua ho ka. Sɛ wunni Bible nso a, yebetumi ama wo bi.

Biribiara Gyina Wo So

Nea ɔne wo bɛbɔ Bible mu nkɔmmɔ no, wopɛ a, ɔbɛba wo nkyɛn anaa mubetumi abɔ nkɔmmɔ no wɔ fon anaa intanɛt so. Bere ne baabi a wopɛ sɛ musua ade no, ne nyinaa wɔ wo nsam.

Ɛnyɛ Nhyɛ

Sɛ edu baabi na wompɛ sɛ wusua bio a, wubetumi agyae, ɛnyɛ nhyɛ.

Sɛn na yɛyɛ Bible adesua no?

Nea ɔne wo besua ade no ne wo bɛpɛnsɛpɛnsɛ Bible no mu, na woahu nea Bible no kyerɛkyerɛ ankasa. Mufi adesua baako so a, na mokɔ foforo so. Sɛ mode nhoma a yɛato din Wubetumi Anya Anigye Daa! no bɔ Bible no mu nkɔmmɔ a, nkakrankakra wobɛba abehu Bible mu yiye, na wubehu sɛnea ebetumi aboa wo. Nea yɛreka yi, sɛ wopɛ sɛ wuhu ho nsɛm pii a, hwɛ video yi. Anaa wubetumi akenkan nsɛm a nkurɔfo taa bisa fa Bible adesua a yɛne nkurɔfo yɛ no ho.

Wopɛ sɛ wuhu nsɛm a mubesusuw ho no bi?

Klike ase ha na wubehu adesua mmiɛnsa a edi kan wɔ nhoma yi mu.

Wopɛ sɛ wosɔ hwɛ anaa?

Klike ase ha na yɛbɛyɛ nhyehyɛe ama obi ne wo abɛbɔ Bible mu nkɔmmɔ.