Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Anuanom ahyiam wɔ dwumadi titiriw bi ase wɔ Kerala, India, November 4, 2023. Wɔde anigye rekyiakyia wɔn ho

NOVEMBER 17, 2023
INDIA

Awerɛhosɛm a Esii India No, Wɔn a Awu No Dodow Akodu Nsia

Awerɛhosɛm a Esii India No, Wɔn a Awu No Dodow Akodu Nsia

Kwasida, October 29, 2023 no, atopae toe wɔ ɔmantam nhyiam bi ase wɔ Kerala, India. Yedii kan bɔɔ amanneɛ sɛ nnipa mmiɛnsa wui. Awerɛhosɛm ne sɛ, onua baako ne anuanom mmea mmienu awu aka ho. Nnipa mmiɛnsa a wɔdii kan wui no, na baako yɛ abaayewa a wanya mfe 12. Abaayewa yi maame ne ne nuabarima ka nnipa mmiɛnsa a akyiri yi wɔwui no ho. Ɛno pa ho a, anuanom mmarima ne mmea 11 na wɔda so da ayaresabea.

Akwankyerɛ Kuw no maa India Betel kwan sɛ wɔnyɛ dwumadi soronko bi a ɛbɛhyɛ wɔn a awudisɛm yi kaa wɔn no den na akyekye wɔn werɛ. Wɔyɛɛ saa dwumadi no November 4, 2023. Dwumadi no, wɔtoo nsa frɛɛ anuanom mmarima ne mmea a wɔwɔ nsafo 21 mu. Saa nsafo no na na wɔwɔ nhyiam ase a atopae totoe no. Wɔyɛɛ dwumadi no wɔ Ahenni Asa baako so, na na nnipa bɛyɛ 200 na ɛwɔ hɔ. Nnipa 1,300 nso hwɛɛ dwumadi no wɔ video so. Wɔyɛɛ nhyehyɛe maa wɔn a wɔda ayaresabea no hwɛɛ dwumadi no a wɔakyere agu afiri so. Akasafo no baako a ɔyɛ ɔpanyin wɔ Betel kyerɛkyerɛɛ Dwom 23:1 mu. Osii so dua sɛ, Yehowa dwen n’asomfo ho mmaako mmaako. Ɔkyerɛɛ mu sɛ: “Nkyekyɛm yi mu no, odwontofo no anka sɛ Yehowa yɛ ɔhwɛfo kɛkɛ anaa ɔhwɛfo pa. Ɔkaa sɛ, Yehowa ne ‘me hwɛfo.’ Wo de hwɛ oo. Yehowa dwen yɛn mu biara ho mmaako mmaako! Wei mma yɛn koma ntɔ yɛn yam anaa?”

Anuanom mmea bi a obiara rekyekye ne yɔnko werɛ

Onua bi a na ɔwɔ hɔ bere a topae no toe no kaa sɛ efi saa bere no, ɔda a ontumi nna. Ne nyinaa akyi no, otuu ne ho mae kɔboaa wɔn a wɔda so wɔ ayaresabea no. Asɛm a ɔkae ne sɛ: “Mehwɛ sɛnea wɔwɔ gyidi na wɔmma nneɛma nhaw wɔn pii no a, na me werɛ afi me haw. Pira a wɔapira ne ɛyaw a wɔn mu pii refa mu nyinaa akyi no, na wɔreto asafo nnwom.” Onua baako nso kaa sɛ: “Anuanom no pii wɔ hɔ a, ebia ɛbɛkyɛ ansa na wɔasan asi wɔn dedaw mu. Nanso minim sɛ anuanom a ɛwɔ wiase nyinaa bɛkɔ so akyerɛ wɔn dɔ. Migye di sɛ yɛn Nyankopɔn a odwen yɛn ho no de ne nsa a ɛyɛ den no aso wɔn mu biara mu, na ɛhyɛ nkuran paa!”

Anuanom a ɛwɔ wiase nyinaa yɛ abusua baako, na yenim sɛ Yehowa da so ara ‘resa’ yɛn nuanom adɔfo a wɔwɔ India a ‘wɔn koma abubu no yare, na ɔrekyekyere wɔn akuru.’ Wei kyekye yɛn werɛ, na ɛma yɛn koma tɔ yɛn yam.—Dwom 147:3.