Kɔ emu nsɛm afã hɔ

MMOA A WƆDE MA ABUSUA NO | MMOFRA NTETEE

Sɛ Wo Ba a Ɔyɛ Ɔbabun Di Wo Huammɔ a, Dɛn Na Wobɛyɛ?

Sɛ Wo Ba a Ɔyɛ Ɔbabun Di Wo Huammɔ a, Dɛn Na Wobɛyɛ?

 Mmabun bi wɔ hɔ a, wɔn maame ne wɔn papa kyerɛ wɔn bere pɔtee a ɛsɛ sɛ wɔba fie a, wɔhyɛ da bu so, na wɔmma fie ntɛm. Ebinom nso daadaa wɔn maame ne wɔn papa; wɔnka nokware nkyerɛ wɔn, na wotumi wia wɔn ho pue kɔ wɔn nnamfo hɔ. Sɛ wo ba a ɔyɛ ɔbabun di wo huammɔ anaa ɔyɛ biribi a ɛremma wunnye no nni bio a, dɛn na wobɛyɛ?

 Me ba a ɔyɛ ɔbabun no, wadan otuatewfo anaa?

 Ɛnhyɛ da nkyerɛ saa. Bible ka sɛ: “Agyimisɛm kyekyere abofra koma ho,” na mmabun taa ma yehu sɛ saa no yɛ nokware. (Mmebusɛm 22:15) Dr. Laurence Steinberg kyerɛwee sɛ, “Mmabun pere wɔn ho sisi gyinae bi a nyansa biara nnim. Enti hu sɛ ɛnyɛ dɛn ara a, wobedi mfomso.” a

 Sɛ me ba a ɔyɛ ɔbabun no adaadaa me nso ɛ?

 Mpepere wo ho nka sɛ wo ba no ahyɛ da sɛ ɔrentie w’asɛm. Nhwehwɛmu kyerɛ sɛ, sɛ mmabun yɛ wɔn ho sɛ wɔntee nea wɔn awofo reka mpo a, wɔn mu paa deɛ, nea wɔn maame ne wɔn papa ka fa wɔn ho no, wodwen ho. b Ebia wo ba no renyɛ biribiara nkyerɛ sɛ nea wayɛ no haw no, nanso ne mu deɛ, ɛyɛ no yaw sɛ wayɛ biribi ama no ahaw wo, na ɛhaw no sɛ ɔyɛɛ saa.

Sɛ dompe bu na sɛ ɛsan ka si anim a, ahoɔden san ba mu te sɛ kan no. Saa ara na sɛ wo ba di wo huammɔ a ɛte; wubetumi asan agye no adi

 Mfomso no fi hena?

  •    Efi nnamfo, sohyial media, ne ne nkekaho anaa? Bible ka sɛ: “Fekubɔne sɛe ɔbra pa.” (1 Korintofo 15:33) Ampa, nnamfo a mmabun fa no tumi sesa wɔn suban paa! Nneɛma bi nso tumi twetwe wɔn. Ebi ne sohyial media ne nneɛma a wɔbɔ ho dawuru. Afei nso, mmabun nni asetenam suahu biara. Enti sɛ woka ne nyinaa bom a, ɛma wuhu nea enti a wotumi sisi gyinae a nyansa nnim no. Ne nyinaa mu no, nsunsuanso a wɔn gyinaesi de bɛba biara no, ɛsɛ sɛ wogye tom. Ɛno na ɛbɛboa wɔn ama wɔabɛyɛ mpanyin pa.

  •    Efi me anaa? Ebia ɛbɛyɛ wo sɛ w’asɛm yɛ den dodo, enti wo na woama wo ba no ayɛ abofra bɔne. Anaa ɛtɔ da a, ebia ɛbɛyɛ wo sɛ woyɛ abahyɛbɔne, enti na wo ba no ayɛ saa no. Mfa w’adwene nkɔ so sɛ ebia mfomso no fi wo. Mmom, hwɛ nea wubetumi ayɛ de aboa wo ba no.

 Dɛn na menyɛ mmoa me ba a ɔyɛ ɔbabun no na ama magye no adi bio?

  •   Hyɛ wo ho so. Wo ba no hwɛ kwan sɛ wo bo befuw. Adɛn nti na wonyɛ biribi foforo? To wo bo na wo ne wo ba no nka nea asi no ho asɛm. Adɛn nti na ɔyɛɛ saa? Ɔkɔpɛɛ asɛm? Ná n’ani nka, anaa efie afono no? Ná ɔrepɛ nnamfo? Ɛnsɛ sɛ anka saa nneɛma yi biara ma ɔyɛ saa, nanso ebetumi aboa wo ne wo ba no nyinaa ama moahu nea enti a ɔyɛɛ saa no yiye.

     Bible mu afotusɛm: ‘Yɛ ntɛm tie asɛm, yɛ nyaa kasa, na yɛ nyaa fa abufuw.’—Yakobo 1:19.

  •   Boa wo ba no ma onnwinnwen nea asi no ho. Bisa no nsɛm bi te sɛ: Nea asi no, ɛdɛn na woasua afi mu? Sɛ da foforo, biribi saa san si a, ɛdɛn na wobɛyɛ? Sɛ wubisa wo ba no nsɛm bi a ɛte saa a, ebetumi aboa no ama wahu sɛnea obedwinnwen nneɛma ho yiye na wasi gyinae pa.

     Bible mu afotusɛm: “Ka anim, tu fo, abodwokyɛre ne ɔkyerɛkyerɛ a etu mpɔn nyinaa mu.”—2 Timoteo 4:2.

  •   Teɛ no so. Sɛ wopɛ sɛ nteɛso no boa wo ba a ɔyɛ ɔbabun no paa a, ma nteɛso no mfa bɔne a wayɛ no ho. Yɛmfa no sɛ wo ba no tuu wo kar kɔɔ baabi a wanni kan anka ankyerɛ wo, na ɛno nti na wunnye no nni bio no. Sɛ saa a, wubetumi ahyehyɛ mmara ama no wɔ kar no ho. Wubetumi akyerɛ no bere a obetumi atwi kar no anaa mpɛn dodow a obetumi atu kar no akɔ baabi.

     Bible mu afotusɛm: “Nea onipa gu no, ɛno ara na obetwa.”—Galatifo 6:7.

  •   Boa no ma onhu nea ɔyɛ a ɛbɛma woagye no adi bio. Ebegye bere ansa na woasan agye wo ba no adi. Nanso boa no ma onhu sɛ ‘akyea na emmui’; bere rekɔ so no, wubetumi asan agye no adi bio. Ma onhu sɛ anidaso wɔ hɔ. Sɛ wo ba no nya adwene sɛ worennye no nni bio da a, ebetumi ama n’abam abu.

     Bible mu afotusɛm: “Agyanom, monnhyɛ mo mma abufuw na wɔn abam ammu.”—Kolosefo 3:21.

a Efi nhoma a yɛfrɛ no You and Your Adolescent mu.

b Yɛka ɔbabun a, ebetumi ayɛ ɔbea na ebetumi nso ayɛ ɔbarima.