Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bible Mu Asɛm a Yebesusuw Ho Da Biara

Bible Mu Asɛm a Yebesusuw Ho Da Biara

Wohwɛ Kyerɛwnsɛm No Mu a Wobɛhwehwɛ Daa nhoma no mu a, wubehu Bible mu asɛm pɔtee bi a wɔde ama sɛ yensusuw ho ɛda biara ne ɛho nkyerɛkyerɛmu. Saa nhoma yi betumi aboa wo da biara ama woanya Bible mu nsɛm bi a ɛbɛhyɛ wo nkuran.

Ɛwom, yebetumi akenkan kyerɛwsɛm no ne ɛho nkyerɛkyerɛmu no bere biara, nanso nnipa pii ahu sɛ, sɛ wosusuw ho anɔpa a, ɛboa paa. Ɛba saa a, wotumi dwinnwen ho da mũ no nyinaa. Sɛ wowɔ abusua a, mubetumi abom asusuw daa asɛm no ho, na mubenya so mfaso.

Wubetumi akenkan daa asɛm no wɔ Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA, anaa wubetumi atwe afe mũ no nyinaa PDF wɔ Intanɛt so.