Kɔ emu nsɛm afã hɔ

BIBLE MU NSƐM A WƆAKYERƐKYERƐ MU

Hebrifo 11:1—“Gyidi Ne Ade a Yɛn Ani Da So Ho Ahotoso”

Hebrifo 11:1—“Gyidi Ne Ade a Yɛn Ani Da So Ho Ahotoso”

 “Gyidi yɛ awerɛhyem a emu yɛ den a yɛwɔ sɛ ade a yɛn ani da so bɛba mu. Ɛyɛ adanse pefee a ɛkyerɛ sɛ biribi a yɛn ani nhu wɔ hɔ ankasa.”—Hebrifo 11:1, Wiase Foforo Nkyerɛase.

 “Na afei gyidi ne ade a yɛn ani da so ho ahotoso ne nneɛma a yenhu ho adansegye.”—Hebrifo 11:1, Akuapem Twi Bible a The Bible Society of Ghana Yɛe.

Nea Hebrifo 11:1 Kyerɛ

 Bible mu asɛm yi kyerɛ gyidi mu tiawa, na ɛma yehu sɛ, sɛ Bible ka gyidi a, ɛnyɛ nea ɛkyerɛ ara ne sɛ obi begye biribi atom kɛkɛ.

 “Gyidi yɛ awerɛhyem a emu yɛ den a yɛwɔ sɛ ade a yɛn ani da so bɛba mu.” Tete Greek asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “gyidi” wɔ Hebrifo 11:1 no, ɛkyerɛ sɛ obi wɔ biribi mu ahotoso, ogye tom paa, na n’adwene si no pi wɔ ho. Ɛnyɛ biribi a yɛn kɔn dɔ kɛkɛ na ɛma yenya gyidi a yɛreka ho asɛm yi, na mmom ɛyɛ “awerɛhyem a emu yɛ den” a yɛwɔ wɔ biribi mu. Greek asɛm a wɔkyerɛɛ ase “awerɛhyem a emu yɛ den” a no, yebetumi asan akyerɛ ase “adanse krataa,” kyerɛ sɛ, nnyinaso a wɔde ama obi a ɛma onya awerɛhyem anaa ahotoso.

 ‘Gyidi yɛ adanse pefee [anaa sɛnea ase hɔ asɛm no kyerɛ no, “adanse a edi mu”] a ɛkyerɛ sɛ biribi a yɛn ani nhu wɔ hɔ ankasa.’ Adanse a obiara ntumi nnye ho akyinnye na ɛma obi nya gyidi. Adanse a ɛte saa no, emu yɛ den ara ma sɛ obi mfa n’ani nhu biribi mpo a, ogye tom sɛ ɛwɔ hɔ.

Hebrifo 11:1 Ho Nsɛm

 Hebrifo nhoma a ɛwɔ Bible mu no yɛ krataa a ɔsomafo Paul kyerɛw kɔmaa Kristofo a na wɔte Yerusalem ne ne mpɔtam wɔ asomafo no bere so. Sɛ yɛhwɛ krataa no fã yi a, na Paul rekyerɛ hia a gyidi ho hia. Nhwɛso bi ne sɛ, ɔkyerɛwee sɛ: “Sɛ obi nni gyidi a, ɔrentumi nsɔ Onyankopɔn ani yiye, efisɛ obiara a ɔba Onyankopɔn nkyɛn no, ɛsɛ sɛ ogye di sɛ ɔwɔ hɔ, na ɔyɛ wɔn a wɔn ani abere rehwehwɛ no no katuafo.” (Hebrifo 11:6) Bere a Paul kyerɛɛ gyidi mu wɔ Hebrifo 11:1 wiei no, ɔbobɔɔ mmarima ne mmea bi a Bible ka wɔn ho asɛm din. Ɔkaa sɛ na wɔwɔ gyidi, na ɔkwan a wɔfaa so kyerɛɛ wɔn gyidi ne sɛ wɔyɛɛ Onyankopɔn apɛde.—Hebrifo 11:4-38.

a Greek asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “awerɛhyem a emu yɛ den” no ne hy·poʹsta·sis. Yebetumi akyerɛ ase tee sɛ, “nea egyina biribi ase” anaa “fapem.”