Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nea W’atipɛnfo Ka

Mmabun a wɔfi aman ahorow so bɛma woahu ɔhaw ahorow a wɔhyiae, ne nea ɛboaa wɔn ma wɔtumi dii so. Hwɛ ho video wɔ ha.

 

Mɛyɛ Dɛn Ne M’awofo Abɔ Nkɔmmɔ?

Sɛ wuhu sɛnea wo ne w’awofo bɛbɔ nkɔmmɔ a, wubehu sɛ, sɛɛ mfaso wɔ so paa.

Nea W’atipɛnfo Ka Fa Mobal Fon Ho

Mmabun pii wɔ hɔ a mobal fon ne wɔn biribiara; wɔnkɔ nnya hɔ koraa. Wowɔ mobal fon a, mfaso bɛn na wubenya na asiane bɛn nso na ɛwom?

Sɛ Obi Sisi Me a, Dɛn Na Metumi Ayɛ?

Nea ɔresisi wo no de, ebia worentumi nsesa no, nanso nneɛma bi a wobɛyɛ no betumi aboa wo ama woagyina asisisɛm no ano.

Me Mmabunbere—Me Ara Mahwehwɛ Mu Ahu Anaa?

Sɛ woyɛ Bible no mu nhwehwɛmu na wohyɛ wo gyidi den a, ebetumi aboa wo ma woagyina ɔhaw biara a wubehyia ano.

M’atipɛnfo Hyɛ Me Sɛ Menyɛ Biribi a Mempɛ a, Mɛyɛ Dɛn?

Hwɛ sɛnea Bible nnyinasosɛm betumi aboa wo.

Mema Me Ntaadehyɛ Ne M’ahosiesie Ho Hia Me Dodo Anaa?

Hwɛ nea woyɛ a ɛbɛboa wo, na wo ntaadehyɛ ne w’ahosiesie anhia wo ammoro so.

Mmabun Bi Akyerɛ Nea Enti a Wogye Onyankopɔn Di

Mmabun bi ka nea enti a wogye di paa sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ. Hwɛ video a ne tenten yɛ simma mmiɛnsa yi na wubehu

Ntease Wom Sɛ Wubegye Onyankopɔn Adi Anaa?

Ná nsɛm bi kyere mmabun mmienu bi adwene, nanso wɔyɛɛ ho nhwehwɛmu. Hwɛ sɛnea ɛno hyɛɛ wɔn gyidi den.

Sɛn Na Bible Betumi Aboa Me?

Wuhu mfaso a ɛwɔ Bible so a, ebetumi ama w’ani agye wɔ abrabɔ mu.

Mmabun Ka Bible Akenkan Ho Asɛm

Akenkan nna fam, nanso sɛ wokan Bible a na wontow wo bere ngui. Mmabun nnan ka mfaso a wɔanya afi Bible akenkan mu.

Nea Enti a Mewɔ Gyidi—Mintie Nyankopɔn Anaa Menyɛ Nea Mepɛ?

Mmabun bi bɛma yɛahu nea wɔyɛe a ɛma wɔkwatii nneɛma bɔne a ɛtoo wɔn asukuufo a wɔammɔ bra pa no.

Cameron Reyɛ Adwuma a Ɛsen Adwuma Biara

Wopɛ sɛ w’ani gye wɔ abrabɔ mu? Tie Cameron. Ɔrebɛka baabi a ne botae de no akɔpue, ne anigye a wɔanya wɔ hɔ.