Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Adɛn Nti na Yɛwɔ Wiase?

Adɛn Nti na Yɛwɔ Wiase?

Nea Bible ka

 Nkurɔfo a wɔpɛ sɛ wɔhu nea enti a yɛwɔ wiase no taa bisa sɛ, Dɛn koraa na yɛregye wɔ asase so? Ebinom nso tumi bisa sɛ, Dɛn nti koraa na mete ase? Bible ma yɛhu sɛ, nea enti a nnipa te nkwa mu ne sɛ yɛne Onyankopɔn bɛfa adamfo. Wo de, hwɛ Bible mu nokwasɛm a edidi so yi.

  •   Onyankopɔn ne yɛn Bɔfo. Bible ka sɛ: “[Onyankopɔn] na ɔyɛɛ yɛn, na ɛnyɛ yɛn ankasa.”​—Dwom 100:3; Adiyisɛm 4:11.

  •   Nea Onyankopɔn abɔ biara, wammɔ no kwa. Enti nnipa nso, atirimpɔw bi nti na ɔbɔɔ yɛn.​—Yesaia 45:18.

  •   Sɛnea Onyankopɔn bɔɔ yɛn nti, yɛwɔ “honhom mu ahiade.” Esiane saa honhom mu ahiade no nti, nnipa pɛ sɛ wɔhu nea enti a yɛwɔ wiase. (Mateo 5:3) Onyankopɔn pɛ sɛ yɛn nsa ka saa ahiade no.​—Dwom 145:16.

  •   Sɛ yɛne Onyankopɔn fa adamfo a, ɛbɛma yɛanya yɛn honhom fam ahiade. Ebinom wɔ hɔ a, sɛ woka sɛ wɔbɛtumi ayɛ Onyankopɔn nnamfo a, wɔnnye nni. Nanso, Bible hyɛ yɛn nkuran sɛ: “Mommɛn Onyankopɔn na ɔbɛbɛn mo.”​—Yakobo 4:8; 2:23.

  •   Nea enti a Onyankopɔn bɔɔ yɛn no, ɛsɛ sɛ yɛbɔ yɛn bra ma ɛne no hyia. Ɛno ansa na yɛbɛtumi abɛyɛ Onyankopɔn adamfo. Bible ka nea enti a Onyankopɔn bɔɔ yɛn kyerɛ yɛn wɔ Ɔsɛnkafo 12:13: “Nya obu ma Onyankopɔn, na di n’ahyɛde so, efisɛ ɛno nti na ɔbɔɔ yɛn.”​—Good News Translation.

  •   Daakye, Onyankopɔn bɛyi amanehunu afi hɔ, na wɔn a wɔsom no na wɔyɛ ne nnamfo no, ɔbɛma wɔn daa nkwa. Saa bere no, nea enti a Onyankopɔn bɔɔ nnipa no bɛyɛ hɔ.​—Dwom 37:10, 11.