Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Aniwa Nsi Aniwa Ananmu”—Dɛn Na Saa Asɛm No Kyerɛ

“Aniwa Nsi Aniwa Ananmu”—Dɛn Na Saa Asɛm No Kyerɛ

Nea Bible ka

 Mmara a Onyankopɔn nam Mose so de maa tete ɔman Israel no, na asɛm a ɛne “aniwa nsi aniwa ananmu” no ka ho. Yesu nso faa saa asɛm no kae wɔ ne Bepɔw so Asɛnka no mu. (Mateo 5:​38; Exodus 21:24, 25; Deuteronomium 19:21) Saa asɛm no, na ɛkyerɛ sɛ, wɔretwe ɔbɔnefo aso a, ɛsɛ sɛ n’asotwe no fata bɔne a wayɛ. a

 Ɛyɛ bere a onipa bi hyɛ da yɛ biribi de pira obi foforo na na wɔde mmara yi yɛ adwuma. Mose Mmara no kaa sɛ, sɛ obi boapa di ne yɔnko bɔne a ɛnde: “Nea abu nsi nea abu ananmu, aniwa nsi aniwa ananmu, ɛse nsi ɛse ananmu. Dɛm a ɔmaa ne yɔnko dii no, wɔnyɛ no saa bi.”​—Leviticus 24:20.

 Dɛn nti na wɔhyɛe sɛ “aniwa nsi aniwa ananmu”?

 “Aniwa nsi aniwa ananmu” mmara no, amma nnipa ankorankoro biara kwan sɛ wɔn ankasa ntua wɔn atamfo ka. Mmom ɛboaa atemmufo a na wɔapaw wɔn no ma wɔde asotwe a ɛfata mae, kyerɛ sɛ wɔamfa asotwe a ɛboro so amma, na saa ara nso na wɔangow asotwe no mu ammoro so.

 Afei nso esiane saa mmara no nti, sɛ obi boapa yɛ n’adwene sɛ obepira ne yɔnko anaa ɔbɔ pɔw sɛ obedi ne yɔnko bɔne a, na obetu ne ho fo. Mmara no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ “wɔn a wɔaka [kyerɛ sɛ wɔn a wohui sɛ wɔde Onyankopɔn mmara yi rebu atɛn] no bɛte na wɔasuro, na wɔrenyɛ bɔne a ɛte saa bio wɔ mo mu.”​— Deuteronomium 19:20.

 “Aniwa nsi aniwa ananmu.” Ɛsɛ sɛ Kristofo de saa mmara no yɛ adwuma anaa?

 Dabi, Kristofo nhyɛ saa mmara no ase. Ná ɛka Mose Mmara a Yesu afɔrebɔ wu no de baa awiei no ho.​—Romafo 10:4.

 Nanso saa mmara no boa yɛn ma yehu Onyankopɔn adwene. Ɛkyerɛ yɛn sɛ atɛntrenee ho hia Onyankopɔn pa ara. (Dwom 89:14) Bio nso, ɛma yehu sɛnea Onyankopɔn bu atɛntrenee. Ɛne sɛ, ɛsɛ sɛ wɔtwe nnebɔneyɛfo aso “sɛnea ɛfata.”​—Yeremia 30:11.

 “Aniwa nsi aniwa ananmu” ho atosɛm

 Atosɛm: “Aniwa nsi aniwa ananmu.” Ná saa mmara no ano yɛ hyew dodo.

 Nokwasɛm: Mmara no amma obiara tumi sɛ ɔntwe abɔnefo aso yayaayaw. Nea edi kan no, sɛ obi yɛ bɔne a na wɔpaw atemmufo a wɔfata ma wɔhwehwɛ mu hwɛ nea ɛyɛe a asɛm no bae. Afei nso, wɔbɛhwɛ sɛ ɔbɔnefo no boapa na ɔyɛe anaasɛ wanhyɛ da. Ɛyɛ bere a wɔayɛ eyi nyinaa awie no ansa na wɔde asotwe a ɛfata ama no. (Exodus 21:28-​30; Numeri 35:22-​25) Yehu sɛ wɔde “aniwa nsi aniwa ananmu” mmara no mae sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrentwe abɔnefo aso mmoro so. Afei nso, na ɛremma wongow abɔnefo asotwe mu dodo.

 Atosɛm: “Aniwa nsi aniwa ananmu.” Saa mmara no maa nkurɔfo yɛɛ ade tuaa afoforo ka bere nyinaa.

 Nokwasɛm: Mose Mmara no ankasa kaa sɛ: “Wo yɔnko yɛ biribi tia wo a, ntua no so ka, na nnya wo nkurɔfo mma ho menasepɔw.” (Leviticus 19:18) Yehu sɛ Mmara no anka sɛ, sɛ obi yɛ wo biribi a tua no so ka, na mmom ɛhyɛɛ nkurɔfo nkuran sɛ wɔmfa wɔn ho nto Onyankopɔn so. Ɛsan kyerɛe sɛ mmara a na wɔahyehyɛ a wɔde twe abɔnefo aso no, wonhu sɛ ɛbɛboa wɔn.​—Deuteronomium 32:35.

a Saa nnyinasosɛm a ɛfa atemmu ho yi, ɛtɔ da a wɔfrɛ no lex talionis wɔ Latin kasa mu. Aman bi a na ɛwɔ hɔ tete nso, wubehu nnyinasosɛm koro yi ara wɔ wɔn mmara mu.