Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Awofo a Wɔn Ani Afi a Ɛsɛ Sɛ Yɛhwɛ Wɔn No, Dɛn Na Bible Ka Fa Ho?

Awofo a Wɔn Ani Afi a Ɛsɛ Sɛ Yɛhwɛ Wɔn No, Dɛn Na Bible Ka Fa Ho?

Nea Bible ka

 Ɛyɛ mmofra a wɔanyin asɛyɛde sɛ wɔhwɛ wɔn awofo a wɔn ani afi no. Wei yɛ biribi a ɛsɛ sɛ wɔma ehia wɔn. Bible ka sɛ, ɛsɛ sɛ mmofra a wɔanyin “hwɛ wɔn mmusua ne wɔn awofo a wɔn ani afi no de kyerɛ sɛ wɔyɛ nyamesomfo. . . , efisɛ eyi na ɛsɔ Onyankopɔn ani.” (1 Timoteo 5:4, New International Version) Sɛ mmofra a wɔanyin ma wɔn ani kũ wɔn awofo a wɔn ani afi ho, na wɔhwɛ wɔn a, na wɔretie Bible afotu a ɛne sɛ, ɛsɛ sɛ wodi wɔn awofo ni no.—Efesofo 6:2, 3.

 Bible no nka ɔkwan pɔtee a ɛsɛ sɛ mmofra a wɔanyin fa so hwɛ wɔn awofo a wɔn ani afi no. Nanso ɛma yehu sɛ, mmarima ne mmea anokwafo a wɔtenaa ase tete no ayɛ nhwɛso pii a yebetumi asuasua. Afei nso, wɔn a wɔrehwɛ awofo a wɔn ani afi no, afotu pii wɔ Bible mu a ebetumi aboa wɔn.

 Tete no, dɛn na ebinom yɛ de hwɛɛ wɔn awofo a na wɔn ani afi no?

 Ná ɛsono nea wɔn mu biara refa mu wɔ asetenam, ɛno nti wɔfaa akwan horow so na ɛyɛɛ saa.

  •  Yosef nte mmɛn ne papa Yakob a na n’ani afi no. Bere a onyaa hokwan a na ɛbɛma watumi ahwɛ ne papa Yakob no, ɔmaa ne papa tu bɛtenaa baabi a na ɛbɛn no. Afei, Yosef maa ne papa baabi tenae, ɔmaa no aduan dii, na ɔbɔɔ ne ho ban.—Genesis 45:9-11; 47:11, 12.

  •   Rut tu kɔtenaa n’asebea kurow mu, na ɔyɛɛ adwumaden de hwɛɛ no.—Rut 1:16; 2:2, 17, 18, 23.

  •   Aka kakra ma Yesu awu no, ɔpaw obi sɛ ɔnhwɛ ne maame Maria. Saa bere no, ɛbɛyɛ sɛ na Maria yɛ okunafo.—Yohane 19:26, 27. a

 Mmofra a wɔanyinyin a wɔrehwɛ wɔn awofo a wɔn ani afi no, afotu bɛn na Bible de ma wɔn?

 Ɛtɔ da a, wɔn a wɔrehwɛ wɔn awofo a wɔn ani afi no fa ɔbrɛ mu, na ɛyɛ a wɔn ho tumi yeraw wɔn. Nanso afotu pii wɔ Bible mu a ebetumi aboa wɔn ma wɔagyina nsɛnnennen a ɛte saa ano.

  •   Di w’awofo ni.

      Nea Bible aka: “Di wo papa ne wo maame ni.”—Exodus 20:12.

     Yɛbɛyɛ dɛn de saa afotu yi ayɛ adwuma?: Ɛmfa ho sɛ wo na worehwɛ w’awofo no, sɛ woma wonya wɔn ho atwaye, na woma wɔpaw nneɛma bi a wɔn ani gye ho a, ɛkyerɛ sɛ woredi wɔn ni. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, ma wɔn ankasa nkyerɛ ɔkwan a wɔpɛ sɛ wofa so hwɛ wɔn no. Afei nso, ɛyɛ a fi wo pɛ mu yɛ nea wubetumi biara boa wɔn. Woyɛ saa a, ɛbɛkyerɛ sɛ woredi wɔn ni.

  •   Te wɔn ase, na mma nea wɔbɛyɛ nhaw wo pii.

     Nea Bible aka: “Onipa nhumu twentwɛn n’abufuw ase, na ɛyɛ anuonyam ma no sɛ obebu n’ani agu bɔne so.”—Mmebusɛm 19:11.

     Yɛbɛyɛ dɛn de saa afotu yi ayɛ adwuma?: Sɛ w’awofo a wɔn ani afi ne wo ankasa yiye anaa mmoa a wode ma wɔn no, wɔankyerɛ ho anisɔ mpo a, wubetumi abisa wo ho sɛ, ‘Sɛ me na mewɔ wɔn tebea yi mu a, anka mɛte nka sɛn?’ Sɛ wobɔ mmɔden te wɔn ase, na wamma nea wɔyɛ no anhaw wo pii a, ɛbɛboa na asɛm no ansɛe koraa.

  •   Hwehwɛ mmoa fi afoforo hɔ.

     Nea Bible aka: “Wɔkwati atirimsɛm a tirimbɔ yɛ ɔkwa, na agyinatufo dodow mu na ebegyina.”—Mmebusɛm 15:22.

     Yɛbɛyɛ dɛn de saa afotu yi ayɛ adwuma?: Sɛ yare bi reteetee wɔn a, yɛ yare no ho nhwehwɛmu na hwɛ sɛnea wubetumi aboa wɔn. Hwɛ mo mpɔtam hɔ hwɛ sɛ, wubenya nneɛma bi a wubetumi aboa wɔn anaa. Wubetumi ne wɔn a wɔahwɛ wɔn awofo a wɔn mfe akɔ anim no abɔ nkɔmmɔ. Sɛ wowɔ anuanom a, mubetumi ahyia asusuw ɔkwan a mobɛfa so ama mo awofo nsa aka nea wohia. Ɛsɛ sɛ mo mu biara hwɛ nea obetumi ayɛ de aboa, sɛnea ɛbɛyɛ a adesoa no nkɔtɔ ɔbaakofo so.

    Ɔkwan a mo abusua no pɛ sɛ wɔfa so hwɛ mo awofo a wɔn ani afi no, mubetumi ahyia asusuw ho.

  •   Brɛ wo ho ase.

     Nea Bible aka: “Ahobrɛasefo na nyansa ne wɔn te.”—Mmebusɛm 11:2.

     Yɛbɛyɛ dɛn de saa afotu yi ayɛ adwuma?: Hu nea wubetumi ayɛ ne nea worentumi nyɛ. Sɛ nhwɛso no, seesei obiara nni bere, na yɛn ahoɔden so tew ara na ɛretew. Wei nti, sɛ worehwɛ w’awofo a wɔn mfe akɔ anim a, kae sɛ ɛnyɛ biribiara na wubetumi ayɛ. Sɛ worehwɛ w’awofo a wɔn ani afi na wuhu sɛ ɛreyɛ agye wo nsam, anaa wuntumi mfa nea wɔpɛ nyinaa mma wɔn a, hwehwɛ mmoa fi abusuafo afoforo anaa obi a obetumi aboa hɔ.

  •   Nya bere ma wo ho.

     Nea Bible aka: “Onipa biara ntan n’ankasa honam da; mmom no ɔyɛn no na n’ani kũ ho.”—Efesofo 5:29.

     Yɛbɛyɛ dɛn de saa afotu yi ayɛ adwuma?: Ɛwom, ɛyɛ w’asɛde sɛ wohwɛ w’awofo, nanso kae sɛ, ɛsɛ sɛ wunya bere ma wo ho. Afei nso, sɛ woaware a, ɛsɛ sɛ wunya bere ma w’abusua. Ɛyɛ a didi yiye, gye w’ahome, na nya bere da. (Ɔsɛnkafo 4:6) Ɛwom ara a, gye bere fa dwudwo wo ho. Woyɛ saa a, ɛbɛma woanya ahoɔden a wode bɛhwɛ w’awofo a wɔn ani afi no.

 Bible ka sɛ ɛsɛ sɛ mmofra a wɔanyinyin ma wɔn awofo a wɔn ani afi tu bɛtena wɔn nkyɛn ma wɔhwɛ wɔn anaa?

 Akwankyerɛ pɔtee biara nni Bible mu a ɛkyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ mmofra a wɔanyinyin ma wɔn awofo a wɔn ani afi tu bɛtena wɔn nkyɛn ma wɔhwɛ wɔn. Mmusua bi tumi paw sɛ, sɛ ɛbɛyɛ yiye a, wɔbɛma wɔn awofo a wɔn ani afi abɛtena wɔn nkyɛn bere tenten bi. Ɛtɔ da nso a, mmofra a wɔanyinyin no bi te nka sɛ, sɛ wɔde wɔn awofo kɔ baabi a wɔhwɛ wɔn a wɔn ani afi a, ɛbɛboa. Abusua no betumi ahyia asusuw nea ɛbɛboa obiara ho.—Galatifo 6:4, 5.

a Bible ho nhoma bi kaa Yesu nhwɛso no ho asɛm sɛ: “Ebetumi aba sɛ, na Yosef [Maria Kunu] awu dedaadaw. Wei nti, Yesu na na ɔhwɛ ne maame. Yesu nso na na ɔrebewu yi. Ɛnde hena na na ɔbɛhwɛ Maria? . . . Kristo asɛm no yehu sɛ, ɛsɛ sɛ mmofra a wɔanyinyin hwɛ wɔn awofo a wɔn mfe akɔ anim no.”—The NIV Matthew Henry Commentary in One Volume, kratafa 428-429.