Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dɛn Na Bible Ka Fa Dinosaur Ho?

Dɛn Na Bible Ka Fa Dinosaur Ho?

Nea Bible ka

 Bible nhyɛ da nka mmoa a wɔfrɛ wɔn dinosaur ho asɛm. Nanso, Bible ma yehu sɛ Onyankopɔn na ‘ɔbɔɔ nneɛma nyinaa.’ Wei di adanse sɛ dinosaur ka nneɛma a Onyankopɔn bɔe no ho. a (Adiyisɛm 4:11) Ɛwom, Bible nka dinosaur ho asɛm pɔtee, nanso mmoa bi a Bible ka wɔn ho asɛm no, ɛbɛyɛ sɛ dinosaur ka ho. Saa mmoa no ne:

Mmoa bi na ɛdannan bɛyɛɛ dinosaur anaa?

 Nyansahufo kyerɛ sɛ, sɛ wɔhwɛ mmoa afunu ne nnompe a wɔahu no mu a, wohu sɛ mmoa yi baa prɛko pɛ, na ɛnyɛ sɛ aboa bi na ɔdannan bɛyɛɛ dinosaur. Wei ne Bible mu nsɛm hyia. Bible ka sɛ Onyankopɔn na ɔbɔɔ mmoa nyinaa. Sɛ nhwɛso no, Dwom 146:6 ka sɛ Onyankopɔn “na ɔyɛɛ ɔsoro ne asase, ɛpo ne nea ɛwom nyinaa.”

Bere bɛn na mmoa yi baa asase so?

 Bible ka sɛ adebɔ da a ɛto so nnum ne nsia mu na wɔbɔɔ ɛpo mu mmoa ne asase so mmoa. b (Genesis 1:20-25, 31) Wei nti, asɛm a Bible aka no di adanse sɛ bere a wɔbɔɔ mmoa a wɔfrɛ wɔn dinosaur yi akyɛ pa ara, na ɛkyɛe pa ara ansa na wɔn ase retɔre.

Dɛn na ɛtoo mmoa yi?

 Nea ɛyɛe a mmoa yi yera fii asase so no, Bible nka ho asɛm. Nanso, Bible ka sɛ ‘Onyankopɔn pɛ nti,’ na ɔbɔɔ nneɛma nyinaa. Wei nti, Onyankopɔn ammɔ mmoa a wɔfrɛ wɔn dinosaur no kwa, mmom biribi nti na ɔbɔɔ wɔn. (Adiyisɛm 4:11) Bere a nea enti a Onyankopɔn bɔɔ wɔn no baa awiei no, ɔmaa kwan ma wɔn ase tɔree.

a Mmoa afunu ne nnompe a nyansahufo ahu di adanse sɛ na mmoa bi wɔ hɔ a wɔfrɛ wɔn dinosaur. Nokwasɛm ne sɛ, mmoa afunu ne nnompe no ma yehu sɛ, bere bi na saa mmoa yi dɔɔso pa ara, na na wogu mu ahorow pii. Afei na ɛsono sɛnea wɔn mu biara kɛse te.

b Sɛ wɔde asɛmfua “da” yɛ adwuma wɔ Bible mu a, ebetumi akyerɛ mfe mpempem pii.​—Genesis 1:31; 2:1-4; Hebrifo 4:4, 11.