Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛ Obi Yi Nyinsɛn Gu a, Dɛn Na Bible Ka Fa Ho?

Sɛ Obi Yi Nyinsɛn Gu a, Dɛn Na Bible Ka Fa Ho?

Nea Bible ka

 Ɛwom, wohwɛ Bible mu a, worenhu ‘nnyinsɛn a woyi gu’ ho asɛm wom, nanso Bible mu nsɛm bi ma yehu sɛnea Onyankopɔn bu nnipa nkwa, a abofra a ɔhyɛ yafunu mu nso ka ho.

 Nkwa yɛ akyɛde a efi Onyankopɔn hɔ. (Genesis 9:6; Dwom 36:9) Obu nkwa sɛ biribi a ɛsom bo anaa ne bo yɛ den. Abofra a ɔhyɛ yafunu mu mpo nkwa som bo ma no paa. Enti sɛ obi hyɛ da kum abofra a ɔhyɛ yafunu mu a, ɛte sɛ nea wadi awu pɛpɛɛpɛ.

 Mmara a Onyankopɔn de maa Israelfo no mu no, ɔkae sɛ: “Sɛ mmarima bi reko na wɔkɔpem ɔpemfo ma abofra no fi ba nanso bɔne biara ansi a, ɛsɛ sɛ wogye no mpata biara a ɔbea no kunu bebisa. Na ontua mfa baguafo no so. Nanso sɛ bɔne bi si a, ɛnde ɔkra nsi ɔkra ananmu.”—Exodus 21:22, 23. a

 Bere bɛn na onipa nkwa fi ase?

 Sɛ ɔbea bi hu sɛ wanyinsɛn pɛ, Onyankopɔn bu no sɛ abofra no nkwa afi ase. Onyankopɔn ma yehu wɔ n’Asɛm Bible no mu sɛ, abofra a ɔhyɛ yafunu mu nso yɛ onipa. Wo de, ma yɛnhwɛ nhwɛso ahorow bi. Ɛbɛma yɛahu sɛ, sɛnea Onyankopɔn bu abofra a wɔawo no no, saa ara na obu nea ɔhyɛ yafunu mu nso.

  •   Onyankopɔn maa Ɔhene Dawid kaa sɛ: “Bere a meyɛ mogyatɔw mpo no, w’aniwa huu me.” (Dwom 139:16) Ɛwom, saa bere no na Dawid hyɛ yafunu mu, nanso Onyankopɔn ani so no, na ɛte sɛ nea Dawid te ase no.

  •   Bio nso, ansa na wɔrewo odiyifo Yeremia no, na Onyankopɔn nim sɛ daakye ɔbɛma no adwuma bi ayɛ. Enti Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ: “Bere a minnya nyɛɛ wo ɔyafunu mu no, na minim wo, na wunnya mfii awotwaa mu mmae no na metew wo ho. Mede wo yɛɛ odiyifo maa amanaman no.”—Yeremia 1:5.

  •   Afei nso, Hela asɛmfua a Bible kyerɛwfo Luka a na ɔyɛ oduruyɛfo no de dii dwuma bere a na ɔreka mmofra a wɔhyɛ yafunu mu ho asɛm no, ɛno ara na ɔde dii dwuma bere a na ɔreka wɔn a wɔawo wɔn foforo ho asɛm no.—Luka 1:41; 2:12, 16.

 Sɛ obi ayi nyinsɛn agu pɛn a, Onyankopɔn de bɛkyɛ no anaa?

 Sɛ obi ayi nyinsɛn agu pɛn a, Onyankopɔn betumi de ne bɔne akyɛ no. Adwene a Onyankopɔn wɔ wɔ nkwa ho no, sɛ wɔn nso nya bi a, ɛnsɛ sɛ wɔma nea wɔayɛ atwam no haw wɔn pii. “Yehowa yɛ mmɔborɔhunufo ne ɔdomfo . . . Sɛnea apuei ne atɔe ntam ware no,saa na wama yɛne yɛn mmarato ntam aware.” b (Dwom 103:8-12) Sɛ obi ayɛ bɔne bi pɛn anaa wayi nyinsɛn agu pɛn mpo na ofi ne koma mu nu ne ho a, Yehowa nso de ne bɔne bɛkyɛ no.—Dwom 86:5.

 Sɛ dɔkota ka kyerɛ ɔpemfo bi sɛ onyi ne nyinsɛn no ngu, anyɛ saa a, ɔno anaa ne ba no bewu na oyi gu a, ɛyɛ bɔne anaa?

 Sɛ yɛhwɛ nea Bible ka fa abofra a ɔhyɛ yafunu mu nkwa ho a, ɛma yehu sɛ, sɛ ɛkɔba sɛ ɔbea no anaa abofra no nkwa da asiane mu mpo a, obi rennyina ɛno so nyi ne nyinsɛn no ngu.

 Sɛ ɔbaa bi kɔ awo so na sɛ ɔne abofra no nyinaa gyina owu ne nkwa nkwanta a, awarefo no na ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ nea wonnye no nkwa. Nea yɛreka yi mpo, ɛntaa nsi.

a Sɛ Bible nkyerɛase ahorow bi reka mmara yi a Onyankopɔn de maa Israelfo yi ho asɛm a, wɔka no te sɛ nea maame no nkwa paa na ɛho hia. Nanso Hebri kasa a wɔde kyerɛw saa asɛm no ma yehu sɛ, saa asɛm no fa biribiara a ɛbɛma maame no anaa abofra a ɔhyɛ yafunu mu no apira anaa wawu ho.

b Bible ma yehu sɛ Onyankopɔn din de Yehowa.—Dwom 83:18.