Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Onyankopɔn Wɔ Din?

So Onyankopɔn Wɔ Din?

Nea Bible ka

 Onipa biara wɔ din. Enti wonnye nni sɛ Onyankopɔn nso bɛwɔ din? Sɛ nnipa mmienu bɛtumi afa adamfoɔ a, adeɛ baako a ɛho hia paa ne sɛ wɔn mu biara bɛhu ne yɔnko din na ɔde afrɛ no. Onyankopɔn nso ɛ? Sɛ yɛbɛtumi afa no adamfoɔ a, wonnye nni sɛ ɛsɛ sɛ yɛdi kan hu ne din?

 Onyankopɔn aka wɔ Bible mu sɛ: “Mene Yehowa; me din ne no.” (Yesaia 42:8) Onyankopɔn wɔ abodin pii te sɛ, “Adeɛ nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn,” “Awurade Tumfoɔ,” ne “Ɔbɔadeɛ.” Nanso waka akyerɛ n’asomfoɔ sɛ wɔmfa ne din ankasa mfrɛ no. Ɛno kyerɛ sɛ ɔdi wɔn ni.​—Genesis 17:1; Asomafoɔ Nnwuma 4:24; 1 Petro 4:19.

 Sɛ wohwɛ Bible dodoɔ no ara mu a, wobɛhu Onyankopɔn din wɔ Exodus 6:3. Ɛhɔ kenkan sɛ: “Meyii me ho adi kyerɛɛ Abraham, Isak, ne Yakob sɛ adeɛ nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn, nanso me din Yehowa no deɛ, mamma wɔamfa anhu me.”

 Bɛboro mfie ɔha ni a wɔhyɛɛ ase twerɛɛ Onyankopɔn din “Yehowa” wɔ Twi mu. Nhomanimfoɔ binom ka sɛ ɛsɛ sɛ yɛtwerɛ Onyankopɔn din no “Yahwe.” Nanso sɛ nnipa pii no ara retwerɛ Onyankopɔn din no a, wɔtwerɛ no “Yehowa.” Ɛnyɛ Twi na wɔde twerɛɛ Bible no fã a wɔfrɛ no ‘Apam Dada’ no, na mmom Hebri. Hebri yɛ kasa a wɔkenkan fi nifa de kɔ benkum. Wɔde anom ntwerɛdeɛ nnan a ɛne יהוה na ɛgyina hɔ ma Onyankopɔn din wɔ Hebri mu. Wotwerɛ no sɛnea yɛtwerɛ adeɛ nnɛ no a, ɛyɛ YHWH. Wɔfrɛ saa anom ntwerɛdeɛ nnan yi Tetragrammaton.