Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yesu​—Ná Ɔyɛ Onipa Pa Bi Kɛkɛ?

Yesu​—Ná Ɔyɛ Onipa Pa Bi Kɛkɛ?

Nea Bible ka

 Ná Yesu nyɛ onipa pa kɛkɛ. Sɛ yɛreka paa a, onipa biara nni hɔ a n’abrabɔ ne ne nneyɛe aka nnipa nyinaa sɛ Yesu. Abakɔsɛm akyerɛwfo ne akyerɛwfo foforo a wɔagye din aka Yesu ho asɛm. Nea wɔkae no bi ni:

 “Yesu a ofi Nasaret . . . yɛ obi a wɔnim no yiye sen obiara wɔ abakɔsɛm mu.”​—H. G. Wells, England abakɔsɛm kyerɛwfo.

 “Onipa biara nni hɔ a n’abrabɔ aka nnipa asetena na ɛda so ara ka yɛn asetena te sɛ [Yesu].”​—Kenneth Scott Latourette, Amerikani abakɔsɛm kyerɛwfo ne nhomakyerɛwfo.

 Bible kyerɛ yɛn nea enti a Yesu sen onipa pa biara a watena ase pɛn. Yesu bisaa n’asuafo a wɔbɛn no paa no asɛm bi. Ɔbisaa wɔn sɛ, sɛ wɔhwɛ a, ɔyɛ hena? Wɔn mu baako maa mmuae a ɛyɛ nokware sɛ: “Wone Kristo no, Onyankopɔn teasefo no Ba.”​—Mateo 16:16.