Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐMMISA 14

Wobɛyɛ Dɛn Ahwɛ Nea Wowɔ So Yiye?

“Nea ɔpɛ anigye no, ebehia no; na nea ɔpɛ nsã na n’ani gye ngo ho no, ɔrennya sika.”

Mmebusɛm 21:17

“Nea ogye bosea no, ɔyɛ akoa ma nea ɔbɔɔ no bosea no.”

Mmebusɛm 22:7

“Mo mu hena na ɔpɛ sɛ osi abantenten a onni kan ntena ase nsese nhwɛ sɛ ɔwɔ nea ɔde bewie? Anyɛ saa a, ɔbɛto fapem no, nanso ɔrentumi nwie, na wɔn a wɔn ani tua nyinaa befi ase adi ne ho fɛw, na wɔbɛka sɛ: ‘Onipa yi fii ase sii, nanso wantumi anwie.’”

Luka 14:28-30

“Bere a wodidi mee no, ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: ‘Mommoaboa nea aka ase no ano, na biribiara ansɛe kwa.’”

Yohane 6:12