Momfa Nkyerɛkyerɛ Mo Mma

Awofo, momfa nsɛm yi nkyerɛkyerɛ mo mma ma wonhu Bible mu nsɛm a mfaso wɔ so.

LESSON 1

Ahintasɛm Bi a Yɛn Ani Gye Ho sɛ Yebehu

Bible ka ahintasɛm soronko bi ho asɛm. Wɔfrɛ no “ahintasɛm kronkron.” So wopɛ sɛ wusua ho ade?

LESSON 2

Ná Rebeka Pɛ sɛ Ɔma Yehowa Ani Gye

Dɛn na yebetumi ayɛ de asuasua Rebeka? Kenkan ne ho asɛm, na sua ne ho ade pii.

LESSON 3

Rahab Nyaa Yehowa Mu Gyidi

Sua sɛnea wogyee Rahab ne ne fiefo nkwa bere a wɔsɛee Yeriko no ho ade.

LESSON 4

Ɔmaa Ne Papa ne Yehowa Ani Gyei

Ɛbɔ bɛn na Yefta babea no dii so? Dɛn na yebetumi ayɛ de asuasua no?

LESSON 5

Samuel Kɔɔ so Yɛɛ Nneɛma Pa

Dɛn na wubetumi ayɛ de asuasua Samuel na woayɛ nneɛma pa bere a nnipa binom reyɛ nneɛma bɔne?

LESSON 6

Dawid Ansuro

Kenkan Bible mu asɛm a ɛyɛ anigye yi na hu nea ɛmaa Dawid nyaa akokoduru a ɛte saa.

LESSON 7

So Ɛyɛ a Wote Nka sɛ Aka Wo Nko Ara Ma Ehu Ka Wo?

Asɛm bɛn na Yehowa ka kyerɛɛ Elia bere a ɔtee nka sɛ aka ɔno nko ara no? Dɛn na wubetumi asua afi asɛm a ɛtoo Elia no mu?

LESSON 8

Yosia Nyaa Nnamfo Pa

Bible ka sɛ, na ɛyɛ den paa ma Yosia sɛ ɔbɛyɛ nneɛma pa. Sua sɛnea ne nnamfo boaa no ho ade.

LESSON 9

Yeremia Annyae Yehowa Ho Asɛm Ka

Ɛwom sɛ nkurɔfo dii Yeremia ho fɛw na wɔn bo fuw no de, nanso dɛn nti na wannyae Onyankopɔn ho asɛm ka?

LESSON 10

Yesu Yɛɛ Osetie Bere Nyinaa

Ɛnyɛ mmerɛw bere nyinaa sɛ wubetie w’awofo asɛm. Sua sɛnea Yesu nhwɛso no betumi aboa wo no ho ade.

LESSON 11

Wɔkyerɛw Yesu Ho Nsɛm

Sua Bible akyerɛwfo baawɔtwe a wɔtenaa ase bere a na Yesu wɔ asase so, na wɔkyerɛw n’asetena ho nsɛm no ho ade.

LESSON 12

Ná Paulo Wɔfase no Wɔ Akokoduru

Saa aberante yi gyee ne wɔfa nkwa. Dɛn na ɔyɛe?

LESSON 13

Ná Timoteo Pɛ sɛ Ɔboa Nkurɔfo

Dɛn na woyɛ a, ɛbɛma w’ani agye wɔ w’asetena mu te sɛ Timoteo?

LESSON 14

Ahenni a Ebedi Asase Nyinaa So

Sɛ Yesu redi asase so hene a, dɛn na ɛbɛba asase so? So wopɛ sɛ wokɔ hɔ bi?