Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TheCrimsonMonkey/E+ via Getty Images

Ɔdomankoma Agyapade a Ɛresɛe No Akɔfa Ɔhaw Pii Aba—Dɛn Na Onyankopɔn Ahenni Bɛyɛ Afa Ho?

Ɔdomankoma Agyapade a Ɛresɛe No Akɔfa Ɔhaw Pii Aba—Dɛn Na Onyankopɔn Ahenni Bɛyɛ Afa Ho?

 “Nnansa yi, nea yɛte ho ne sɛ, ɛreyɛ ara ni na mframa dennen bi abɔ; ɛreyɛ ara ni na osubrane bi atɔ. Ɛba saa a, na nkurɔfo afie ne wɔn nnwuma nyinaa asɛe. Saa ade yi, ɛrekɔ so wɔ wiase nyinaa. Ɛpo nso, yɛ ara na emu reyɛ hyew, na anhwɛ a, ebetumi ama mmoa ne nnua a ɛwom no awuwu. Nneɛma a ɛrekɔ so yi resɛe nkurow, na ama nnipa ne mmoa nyinaa adi amia.”—Inger Andersen na ɔde asɛm yi too gua July 25, 2023. Mpanyimfo a ɛdeda nnwuma ano wɔ Amanaman Nkabom no mu no, ɔka ho; afei nso Amanaman Nkabom no nkorabata a ɛhwɛ ɔdomankoma agyapade so no, ɔno ara na ɔda ano.

 Ɔdomankoma agyapade a ɛresɛe wɔ wiase baabiara yi, wohwɛ a, aman mpanyimfo betumi aka wɔn ho abom ayɛ ho biribi? Wohwɛ a, wɔbetumi atu ɔhaw no ase koraa?

 Bible ma yehu sɛ, ɔdomankoma agyapade a ɛresɛe no, aban bi wɔ hɔ a ebetumi ayɛ no yiye, na ɛbɛyɛ nso. Ɛka sɛ, “ɔsoro Nyankopɔn no de ahenni bi bɛba.” Saa ahenni no, ɛyɛ aban a ebedi wiase nyinaa so, na ebeyi nnipa haw nyinaa afi hɔ. (Daniel 2:44) Saa aban no ba a, nnipa ‘renyɛ bɔne, na wɔrensɛe ade bio,’ kyerɛ sɛ, obiara renyɛ ne yɔnko bɔne, na obiara nso rensɛe asaase.—Yesaia 11:9.