Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

FPG/The Image Bank via Getty Images

MONKƆ SO NWƐN!

Amanyɔfo Rebɔ Nkurɔfo Kɔkɔ Sɛ Ɛrenkyɛ Armagedon Bɛba—Dɛn Na Bible Ka Fa Ho?

Amanyɔfo Rebɔ Nkurɔfo Kɔkɔ Sɛ Ɛrenkyɛ Armagedon Bɛba—Dɛn Na Bible Ka Fa Ho?

 Dwoda anɔpa, October 10, 2022 no, Russiafo totoo atopae kɔsɛee nkurow ahorow bi a ɛwɔ Ukraine. Nea enti a wɔyɛɛ saa ne sɛ, October 8, 2022 no, Ukrainefo too topae bi kɔsɛee ɛtwene anaa bridge bi a ɛda Crimea ne Russia ntam. Ná amanyɔfo bi de ato gua sɛ ɛrenkyɛ Armagedon bɛba. Wɔkaa saa no, ankyɛ biara na saa nsɛm no sisii.

  •   “Bere bi a atwam no, kan U.S. mampanyin John F. Kennedy ne Soviet Union no totoo atopae menamenaa wɔn ho de dii ako. Saa bere no, na ɛyɛ yɛn sɛ Armagedon rebɛba, nanso amma. Efi saa bere no besi nnɛ, biribi saa nsii bio. Nea mahu ne sɛ, sɛ yɛde nuklea atopae di ako nko ara de a, ɛbɛkɔ akɔfa Armagedon aba.”—U.S. Mampanyin Joe Biden, October 6, 2022.

  •   Bere a wɔbisaa Ukraine Mampanyin a yɛfrɛ no Volodymyr Zelensky sɛ, ɔhaw bɛn na nuklea atopae a wɔde di ako betumi akɔfa aba no, ɔkaa sɛ, “Mihu no sɛ ɛde Armagedon bɛba na ɛde obiara a ɔte asaase so nkwa bɛto asiane mu.”—BBC Amanneɛbɔ, October 8, 2022.

 Nuklea akode a aman bi pɛ sɛ wɔde di ako no, ɛbɛkɔ akɔwie Armagedon anaa? Dɛn na Bible ka?

Nuklea akode a aman bi pɛ sɛ wɔde yɛ adwuma no bɛkɔ akowie Armagedon anaa?

 Daabi. Sɛ wohwɛ Bible mu nyinaa a, wubehu sɛ asɛmfua “Armagedon” pue mu baako pɛ. Ɛwɔ Adiyisɛm 16:16. Saa kyerɛwsɛm no ma yehu sɛ, ɛyɛ ɛko a ɛbɛkɔ so wɔ Onyankopɔn ne “asaase nyinaa so ahemfo” no ntam, na ɛnyɛ aman ahorow ntam. (Adiyisɛm 16:14) Onyankopɔn bɛfa Armagedon ko no so ama nnipa amammu aba awiei.—Daniel 2:44.

 Sɛ Armagedon ba a, asaase so bɛyɛ sɛn, na sɛn na nnipa benya so mfaso? Sɛ wopɛ sɛ wuhu wei ho nsɛm pii a, kenkan asɛm a yɛato din Dɛn Ne Armagedon Ko No?

Nuklea ko na ɛbɛsɛe asaase yi ne nnipa a ɛwɔ so no anaa?

 Daabi. Ɛwom, ebia nnipa atumfoɔ bɛyɛ wɔn adwene sɛ wɔde nuklea akode bedi ako daakye, nanso Onyankopɔn remma kwan mma wɔnsɛe asaase no. Bible no ka sɛ:

  •   “Asaase de, ɛwɔ hɔ daa.”—Ɔsɛnkafo 1:4.

  •   “Atreneefo na asaase no bɛyɛ wɔn dea, na wɔbɛtena so daa.”—Dwom 37:29.

 Nanso, Bible nkɔmhyɛ ne nsɛm a ɛrekɔ so nnansa yi no ma yehu sɛ ɛrenkyɛ nneɛma rebɛsesa koraa wɔ asaase so. (Mateo 24:3-7; 2 Timoteo 3:1-5) Sɛ wopɛ sɛ wuhu nea Bible no ka fa yɛn daakye ho a, ma obi ne wo mmesua Bible a worentua hwee.