Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

SƐNEA YƐDE NTOBOA A WUYI NO DI DWUMA

Wɔasoma Asɛmpatrɛwfo Kɔ ‘Asaase Ano Nohoa’

Wɔasoma Asɛmpatrɛwfo Kɔ ‘Asaase Ano Nohoa’

JUNE 1, 2021

 Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo sɛ: ‘Mobɛyɛ m’adansefo de akɔ asaase ano nohoa.’ (Asomafo Nnwuma 1:8) Ɛnnɛ Yehowa Adansefo de ahokeka reyɛ saa adwuma no. Nanso ɛnyɛ asaase so baabiara na yɛatumi adi adanse fekɔfekɔ. Nkurow akɛse a emu nnipa dɔɔso mpo, ebi wɔ hɔ a yentumi nnii adanse nkɔɔ akyiri wɔ hɔ, na aman bi nso wɔ hɔ a, wode nnipa dodow a ɛwɔ hɔ no toto Adansefo no ho a, Adansefo no sua koraa. (Mateo 9:37, 38) Nhyehyɛe bɛn na yɛde agu akwan mu a ɛbɛma yɛatumi adi nnipa pii adanse?

 Nea ɛbɛboa na yɛatumi adi Yesu ahyɛde no so no, Ɔsom Boayikuw a Ɛhyɛ Yehowa Adansefo Akwankyerɛ Kuw No Ase de asɛmpatrɛwfo kɔ mmeae a mmoa ho hia wɔ wiase nyinaa. Seesei yɛwɔ asɛmpatrɛwfo 3,090 wɔ wiase nyinaa. a Wɔn mu fã kɛse no ara akɔ Bible sukuu bi te sɛ Ahenni Asɛmpakafo Sukuu akogye ntetee. Ɛnhaw asɛmpatrɛwfo no koraa sɛ wobetu afi wɔn kurom akɔtena obi man so. Asɛmpatrɛwfo anokwafo yi ahokokwaw, wɔn ntetee, ne wɔn suahu aboa ama asɛmpa no atrɛw, na wɔatwa sa pa nso ato hɔ ama anuanom a wɔaba asafo no mu foforo.

Asɛmpatrɛwfo boa ma wɔka asɛmpa no wɔ baabi a wohia Adansefo pii

Yɛboa Asɛmpatrɛwfo Ma Wɔboa Afoforo

 Ɔsom Dwumadibea No Nkorabata a Ɛhwɛ Asɛmpakafo Titiriw So no ne Baa Boayikuw no bom yɛ adwuma hwɛ sɛ asɛmpatrɛwfo nsa bɛka nea wohia. Wɔhwɛ ma wonya baabi kakra a wɔde wɔn ti bɛto, wɔhwɛ wɔn apɔwmuden ho nsɛm, na wɔma wɔn sika kakra a wɔde betwitwa wɔn ho. Afe 2020 ɔsom afe no mu no, sika a Yehowa Adansefo de hwɛɛ asɛmpatrɛwfo no rekɔ Amerika dɔla ɔpepem 27. Nhyehyɛe yi a asafo no de agu akwan mu nti, asɛmpatrɛwfo no tumi de wɔn adwene si asɛnka adwuma no so yɛ no denneennen, na wɔhyɛ asafo a wɔwom no den.

Asɛmpatrɛwfo boa ma asafo ahorow no yɛ den

 Adwuma a asɛmpatrɛwfo no reyɛ no, sɛn na aboa asɛnka adwuma no? Onua Frank Madsen a ɔka Malawi Baa Boayikuw no ho kaa sɛ: “Asɛmpatrɛwfo wɔ akokoduru na wɔn ho akokwaw, enti wɔaboa asafo ahorow no ama wɔatumi aka asɛmpa no wɔ nsaasesin a na ɛyɛ den sɛ wɔbɛyɛ mu adwuma mu. Saa mmeae no bi ne baabi a wɔagye ho ban de apon akɛse atoto ano, ne mmeae a wɔka aman foforo so kasa. Ade foforo nso a wɔyɛ ne sɛ, wɔyere wɔn ho sua baabi a wɔwɔ no kasa ne ɛhɔ amammerɛ, na ɛma anuanom hwɛ wɔn sua wɔn. Wɔn nhwɛso pa no nti, mmerante ne mmabaa ani abegye ho sɛ wɔbɛyɛ bere nyinaa som adwuma no bi. Yɛda Yehowa ase sɛ wama yɛn asɛmpatrɛwfo.”

Onua bi a ɔwɔ ɔman foforo so a ɔka Baa Boayikuw no ho kaa sɛ:  “Sɛnea asɛmpatrɛwfo no yɛ wɔn ade no ma yehu sɛ ampa Yehowa nkurɔfo yɛ baako wɔ wiase baabiara. Wɔn a wɔnyɛ Yehowa Adansefo mpo tumi hu paa sɛ yɛn de, yɛmma baabi a obi fi nkyekyɛ yɛn mu, na mmom Bible nkyerɛkyerɛ aka yɛn abom.”

 Dɛn na asɛmpatrɛwfo yɛ de boa anuanom wɔ baabi a wɔsom no? Onua bi a wɔfrɛ no Paulo fi Timor-Leste, na asɛmpatrɛwfo a wɔwɔ n’asafo mu no, onsi wɔn fam koraa. Ɔkaa sɛ: “Yɛn kurom ha yɛ hyew papaapa. Baabi a asɛmpatrɛwfo no fi baa ha nso, ɛhɔ yɛ nwini, nanso wɔmma ɛha hyew no nka wɔn asɛnka. Asɛnka nhyiam a yɛyɛ no anɔpa no, ebiara mpa wɔn ti so. Metaa hu wɔn sɛ wɔreyɛ sankɔhwɛ awia ketekete a wim yɛ hyew paa, ne anwummere anwummere. Wɔaboa nkurɔfo bebree ama wɔabehu nokware no, na me koraa meka ho bi. Wɔayi wɔn yam de wɔn biribiara resom Yehowa, na nsi ne ahokeka a wɔwɔ no apusuw asafo no nyinaa ama wɔn nso reyere wɔn ho wɔ Yehowa som mu.”

 Onuawa kwampaefo bi a wɔfrɛ no Ketti wɔ Malawi, na ɔkaa sɛnea awarefo bi a wɔyɛ asɛmpatrɛwfo boaa n’abusua. Ɔkaa sɛ: “Bere a wɔde awarefo bi a wɔyɛ asɛmpatrɛwfo baa yɛn asafo mu no, me nko ara na na meyɛ Ɔdanseni wɔ m’abusua mu. Nanso awarefo no boaa me yiye, na wɔne yɛn abusua no bɛyɛɛ nnamfo paa. Nhwɛso pa a wɔyɛe no boaa me mma no ma wohui sɛ, sɛ obi som Yehowa a, ɛma n’ani gye, na ne koma tɔ ne yam. Ɛsa pa a asɛmpatrɛwfo no twae nti, seesei me mma mmea mmiɛnsa no yɛ daa akwampaefo, na me kunu nso afi ase reba asafo nhyiam.”

 Ɛhe na yenya sika de hwɛ asɛmpatrɛwfo? Nnipa pii fa akwan a yɛakyerɛ sɛ wɔmfa so wɔ donate.dan124.com so no yi ntoboa de boa wiase nyinaa som adwuma no. Ntoboa a anuanom fi wɔn komam yi no, yɛn ani sɔ paa.

a Asɛmpatrɛwfo yi, asafo a wohia mmoa wɔ asɛnka adwuma mu no, ɛhɔ na wɔde wɔn kɔ. Ɛno da nkyɛn a, yɛwɔ asɛmpatrɛwfo 1,001 nso a wɔreyɛ ɔmansin adwuma.