Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wɔakyerɛw edin Tattannu agu dɔte pon yi nkyɛn baabi

Adanse Foforo Bi Ni

Adanse Foforo Bi Ni

Wɔn a wotutu fam hwehwɛ tete nneɛma mu no, wɔanya adanse bi a ɛfoa Bible so anaa? Afe 2014 mu no, nhoma bi bisaa asɛm bi sɛ: “Nnipa dodow sɛn na wɔwɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu a fam tutufo adi wɔn ho adanse sɛ wɔtenaa ase ampa?” Mmuae a nhoma no de mae ne sɛ: “Anyɛ yiye koraa no, 50!” (Biblical Archaeology Review) Onipa baako a na ne din nka nnipa 50 no ho ne Tatenai. Ná ɔyɛ onipa bɛn? Bible anka ne ho asɛm pii. Yɛnkɔhwɛ nea ɔyɛe.

Bere bi a atwam no, na Yerusalem ka Persia Ahemman kɛse no ho. Ná Yerusalem da Eufrate asubɔnten no atɔe fam, enti Persiafo no frɛɛ hɔ Asubɔnten no Agya. Bere a Persiafo dii Babilonfo so nkonim no, Persiafo no gyaee Yudafo a wɔafa wɔn nnommum no, na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wonkosi Yehowa asɔrefie wɔ Yerusalem. (Esra 1:1-4) Nanso Yudafo atamfo sɔre tiaa adansi adwuma no, na wogyinaa so bɔɔ Yudafo no sobo sɛ wɔreyɛ Persia Ahemman no so asoɔden. (Esra 4:4-16) Bere a na Dario I (522-486 A.Y.B.) redi ade no, Persiani amrado bi a yɛfrɛ no Tatenai dii anim ma wɔkɔyɛɛ asɛm no mu nhwehwɛmu. Bible frɛ Tatenai sɛ “asubɔnten kɛse no agya amrado.”—Esra 5:3-7.

Fam tutufo huu nneɛma bi a ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ abusua bi agyapade a wɔakora so. Ná dɔte apon (cuneiform) pii wɔ nneɛma no mu a edin Tatenai wɔ so. Dɔte apon yi mu baako ma yehu sɛ, edin Tatenai no, ɛyɛ nea ɛwɔ Bible mu no ara. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, wɔakyerɛw so sɛ wontua sika bi mma obi. Date a wɔabɔ wɔ so no kyerɛ sɛ ɛyɛ Dario I ahenni afe a ɛto so 20, anaa afe 502 A.Y.B. Ɛwɔ dɔte pon no so sɛ, nea ɔde ne nsa hyɛɛ saa asɛm no ase de dii ho adanse no, ɔyɛ akoa a na ɔsom “Tattannu, Asubɔnten no Agya hempɔn” no. Ɔno ara ne Tatenai a Bible kaa ne ho asɛm wɔ Esra nhoma no mu no.

Adwuma bɛn na na Tatenai yɛ? Afe 535 A.Y.B. no, Kores Ɔkɛse no kyekyɛɛ ne nsase mu yɛɛ no amantam, na na wɔfrɛ baako Babilon ne Asubɔnten no Agya. Akyiri yi wɔkyɛɛ saa ɔmantam yi mu mmienu, na wɔfrɛɛ baako Asubɔnten no Agya. Nkurow a na ɛwɔ saa ɔmantam yi mu ne Coele-Siria, Foinike, Samaria, ne Yuda. Tatenai na odii ɔmantam yi so fi bɛyɛ afe 520 kosi 502 A.Y.B. Ɛkame ayɛ sɛ Damasko na na ofi di tumi.

Bere a wɔbɔɔ Yudafo no sobo sɛ wɔayɛ Persia so asoɔden no, Tatenai tuu kwan kɔɔ Yerusalem kɔhwehwɛɛ asɛm no mu. Akyiri yi, ɔde amanneɛbɔ brɛɛ Dario sɛ, Yudafo no se Kores na ɔmaa wɔn kwan sɛ wonsi Yehowa asɔrefie no. Wɔhwehwɛɛ ahemfie hɔ kyerɛwtohɔ ahorow mu, na wohuu sɛ asɛm no yɛ nokware. (Esra 5:6, 7, 11-13; 6:1-3) Ɔhene Dario de ahyɛde kɔmaa Tatenai sɛ onnyae wɔn mma wɔnyɛ wɔn adwuma, na otiei.—Esra 6:6, 7, 13.

Yebetumi aka no pen sɛ, “asubɔnten kɛse no agya amrado Tatenai” anyɛ biribi kɛse biara wɔ abakɔsɛm mu. Nanso hyɛ no nsow sɛ, Bible abɔ ne din. Afei n’abodin a na ɛda ne so nso, Bible abɔ no pɛpɛɛpɛ. Fam tutufo taa nya adanse a ɛkyerɛ sɛ abakɔsɛm a ɛwɔ Bible mu yɛ nokware. Wei nso yɛ adanse foforo.