Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASETENAM NSƐM

Masi Me Bo sɛ Mɛyɛ Kristo Sraani

Masi Me Bo sɛ Mɛyɛ Kristo Sraani

Ná asraafo retotow tuo ba baabi a mehyɛ no. Enti memaa duku fitaa so kɔɔ soro brɛoo. Asraafo a na wɔretoto tuo no teɛɛm sɛ mimpue mfi baabi a na makohintaw no. Meyɛɛ nkakrankakra bɛn wɔn. Merekɔ nyinaa, na minnim sɛ wobekum me anaa wɔbɛma matena nkwa mu. Ɛyɛɛ dɛn na mekɔɔ saa ɔhaw yi mu?

WƆWOO me afe 1926 wɔ akuraa ketewaa bi a wɔfrɛ no Karítsa ase wɔ Greece. M’awofo mma baawɔtwe no, me na na metɔ so nson. Ná m’awofo yɛ adwumaden ankasa.

Bɛyɛ afe ansa na wɔrewo me no, m’awofo hyiaa John Papparizos. Ná ɔyɛ Bible Suani a ɔyɛ nsi na ɔpɛ kasa paa. Saa bere no, na edin a wɔde frɛ Yehowa Adansefo ne Bible Asuafo. M’awofo ani gyee sɛnea na John kyerɛkyerɛ Kyerɛwnsɛm no mu ma ɛtɔ asom no ho. Enti wofii ase kɔɔ Bible Asuafo no nhyiam wɔ yɛn akuraa no ase. Ná me maame wɔ Yehowa Nyankopɔn mu gyidi paa. Ɛmfa ho sɛ na onnim akenkan ne akyerɛw no, bere biara a onyaa hokwan a ɛfata no, ɔkaa ne gyidi ho asɛm kyerɛɛ afoforo. Awerɛhosɛm ne sɛ, me papa de, ɔde n’adwene sii afoforo sintɔ ahorow so ma enti nkakrankakra ogyaee Kristofo nhyiam no kɔ.

Ná me ne me nuanom ani gye Bible ho paa. Nanso, bere a na yɛrenyin no, anigyede twetwee yɛn adwene. Afei, bere a na Wiase Ko II rekɔ so wɔ Europa wɔ afe 1939 no, asɛm bi sii wɔ yɛn akuraa no ase a epusuw yɛn paa. Ná Nicolas Psarras yɛ Ɔdansefo a wabɔ asu foforo. Ná ɔyɛ yɛn busuani a ɔne yɛn te borɔn baako so. Wɔka kyerɛɛ no sɛ ɔnkɔka Greece asraafo ho. Nicolas a na wadi mfe 20 no de akokoduru ka kyerɛɛ asraafo mpanyimfo no sɛ: “Merentumi nkɔ ɔko no efisɛ meyɛ Kristo sraani.” Wodii n’asɛm wɔ asraafo asɛnnibea, na wɔde no too afiase mfe du. Nea ɛkɔɔ so no maa yɛn ho dwiriw yɛn paa!

Nea ɛyɛ anigye ne sɛ, afe 1941 mfiase, bere a Britain asraafo ne asraafo foforo baa Greece bere tiaa bi no, woyii Nicolas fii afiase. Ɔsan baa Karítsa, na me nuabarima panyin a wɔfrɛ no Ilias de Bible mu nsɛmmisa bebree puapuaa no. Me nso meyɛɛ aso tiee no. Ɛno akyi no, Adansefo no ne me, Ilias, ne yɛn nuabea kumaa Efmorfia fii ase suaa Bible no, na na yɛkɔ wɔn asafo nhyiam no bi daa. Afe a edi hɔ no, yɛn baasa nyinaa hyiraa yɛn ho so maa Yehowa, na wɔbɔɔ yɛn asu. Akyiri yi, yɛn nuanom mmea baanan nso bɛyɛɛ Adansefo anokwafo.

Afe 1942 no, na mmerante ne mmabaa baakron a na yɛadi fi mfe 15 kosi 25 na yɛwɔ Karítsa Asafo no mu. Ná yɛn nyinaa nim sɛ sɔhwɛ ahorow a ano yɛ den da yɛn anim. Ɛno nti, nea ɛbɛyɛ na yɛahyɛ yɛn gyidi den no, bere biara a ɛbɛyɛ yiye no, na yehyiam sua Bible. Afei nso, na yɛto honhom mu nnwom, na na yɛbɔ mpae nso. Wei nti, yɛn gyidi bɛyɛɛ den paa.

Demetrius ne ne nnamfo wɔ Karítsa

ƆMANKO

Bere a na Wiase Ko II no reba awiei no, komunisfo a wɔwɔ Greece no sɔre tiaa Greece aban no. Wei de ɔmanko bi a ɛyɛ hu bae. Komunisfo a na wɔreko tia aban no kyinkyin nkuraase, na wɔhyɛɛ nkuraa no asefo sɛ wɔmmɛka wɔn ho. Bere a wɔbɔ wuraa yɛn akuraa no ase no, wɔkyeree Adansefo mmerante baasa; Antonio Tsoukaris, Ilias, ne me. Yɛsrɛɛ wɔn sɛ yɛyɛ Kristofo, enti yɛnkɔ ɔko. Nanso, wɔhyɛɛ yɛn ma yɛnantew kɔɔ Bepɔw Olympus ho. Yɛde nnɔnhwerew 12 na etwaa kwan fii yɛn akuraa no ase koduu hɔ.

Ɛno akyi bere tiaa bi no, komunisfo no panyin baako hyɛɛ yɛn sɛ yɛnkɔka asraafo atuatewfo no bi ho. Bere a yɛkyerɛkyerɛɛ mu sɛ nokware Kristofo ntumi mfa akode nkokunkum wɔn yɔnko nnipa no, ɔsraani panyin no bo fuwii, na ɔtwee yɛn de yɛn kɔɔ ɔsahene bi anim. Bere a yɛkaa asɛm koro no ara kyerɛɛ ɔsahene no, ɔkae sɛ, “Ɛnde momfa afurum na montwe wɔn a wɔapirapira no mfi akono nkɔ ayaresabea.”

Yebuae sɛ, “Na sɛ aban no asraafo kyere yɛn nso ɛ? So wɔn adwene renyɛ wɔn sɛ yɛka asraafo a wɔreko tia aban no ho anaa?” Afei ɔsahene no kae sɛ, “Sɛ saa a, ɛnde momfa paanoo nkɔma wɔn a wɔwɔ akono no.” Yɛsan kae sɛ, “Na sɛ ɔsraani panyin bi hu yɛne afurum no, na ɔka sɛ yɛmfa akode nkɔma wɔn a wɔwɔ akono no nso ɛ?” Ɔsahene no susuw asɛm no ho kɔɔ akyiri. Awiei koraa no, ɔkae sɛ: “Minim sɛ nguan de, mubetumi ahwɛ wɔn! Enti montena bepɔw no so na monhwɛ nguan no.”

Ne saa nti, bere a na ɔmanko no rekɔ so no, yɛn baasa nyinaa tee nka sɛ ɛrenhaw yɛn ahonim sɛ yɛbɛhwɛ nguan no, na yɛyɛɛ saa. Afe baako akyi no, wɔmaa Ilias a na ɔyɛ me maame babarima panyin no kɔɔ fie kɔhwɛɛ me maame a na wabɛyɛ okunafo no. Antonio nso yaree, enti wogyaa no. Nanso me de, wɔannyae me.

Saa bere no nyinaa, na Greece asraafo no rebɛn komunisfo asraafo no nkakrankakra. Atuatewfo kuw a na wɔakyere me no guan faa mmepɔw no mu de wɔn ani kyerɛɛ Albania a ɛbɛn hɔ no. Bere a yɛrebɛn Albania hye no so no, mpofirim ara na yehui sɛ Greece asraafo no atwa yɛn ho ahyia. Atuatewfo no bɔɔ hu, na woguanee. Afei mikohintaw dua bi a na abu da hɔ akyi. Wei ne asɛm a mekaa no mfiase sɛ asraafo bi bepuee me so no.

Bere a meka kyerɛɛ Greece asraafo no sɛ komunisfo no na wɔkyeree me no, wɔde me kɔɔ asraafo atenae bi a na ɛbɛn Véroia kɔhwehwɛɛ me nsɛm mu. Kurow a wɔfrɛ no Véroia no, ɛno ara ne tete kurow Beroia a ɛho asɛm wɔ Bible mu no. Bere a mewɔ hɔ no, wɔkae sɛ minkotu amoa a asraafo da mu di ako. Bere a mekae sɛ merenyɛ no, ɔsahene no hyɛe sɛ wɔmfa me nkɔto afiase wɔ supɔw bi a ɛso yɛ hu a wɔfrɛ hɔ Makrónisos (Makronisi) so.

SUPƆW BI A ƐSO YƐ HU

Makrónisos yɛ supɔw ketewaa bi a nsu nni hɔ. Owia bɔ hɔ kɛse, na hwee nso nni hɔ. Ɛyɛ supɔw a ɛda Attica mpoano. Efi Athens rekɔ Makrónisos bɛyɛ akwansin 30 (kilomita 50). Supɔw no tenten yɛ akwansin nwɔtwe (kilomita 13), na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ akwansin bɛyɛ 1.5 (kilomita 2.5) pɛ wɔ baabi a ɛtrɛw paa no. Nanso efi afe 1947 kosi afe 1958 no, wɔde nneduafo bɛboro 100,000 na ekoguu hɔ. Ná nneduafo no bi yɛ komunisfo ne wɔn a aban no susuw sɛ wɔyɛ komunisfo. Ná ebi nso yɛ wɔn a kan no na wɔko tia aban no. Ná Yehowa Adansefo anokwafo dodow bi nso wɔ hɔ.

Bere a miduu hɔ afe 1949 mfiase no, na wɔakyekyɛ nneduafo no mu ayɛ wɔn akuwakuw dodow bi. Wɔde me kaa nneduafo mmarima bɛboro ahanu bi ho. Ná awɛmfo a wɔwɔ hɔ no mfa wɔn ani nni yɛn akyi pii. Wɔyɛɛ ntamadan a na yɛda mu no maa nnipa 10 de, nanso na yɛn a yɛda mu no dodow bɛyɛ 40, na na yɛda fam nso. Ná nsu a yɛnom no bɔn, na na aduan a yɛtaa di yɛ asedua ne ntoropo. Mfutuma ne mframa a ano yɛ den a na ɛbɔ fa yɛn so bere nyinaa no maa yɛn ho yeraw yɛn. Nanso, anyɛ hwee koraa no, na wɔmma yɛnsoa abo nni akɔneaba sɛnea na wɔyɛ nneduafo pii a wɔn asɛm yɛ mmɔbɔ no. Ná wɔma nneduafo a wɔte saa no soa abo di akɔneaba de teetee wɔn ma wobubu na wɔn adwene tu fra.

Demetrius ne Adansefo foforo wɔ afiase wɔ Makrónisos Supɔw

Da koro bi a na menam mpoano no, mihyiaa Adansefo dodow bi a wofi nneduafo kuw foforo mu. Yɛn ani gyei paa sɛ yehyiaa mu! Ɛno akyi no, yɛyɛɛ nhyehyɛe hyiaa mu bere biara a na ɛbɛyɛ yiye, na yɛhwɛɛ yiye paa sɛ wɔrenkyere yɛn. Yɛsan nso yɛɛ anifere dii nneduafo foforo adanse, na akyiri yi wɔn mu binom bɛyɛɛ Yehowa Adansefo. Nhyiam a na yɛyɛ, adanse a yedii, ne mpae a yefi koma mu bɔe no boaa yɛn maa yɛn gyidi kɔɔ so yɛɛ den.

WƆDE ME HYƐƐ FONONOO A EMU YƐ HYEW MU

Bere a wɔn a wɔkyeree me no de abosome du “tetee me” no, wɔkae sɛ bere aso sɛ mehyɛ asraafo atade. Esiane sɛ mampene nti, wɔtwee me kɔɔ ɔsahene a ɔda yɛn kuw no ano no anim. Mede krataa bi a na makyerɛw m’asɛm wɔ so maa no. Ná makyerɛw wɔ so sɛ: “Kristo nkutoo na mɛko ama no sɛ ne sraani.” Ɔsahene no hunahunaa me, na ɛno akyi no, ɔde me maa n’abadiakyiri a na ɔyɛ Greece Ortodɔks sɔfopanyin. Ná ɔhyɛ asɔfotade. Bere a mede akokoduru de Kyerɛwnsɛm no yii ne nsɛmmisa ano no, ne bo fuwii, na ɔteɛɛm sɛ: “Momfa no mfi ha. Biribiara nni hɔ a yebetumi ayɛ ama wasesa n’adwene!”

Ade kyee anɔpa no, asraafo no san kae sɛ menhyɛ asraafo atade. Esiane sɛ mampene nti, wɔbobɔɔ me akuturuku, na wɔde aporibaa nso boroo me. Afei wɔde me kɔɔ ayaresabea a ɛwɔ atenae hɔ kɔhwɛe sɛ me nnompe no bi abubu anaa. Ɛno akyi no, wɔsan twee me kɔɔ me ntamadan mu. Wɔyɛɛ me saa ara abosome mmienu.

Esiane sɛ mekɔɔ so araa kuraa me mudi mu nti, asraafo a na wonhu nea wɔnyɛ no faa ɔkwan foforo so. Wɔkyekyeree me nsa guu m’akyi, na wɔde hama yɛɛ mpire twaa me nan ase mmaa pirapiraa me. Bere a merefa ɛyaw a emu yɛ den yi mu no, mekaee asɛm a Yesu kae no. Ɔkae sɛ: “Anigye ne mo sɛ me nti nkurɔfo bɔ mo ahohora na wɔtaa mo . . . Momma mo ani nnye na munni ahurusi, efisɛ mo akatua sõ wɔ soro; saa ara na wɔtaa adiyifo a wodii mo anim no.” (Mat. 5:11, 12) Awiei koraa no, bere a wɔhwee me araa a na ayɛ sɛ nea wɔrennyae da no, ade tɔɔ me so.

M’ani so tetee me no, na meda afiase dan bi a emu yɛ nwini mu, na na paanoo, nsu, anaa kuntu biara nni hɔ. Ɛno mpo no, me bo tɔɔ me yam. Sɛnea Bible ahyɛ bɔ no, ‘Onyankopɔn asomdwoe bɔɔ me koma ne m’adwene nsusuwii ho ban.’ (Filip. 4:7) Ɛda a edi hɔ no, ɔsraani bi a ne yam ye maa me paanoo, nsu, ne atade nguguso. Ɛno akyi no, ɔsraani foforo nso de n’aduan maa me. Saa adɔe a wɔyɛɛ me yi ne nneɛma foforo pii a esisii m’akwan mu no ma metee nka sɛ Yehowa rehwɛ me.

Atumfoɔ no buu me sɛ meyɛ otuatewfo bi a nea wɔbɛyɛ biara ɔrensesa n’adwene. Enti wɔde me kɔɔ asraafo asɛnnibea wɔ Athens. Wobuu me fɔ de me kɔtoo afiase mfe mmiɛnsa wɔ Yíaros (Gyaros). Yíaros yɛ supɔw bi a ɛwɔ Makrónisos apuei fam. Efi Makrónisos rekɔ Yíaros yɛ akwansin 30 (kilomita 50).

“YEGYE MO DI”

Ná Yíaros afiase no yɛ abantenten kɛse bi a wɔde ntayaa kɔkɔɔ asi. Nneduafo bɛboro 5,000 na amanyɔsɛm nti na wɔde wɔn akogu hɔ. Ná Yehowa Adansefo a wɔwɔ afiase hɔ nso yɛ baason. Nea ɛmaa wɔde Adansefo baason no nyinaa koguu hɔ ne sɛ, wosii gyinae sɛ wɔremfa wɔn ho nhyehyɛ akodi mu efisɛ wɔyɛ Kristofo. Ɛwom sɛ na afiase ahwɛfo no mpene so koraa sɛ yebehyiam asua Bible de, nanso na yɛn nnipa baason no hyiam wɔ kokoam sua. Ná ebinom wia wɔn ho de Ɔwɛn-Aban no bi mpo brɛ yɛn daa. Sɛ wɔde brɛ yɛn a, na yɛde yɛn nsa kyerɛw bi sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi de ayɛ adesua no.

Da koro bi a na yɛahyiam kokoam resua ade no, awɛmfo no mu baako bepuee yɛn so, na ogyee yɛn nhoma ahorow no fii yɛn nsam. Wɔde yɛn kɔɔ ɔwɛmfo panyin a ɔhwɛ afiase hɔ no abadiakyiri anim. Ná yɛrehwɛ kwan paa sɛ wɔde mfe bi bɛka nea na wɔde ama yɛn dedaw no ho. Nanso, ɔpanyin no abadiakyiri no kae sɛ: “Yenim nnipa ko a moyɛ, na yebu gyinae a moasi no. Yenim mo, na yegye mo di. Monkɔ nkɔyɛ mo adwuma.” Yɛn mu bi wɔ hɔ a, ɔsesaa yɛn nnwuma maa yɛn nea ɛyɛ mmerɛw mpo. Yɛn ani sɔɔ nea Yehowa yɛ maa yɛn no paa, efisɛ yɛn mũdi mu a yekurae sɛ Kristofo wɔ afiase hɔ no mpo tumi de ayeyi brɛɛ Yehowa.

Yɛn gyidi mu a yekuraa pintinn no de mfaso foforo bae. Bere a nkontaabu ho ɔbenfo bi a na ɔno nso da afiase hɔ no de n’ani dii suban pa a yɛdaa no adi wɔ hɔ akyi no, ɛkaa ne koma ma obisaa yɛn gyidi ho asɛm. Afe 1951, bere a wɔreyi yɛn a na yɛyɛ Adansefo no afi afiase hɔ no, woyii ɔbenfo no nso. Akyiri yi, ɔbɔɔ asu bɛyɛɛ Ɔdansefo, na ɔde ne ho hyɛɛ bere nyinaa som adwuma no mu.

MEDA SO ARA YƐ ƆSRAANI

Me ne me yere Janette

Me de, bere a woyii me no, mesan kɔɔ m’abusuafo nkyɛn wɔ Karítsa. Akyiri yi, me ne me kuromfo no bebree tu kɔɔ Melbourne, Australia. Ɛhɔ na mihyiaa Kristoni bea bi a ɔwɔ suban pa a wɔfrɛ no Janette. Yɛware woo mmabea baasa ne ɔbabarima baako, na yɛtetee wɔn ma wɔbɛyɛɛ Kristofo.

Ɛnnɛ, ɛwom sɛ madi boro mfe 90 de, nanso meda so ara som sɛ ɔpanyin wɔ Kristofo asafo no mu. Esiane sɛ wɔhwee me pirapiraa me bere bi nti, ɛtɔ da a na me nan ne me nipadua nyinaa tutu me, titiriw bere a makɔ asɛnka apɔn no. Nanso, masi me bo sɛ, mɛkɔ so ara asom sɛ ‘Kristo sraani.’—2 Tim. 2:3.