Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Henanom na na wɔyɛ polisifo wɔ asɔrefie a ɛwɔ Yuda no? Ná wɔn adwuma ne sɛn?

Lewifo a na wɔnyɛ asɔfo no, na wɔwɔ nnwuma foforo a wɔyɛ. Adwuma a na wɔn mu bi yɛ no, na ɛte sɛ adwuma a polisifo yɛ. Lewini a ɔhwɛ asɔrefie no so na na ɔda wɔn ano. Yudani kyerɛwfo Philo ka adwuma a na saa polisifo no yɛ ho asɛm sɛ: ‘Ná saa Lewifo yi bi wɛn apon a nkurɔfo fa mu wura asɔrefie hɔ no. Ná ebi nso gyina asɔrefie no kronkronbea no kwan ano wɛn hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a obi a ɔmfata mmewura hɔ, anaa obi mfom kwan nkowura hɔ. Ná wɔn mu bi nantenantew asɔrefie no ho wɛn hɔ, na edu bere bi a na ebinom bɛsesa wɔn. Ná ebinom ba anɔpa, na ebi nso aba anadwo.’

Ná Sanhedrin no tumi ma saa polisifo yi yɛ adwuma ma wɔn. Wɔn nko ara ne Yudafo a na Romafo no ma wɔn kwan ma wɔde akode hyɛ wɔn ho.

Nhomanimfo Joachim Jeremias kyerɛ sɛ, ‘Bere a wɔkyeree Yesu no, ɔkaa sɛ daa na ɔtaa tena asɔrefie hɔ kyerɛkyerɛ, nanso wɔankyere no. (Mat. 26:55) Sɛ ɛnyɛ polisifo a wɔwɔ asɔrefie hɔ na wɔbɛkyeree no a, anka ɔrenka saa asɛm no.’ Saa nhomanimfo yi ara gye di sɛ wɔn a bere bi wɔsomaa wɔn sɛ wɔnkɔkyere Yesu no, na wɔn nso yɛ polisifo a wɔwɔ asɔrefie hɔ. (Yoh. 7:32, 45, 46) Akyiri yi, wɔsomaa polisifo yi ne nea ɔda wɔn ano no sɛ wɔnkɔfa Yesu asuafo no mmra Sanhedrin no anim. Afei nso, ɛbɛyɛ sɛ saa polisifo yi ara na wɔtwee ɔsomafo Paul fii asɔrefie hɔ no.​—Aso. 4:1-3; 5:17-27; 21:27-30.