Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

2 Ɛboa Ma Yedi Ɔhaw Ho Dwuma

2 Ɛboa Ma Yedi Ɔhaw Ho Dwuma

Asetena mu haw ahorow bi wɔ hɔ a, etumi tena yɛn so mfe pii, ɛtɔ da mpo a, egye akongua ansa na yɛn adwene aba so. Ɔhaw a etumi tena yɛn so na ɛteetee yɛn no, wohwɛ a Bible betumi ama yɛn afotu a nyansa wom ma yɛde adi ho dwuma? Yɛnhwɛ nhwɛso ahorow bi.

ADWINNWEN NTRASO

Ababaa bi a ne din de Rosie ka sɛ, “Ná metaa dwinnwen nneɛma ho, enti ɔhaw nketenkete mpo tumi yɛ kɛse wɔ m’adwene mu. Bible mu asɛm bɛn na ɛboaa no? Emu baako ne Mateo 6:34: “Munnnwinnwen ɔkyena ho, na ɔkyena ankasa benya ne dadwen. Da biara mu bɔne ankasa dɔɔso ma da no.” Seesei Rosie ka sɛ, Yesu asɛm no aboa no ma onnwinnwen nea ebesi ɔkyena ho bio. Ɔtoaa so sɛ, “Ɔhaw a ɛda me so no sõ dedaw, enti memfa nsɛm a ensii ne nea ebi mpo a ɛrensi nka m’adwinnwen ho.”

Ababaa bi a ɔde Yasmine nso tee nka sɛ dadwen ahyɛ ne so. Ɔkaa sɛ, “Mitumi su mpɛn pii wɔ nnawɔtwe no mu. Ɛtɔ da mpo a, na mintumi nna anadwo. Metee nka sɛ adwinnwen hunu rekum me.” Kyerɛwsɛm bɛn na ɛboaa no? Ɔkaa 1 Petro 5:7 ho asɛm: “Montow mo dadwen nyinaa ngu [Onyankopɔn] so, efisɛ odwen mo ho.” Yasmine kaa sɛ: “Mebɔɔ Yehowa mpae bere nyinaa, na otiee me mpaebɔ. Metee nka te sɛ nea adesoa kɛse bi afi me so. Ɛwom ara a, saa nsusuwii hunu no ba me tirim, nanso seesei de ɛba a, minim ɔkwan a mɛfa so adi ho dwuma.”

MMƆTOHƆ

Ababaa bi a ne din de Isabella ka sɛ: “Misusuw sɛ yetumi de mmɔtohɔ wo obi, efisɛ me papa nso wɔ saa suban no bi. Mitumi de nneɛma a ɛho hia paa to nkyɛn a menyɛ hwee. Ebia migye m’ahome anaa mehwɛ TV kɛkɛ. Ɛyɛ subammɔne paa, efisɛ etumi ma adwuma bobɔ obi so, na ɔnyɛ adwuma yiye.” Afotusɛm a ɛwɔ 2 Timoteo 2:15 no boaa no. Ɛka sɛ: “Yɛ nea wubetumi biara fa wo ho ma Onyankopɔn sɛ obi a ɔfata, odwumayɛni a ɛnsɛ sɛ ɔfɛre hwee ho.” Isabella kaa sɛ: Ná mempɛ sɛ mmɔtohɔ a meyɛ nti, Yehowa bɛka sɛ n’ani nnye m’adwuma ho.” Seesei wanya nkɔanim paa.

Kelsey nso yɛ ababaa, na ɔka sɛ: “Sɛ ɛsɛ sɛ meyɛ adwuma bi a, mitumi tena hɔ ara kosi sɛ bere no reyɛ apa ho no ansa na mayɛ. Ɛba saa a, misu, meda a menna, afei ɛto me adwinnwen. Ná ɛmmoa me koraa.” Asɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 13:16 no boaa Kelsey. Ɛka sɛ: “Onitefo yɛ n’ade nimdeɛ mu, na ɔkwasea trɛw nkwaseasɛm mu.” Bere a Kelsey dwinnwen saa kyerɛwsɛm no ho no, ɛboaa no. Nea ɔkae ni: “Sɛ wo nsa ka adwuma bi a, nyansa wom sɛ woremmu no adewa, na mmom ɛsɛ sɛ wufi ase yɛ ho nhyehyɛe. Seesei mapɛ nhoma bi ato me pon so, na mede yɛ adwuma a esi m’ani so no ho nhyehyɛe. Wei aboa me paa. Ɛma meyɛ me nhyehyɛe yiye, enti sɛ mewɔ biribi yɛ a, mentwɛn nkosi sɛ bere no bɛso ansa.”

ANKONAMYƐ

Wɔfrɛ ɔbaa bi Kirsten, na nea ɔkae ni: “Me kunu gyaw me hɔ, na ogyaw mmofra nketenkete nnan guu me so. Bible afotusɛm bɛn na ɛboaa no? Mmebusɛm 17:17 ka sɛ: “Ɔyɔnko berɛbo dɔ bere nyinaa; ɔyɛ onua a wɔwoo no maa ahohia da.” Kirsten hwehwɛɛ mmoa fii ne mfɛfo Kristofo hɔ. Dɛn na ohui? Ɔkaa sɛ: “Me nnamfo boaa me wɔ akwan pii so! Ná ebinom begyaw nnuan ne nhwiren wɔ me pon akyi. Mprɛnsa na afoforo boaa me ne me mma ma yetu fii yɛn fie kɔɔ baabi foforo. Onipa baako deɛ, ɔboaa me ma minyaa adwuma. Ná me nnamfo wɔ hɔ ma me bere nyinaa.”

Delphine a yɛkaa ne ho asɛm no nso, na ankonamyɛ haw no. Ɔhweree nneɛma bebree. Ɛbaa saa no, sɛnea ɔtee nka ni: “Ná ayɛ te sɛ nea obiara ani agye wɔ abrabɔ mu, na me nko ara deɛ abrabɔ ayi me ama. Ná mayɛ ankonam paa.” Kyerɛwsɛm baako a ɛboaa no ne Dwom 68:6. Ɛhɔ ka sɛ: “Onyankopɔn ma ankonam nya ofie tena mu.” Delphine kyerɛɛ mu sɛ: “Ofie a kyerɛwsɛm no reka ho asɛm no, minim sɛ saa bere yi deɛ, ɛrentumi nyɛ ɔdan ankasa. Mmom no, mibehui sɛ, saa ofie no kyerɛ sɛ, Onyankopɔn ma yenya baabi a ahobammɔ wɔ, baabi a yebetumi anya nnamfo pa a wɔn nso dɔ Yehowa. Nanso na minim sɛ, sɛ metumi abɛn nnipa saa a, gye sɛ midi kan bɛn Yehowa. Enti Dwom 37:4 boaa me ma meyɛɛ saa. Ɛka sɛ: ‘Ma w’ani nka Yehowa ho, na ɔbɛma wo nea wo koma pɛ.’”

Delphine wiee n’asɛm no sɛ: “Mibehui sɛ ɛsɛ sɛ mede me ho bata Yehowa ho kɛse. Ɔno ne adamfo a ɔsen biara. Afei wɔn a wɔdɔ Yehowa no nso, mehwɛɛ nneɛma a metumi ne wɔn abom ayɛ, ɛnna mekyerɛw too hɔ. Ná ɛbɛboa me ma matumi afa nnipa a wɔsom Yehowa no nnamfo. Misuae sɛ mɛhwehwɛ ade pa wɔ afoforo ho, na me ne wɔn adi nsɛm te sɛ nea minhu mfomso biara wɔ wɔn ho.”

Ɛyɛ nokware, nnipa a wɔsom Onyankopɔn no, mfomso wɔ wɔn ho. Yehowa Adansefo nso hyia ɔhaw te sɛ nnipa nyinaa. Nanso Bible a wosua nti, bere biara a ɛho behia no wɔboa afoforo. Nyansa wom sɛ wobɛfa nnipa saa nnamfo. Nanso, sɛ ɔhaw bi bɛtena yɛn so na yɛrentumi nni ho dwuma saa bere yi ɛ? Ebia ɛyɛ yare koankorɔ anaasɛ yɛn dɔfo bi a wawu. Bible afotusɛm betumi aboa yɛn ma yɛagyina ano anaa?

Sɛ wode Bible afotusɛm yɛ adwuma a, ebetumi aboa wo ama woanya nnamfo a wɔbɛboa wo