Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Mommɛn Onyankopɔn na ɔbɛbɛn mo.”​—Yakobo 4:8

Onyankopɔn Tie Yɛn Mpaebɔ Anaa?

Onyankopɔn Tie Yɛn Mpaebɔ Anaa?

Mpae a wobɔ no, woabisa wo ho pɛn sɛ Onyankopɔn tie anaa? Sɛ ɛte saa a, ɛnyɛ wo nko ara na woabisa wo ho saa. Nnipa pii abɔ Onyankopɔn mpae de wɔn haw ahorow bi ato n’anim, nanso ɔhaw no da so ara wɔ hɔ. Wei kyerɛ sɛ, Onyankopɔn ntie yɛn mpaebɔ anaa? Ɛnte saa! Bible ma yɛn awerɛhyem sɛ, sɛ yɛbɔ mpae wɔ ɔkwampa so a, otie yɛn. Momma yɛnhwɛ nea Bible no ka.

ONYANKOPƆN TIE YƐN MPAEBƆ.

“O mpaebɔ Tiefo, wo nkyɛn na ɔhonam nyinaa bɛba.”​—Dwom 65:2.

Ebinom wɔ hɔ a, wonnye nni sɛ wɔbɔ mpae a obi tie, nanso wɔbɔ mpae efisɛ wogye di sɛ ɛma wɔn ho tɔ wɔn. Nanso, mpae nyɛ biribi a yɛrehyia ɔhaw a yɛbɔ ma yɛn ho tɔ yɛn kɛkɛ. Bible ma yehu sɛ “Yehowa * bɛn wɔn a wɔfrɛ no nyinaa, wɔn a wɔfrɛ no nokwaredi mu no. . . . Na obetie wɔn sufrɛ.”​—Dwom 145:18, 19.

Enti yebetumi anya ahotoso sɛ, wɔn a wɔsom Yehowa Nyankopɔn no, otie wɔn mpaebɔ. Ɔdɔ wɔn, enti ɔka sɛ: “Mobɛfrɛ me, na mobɛba abɛbɔ me mpae, na metie mo.”​—Yeremia 29:12.

ONYANKOPƆN PƐ SƐ WOBƆ NO MPAE.

“Munkura mpaebɔ mu denneennen.”​—Romafo 12:12.

Bible hyɛ yɛn nkuran sɛ ‘yɛmmɔ mpae,’ na ɛsan ka sɛ ‘yɛmmɔ mpae bere biara.’ Wei ma yehu sɛ Yehowa Nyankopɔn pɛ sɛ yɛbɔ no mpae.​—Mateo 26:41; Efesofo 6:18.

Adɛn nti na Onyankopɔn pɛ sɛ yɛbɔ no mpae? Susuw ho hwɛ: Agya bɛn paa na sɛ ne ba kumaa srɛ no sɛ ɔmmoa no mma ɔnyɛ biribi a, n’ani rennye ho sɛ ɔbɛboa no? Ebia yɛreka yi na agya no nim anaa wahu nea ne ba no hia, nanso sɛ abofra no bisa no a, ɛma agya no hu sɛ ne ba no gye no di, na ɔwɔ ne mu ahotoso. Yɛn nso, sɛ yɛbɔ Yehowa Nyankopɔn mpae a, yɛma ohu sɛ yegye no di, na yɛpɛ sɛ yɛbɛn no.​—Mmebusɛm 15:8; Yakobo 4:8.

ONYANKOPƆN DWEN WO HO PAA.

“Montow mo dadwen nyinaa ngu no so, efisɛ odwen mo ho.”​—1 Petro 5:7.

Onyankopɔn pɛ sɛ yɛbɔ no mpae efisɛ ɔdɔ yɛn, na odwen yɛn ho. Yɛn haw ne yɛn dadwen nyinaa onim, na ɔpɛ sɛ ɔboa yɛn.

Ɔhene Dawid bɔɔ Yehowa Nyankopɔn mpae, na ɔhwehwɛɛ ne mmoa ne nkwa nna nyinaa. Ɔkaa ne komam asɛm ne sɛnea ɔte nka nyinaa kyerɛɛ no. (Dwom 23:1-6) Nea Dawid yɛe no, ɛkaa Onyankopɔn sɛn? Ɛmaa Onyankopɔn dɔɔ Dawid, na mpae bebree a ɔbɔe no, otiei. (Asomafo Nnwuma 13:22) Yɛn nso, Onyankopɔn tie yɛn mpaebɔ efisɛ odwen yɛn ho.

“ƆDƆ AHYƐ ME MÃ EFISƐ YEHOWA TIE ME NNE”

Odwontofo bi na ɔkaa saa asɛm yi wɔ Bible mu. Ná ogye di sɛ Onyankopɔn tie ne mpaebɔ, na ɛno kaa ne koma paa. Ohui sɛ wabɛn Onyankopɔn paa, na ɛboaa no ma otumi gyinaa ɔhaw ne amanehunu a na ɔrefa mu no ano.​—Dwom 116:1-9.

Sɛ yehu sɛ Onyankopɔn tie yɛn mpaebɔ a, ɛbɛma yɛakɔ so abɔ no mpae. Ma yɛnhwɛ asɛm bi a ɛtoo Pedro a ɔte Spain atifi fam. Ne babarima a na wadi mfe 19 nyaa kar akwanhyia wui. Asɛm no maa Pedro werɛ howee, na ɔkaa ne komam asɛm kyerɛɛ Onyankopɔn. Daa na ɔbɔ no mpae sɛ ɔmmoa no na ɔnkyekye ne werɛ. Ekosii sɛn? Pedro kaa sɛ: “Yehowa tiee me mpaebɔ. Ɔnam me nuanom Kristofo so kyekyee me ne me yere werɛ.”

Mpɛn pii no, ɔkwan baako a Onyankopɔn fa so tie yɛn mpaebɔ ne sɛ, ɔnam yɛn nnamfo a wodwen yɛn ho so boa yɛn, na ɔkyekye yɛn werɛ

Ɛwom sɛ mpae a Pedro bɔe no amma ne ba no ansan amma nkwa mu de, nanso ɛboaa ɔne n’abusua paa. Ne yere María Carmen nso kaa sɛ: “Sɛ mebɔ mpae a, na ɛmma awerɛhow nhyɛ me so. Ná minim sɛ Yehowa Nyankopɔn te me ase efisɛ sɛ mebɔ no mpae a, na ɛma me koma tɔ me yam, na me ho dwo me fɔmm.”

Nea Bible aka ne nea nnipa pii aka no ma yehu sɛ Onyankopɔn tie mpaebɔ. Nanso, wei nkyerɛ sɛ Onyankopɔn tie mpaebɔ nyinaa. Sɛ saa a, adɛn nti na Onyankopɔn tie mpaebɔ bi na ebi nso de, ontie?

^ nky. 5 Yehowa yɛ Onyankopɔn din.​—Dwom 83:18.