Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛnea Wobɛboa Wɔn a Wɔwɔ Adwene Mu Yare

Sɛnea Wobɛboa Wɔn a Wɔwɔ Adwene Mu Yare

BIBLE KA SƐ: “Ɔyɔnko berɛbo de, ɔkyerɛ ne dɔ bere nyinaa, na ɔyɛ onua a wɔwoo no maa amanehunu bere.”​—Mmebusɛm 17:17.

Nea Wei Kyerɛ

Sɛ yehu sɛ yɛn adamfo bi anya adwene mu yare na ɛreteetee no a, ebetumi ama yɛabotow. Nanso yebetumi aboa no ama wahu sɛnea ɔne yare no bɛtena. Yɛyɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ yedwen ne ho paa. Dɛn na yebetumi ayɛ de aboa no?

Hwɛ Sɛnea Nea Edi So Yi Betumi Aboa Wo

‘Yɛ ntɛm tie.’​—YAKOBO 1:19.

Ade baako paa a wubetumi ayɛ de aboa w’adamfo no ne sɛ, sɛ ɔrekasa a wubetie no. Mma no nnyɛ wo sɛ nea ɔbɛka biara no, ɛsɛ sɛ woyɛ ho biribi. Ma no nhu sɛ woretie nea ɔreka no, na ma no nhu sɛ wudwen ne ho. Nea ɔrefa mu no, bɔ mmɔden sɛ wobɛte ase, na bɔ mmɔden sɛ woremmu no fɔ. Kae sɛ obetumi akeka nsɛm bi a n’adwene nni so, na ebi koraa a akyiri yi obenu ne ho sɛ ɔkaa saa.​—Hiob 6:2, 3.

‘Kyekye ne werɛ.’​—1 TESALONIKAFO 5:14.

Ebetumi aba sɛ dadwen ahyɛ w’adamfo no so, anaa ebia ɔte nka sɛ ne so nni mfaso. Sɛ woma ohu sɛ wudwen ne ho, na wunhu nea wonka mpo a, dwen a wudwen ne ho no nko ara betumi akyekye ne werɛ na ahyɛ no den.

“Ɔyɔnko berɛbo de, ɔkyerɛ ne dɔ bere nyinaa.”​—MMEBUSƐM 17:17.

Yɛ nneɛma bi fa boa no. Nyɛ w’adwene sɛ wunim nea woyɛ a ɛbɛboa no; sɛ ɛbɛyɛ yiye a, bisa no sɛ dɛn na ɔpɛ sɛ woyɛ de boa no. Sɛ ɛyɛ den ma no sɛ ɔbɛka a, wubetumi de adwenkyerɛ bi aba sɛ munkotu mpase anaa sɛ ohia biribi a, wubetumi akɔtotɔ abrɛ no. Wubetumi aboa no ama wasiesie ne fie anaa wubetumi aboa no ama wayɛ adwuma foforo biara.—Galatifo 6:2.

‘Nya abotare.’​—1 TESALONIKAFO 5:14.

Ɛnyɛ daa na w’adamfo no ani begye ho sɛ ɔbɛkasa. Ma no nhu sɛ bere biara a ɔpɛ sɛ ɔkasa no, wowɔ hɔ ma no. Ne yare no nti, ebia ɔbɛka biribi anaa ɔbɛyɛ biribi ama no ahye wo. Ebi wɔ hɔ a, moahyehyɛ ho sɛ mobɛyɛ biribi no, obetumi atwam. Ebetumi nso aba sɛ biribi kakra bi a na ne bo afuw. Enti wugu so reboa no no, nya ne ho abotare na te no ase.—Mmebusɛm 18:24.

Nea Woyɛ No Betumi Aboa W’adamfo No

“Mebɔ mmɔden sɛ nsu mu o, awia mu o, sɛ ohia me a obenya me. Bere biara a ɔpɛ sɛ ɔka biribi kyerɛ me no, mewɔ hɔ ma no. Ɛwom, nea ɛrehaw no no, minni ɛho aduru. Nanso sɛ ɔpɛ sɛ ɔka biribi kyerɛ me a, migyae nea mereyɛ biara tie no. Ebi wɔ hɔ a, nea ohia ara ne sɛ obi betie no kɛkɛ; wubehu sɛ ne ho atɔ no.”—Farrah; a n’adamfo wɔ adwene mu yare bi a yɛfrɛ no depression, n’adidi nso, asɛm wɔ ho na dadwen hyɛ ne so.

“M’adamfo baako bi de, ne yam ye paa na ɔhyɛ me den. Bere bi sei, ɔmaa yɛkɔɔ ne fie kodidii; na aduan no yɛ dɛ paa. Adidi nso de, ɛne nkɔmmɔ na ɛnam, na esiane sɛ ɔpɛ m’asɛm paa nti, na ɛnyɛ den koraa sɛ mɛka sɛnea mete nka akyerɛ no. Nea ɛkɔɔ so wɔ hɔ no kyekyee me werɛ paa!”—Ha-eun; ɔwɔ adwene mu yare bi a yɛfrɛ no depression.

“Sɛ me yere yɛ biribi ma ɛhyɛ me abufuw a, ɛhɔ ara na makae sɛ yare no nti na ɔreyɛ saa, na ɛnyɛ saa na ɔte. Wei nti memma me bo mfuw, mmom ɛma mete no ase na ɛma minya ne ho abotare paa.”—Jacob; ne yere wɔ adwene mu yare bi a yɛfrɛ no depression.

“Me yere boa me paa na ɔkyekye me werɛ. Ɛda a dadwen bɛhyɛ me so paa no, ɔmma menyɛ nea mempɛ sɛ meyɛ. Ɛba saa a, ɔno nso, nea ɔpɛ sɛ ɔyɛ no, ebi wɔ hɔ a ontumi nyɛ. Esiane sɛ okum ne ho ma me na odwen me ho nti, ɔda me koma so paa.”—Enrico; dadwen hyɛ ne so.

a Wɔasesa edin ahorow no bi.