Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM A ƐDA SO

Wo Dɔfo Bi Wu a Dɛn na Wobɛyɛ?

Wo Dɔfo Bi Wu a Dɛn na Wobɛyɛ?

‘Me ba, gyae su wai. Onyankopɔn na onim nea eye ma yɛn.’

Obi na ɔkaa saa asɛm yi kyerɛɛ ɔbea bi a wɔfrɛ no Bebe. Saa bere no na Bebe papa anya kar akwanhyia awu, na na wɔreyɛ n’ayi.

Ná mframa mfa Bebe ne ne papa ntam koraa. Enti wɔn adamfo bi a ɔpɛ Bebe asɛm kaa saa asɛm no sɛ ɔde rekyekye ne werɛ, nanso ɛno koraa na ɛberee ne kuru. Bebe kɔɔ so twaa agyaadwo kae sɛ, “me papa awu ma ahaw me paa.” Mfe bi akyi no, Bebe kyerɛw ne papa wu no ho asɛm wɔ nhoma bi mu. Nea ɔkae no ma yehu sɛ na ne papa wu no da so ara haw no.

Bebe behui sɛ sɛ wo biribi wu a, ɛyɛ den sɛ wubegyae ɛho awerɛhodi, ɛnkanka obi a wo ne no bɔ kesua taforo. Enti sɛ Bible ka sɛ owu yɛ “ɔtamfo a otwa to” a, edi ka. (1 Korintofo 15:26) Owu mmɔ nkae, na ɛwɔ tumi ankasa. Ampa owu da amansan kɔn mu. Yɛn adɔfo mpo, owu nhu wɔn mmɔbɔ. Enti sɛ yɛn biribi wu na yɛn ani yɛ yɛn totɔtotɔ a, ɛyɛ ne kwan so.

Ebia woasusuw nsɛmmisa yi ho pɛn: ‘Sɛ ade tɔ obi ani a, bere tenten ahe na obegyae ho awerɛhodi? Na ɔbɛyɛ dɛn anya awerɛkyekye? Mɛyɛ dɛn atumi akyekye wɔn a ade atɔ wɔn ani no werɛ? Yɛn adɔfo a wɔawuwu no bɛsɔre bio anaa?’