Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Praslin, Seychelles, baabi a afe 1881 General Gordon huu ne Eden turo no

Paradise Wɔ Asase So—Nnaadaa Anaa Nokwasɛm?

Paradise Wɔ Asase So—Nnaadaa Anaa Nokwasɛm?

Paradise! Wohwɛ TV anaa wokenkan nhoma ahorow a, wubehu mmeae fɛfɛ ho mfonini pii. Nkurɔfo yɛ wei nyinaa de twetwe yɛn sɛ yɛnkɔ akyirikyiri baabi nkodwudwo yɛn ho na ama yɛn werɛ afi yɛn dadwen ne yɛn haw nyinaa. Saa mmeae yi na ebinom frɛ no “paradise.” Nanso yɛn nyinaa nim sɛ wobɛsan aba no, na ayɛ nkɔbesie; dadwen no nyinaa da so ara wɔ hɔ.

Nanso nkurɔfo pɛ paradise ho asɛm ka papaapa. Sɛnea wogyigye ho no, ɛma yebisa sɛ: ‘Adɛn, “paradise” no, wɔde redaadaa yɛn anaa? Sɛ saa a, adɛn nti na nkurɔfo gyigye ho saa? Enti ɛyɛ ampa sɛ paradise bi wɔ hɔ?’

PARADISE HO ABAKƆSƐM

Efi tete nyinaa, nkurɔfo te paradise ho asɛm a, epusuw wɔn. Bible mu asɛm a ɛka sɛ na “turo bi wɔ Eden a ani kyerɛ apuei fam” no, ɛno na ɛkaa nnipa pii maa wɔn ani gyee paradise ho. Dɛn na ɛmaa saa turo no yɛɛ fɛ saa? Bible ka sɛ: “Yehowa Nyankopɔn maa nnua a wohwɛ a ɛyɛ fɛ na eye sɛ wodi nyinaa bi fifii asase so.” Ná turo no yɛ fɛ paa, na na ɛhɔ yɛ ahomeka. Nea na ɛyɛ anika wɔ hɔ paa mpo ne sɛ, na “nkwa dua nso wɔ turo no mfinimfini.”​—Genesis 2:8, 9.

Genesis nhoma no san ka nsubɔnten nnan bi a ɛsen fi turo no mu ho asɛm. Ɛnnɛ, emu mmienu da so ara wɔ hɔ. Ɛno ne Tigris (anaa Hidekel) ne Eufrate. (Genesis 2:10-14) Saa nsubɔnten mmienu yi tene fa baabi a nnɛ yɛfrɛ no Iraq kogu Persia Po no mu. Baabi a nnɛ yɛfrɛ no Iraq no, bere bi na ɛka tete Persia kurow no ho.

Ɛnyɛ nwonwa sɛ paradise a ɛwɔ asase so ho asɛm da Persiafo koma so saa; edi akoten wɔ wɔn amammerɛ mu. Wokɔ Philadelphia Museum of Art a ɛwɔ Pennsylvania, U.S.A. no a, wubehu Persiafo kapɛt bi. Bɛyɛ mfe 500 a atwam ni na wɔyɛɛ saa kapɛt no. Wohwɛ kapɛt no so a, wɔayɛ turo a wɔagye ho ban mfonini wɔ so; nnua ne nhwiren nso wɔ mfonini no mu. Persia asɛmfua a wɔkyerɛ ase “turo a wɔagye ho ban” no, ɛsan kyerɛ “paradise.” Afei nso, mfonini a ɛwɔ kapɛt no so no, ɛte sɛ Eden turo fɛfɛɛfɛ frɔmfrɔm a Bible ka ho asɛm no.

Nokwasɛm ne sɛ, wokɔ nkurow ne aman pii so a, wɔtaa ka paradise ho asɛm. Bere a nnipa retu kɔ mmeae foforo no, wɔde paradise ho asɛm kakra a wonim no kɔɔ hɔ. Nanso bere rekɔ so no, wɔde gyidi ahorow ne anansesɛm bi frafraa nokwasɛm no mu. Ɛnnɛ mpo, sɛ nkurɔfo hu mmeae bi te sɛ turo fɛfɛɛfɛ a, nea wɔka ara ne sɛ ɛyɛ paradise.

NKURƆFO REHWEHWƐ PARADISE

Wɔn a wotu kwan kɔhwehwɛ nsase no, ebinom kyerɛ sɛ wɔahu paradise a ɛyerae no. Charles Gordon a ɔyɛ Britain ɔsahene no kɔɔ Seychelles afe 1881. Bere a ohuu beae bi a yɛfrɛ no Vallée de Mai no, sɛnea na ɛhɔ yɛ fɛ fa no kaa ne koma araa ma ɔde too gua sɛ ɛno ne Eden turo no. Seesei wogye tom sɛ mmeae a ɛyɛ fɛ paa wɔ wiase no, Vallée de Mai ka ho. Afe 1492 no, Italiani Christopher Columbus a ɔde po so hyɛn tutu akwan no kɔɔ Hispaniola supɔw so. Ɛhɔ na nnɛ ɛyɛ Dominican Republic ne Haiti no. Oduu hɔ no, na ɛyɛ no sɛ gyama wɔahu Eden turo a ɛyerae no ara ne sa.

Mapping Paradise yɛ abakɔsɛm nhoma a wɔkyerɛwee nkyɛe. Ɛka tete asase mfonini (map) bɛboro 190 ho asɛm. Emu pii wɔ hɔ a, wubehu Adam ne Hawa a wɔwɔ Eden mfonini wɔ so. Beatus a ofi Liébana yɛɛ nsaano nkyerɛwee bi, na bɛyɛ mfe 800 a atwam ni no, wɔhwɛɛ so yɛɛ foforo, na emu na wonyaa asase mfonini no baako fii. Saa asase mfonini yi deɛ ɛyɛ soronko, na wohwɛ atifi a, wubehu mfonini bi. Ɛyɛ adaka a paradise wɔ mfinimfini. Afei nsubɔnten nnan bi sen fi mfinimfini hɔ kɔ adaka no afanan. Edin a ɛwɔ nsubɔnten no ho ne “Tigris,” “Eufrates,” “Pison,” ne “Geon.” Wɔkyerɛ sɛ egyina hɔ ma sɛnea Kristosom trɛw kɔɔ asase afanan no. Mfonini ahorow yi ma yehu sɛ, ɛwom sɛ obiara nnim baabi a Paradise a wodii kan yɛe no wɔ deɛ, nanso nkurɔfo ani da so ara gye ho na wonnyaee ho asɛm ka da.

John Milton yɛ anwensɛm kyerɛwfo a ɔtenaa ase bɛboro mfe 400 ni. Ofi England, na wɔagye din sɛ ɔno na ɔkyerɛw anwensɛm a wɔato din Paradise Lost (Paradise a Ɛyerae) no. Oyii n’asɛm no fii Genesis nhoma no mu. Ɔkaa Adam bɔne a ɔyɛe ma wɔpam no fii Eden no ho asɛm. Bɔhyɛ a ɛne sɛ nnipa bɛsan anya daa nkwa wɔ asase so no, ɔkaa ɛno nso ho asɛm. Ɔkae sɛ: “Saa bere no, asase nyinaa bɛdan paradise.” Akyiri yi Milton kyerɛw n’asɛm no ntoaso, na ɔtoo din Paradise Regained (Paradise a Wɔasan Anya).

NKURƆFO ADWENE ASESA

Nea yɛaka yi nyinaa ma yehu sɛ, efi teteete nyinaa nnipa gye tom paa sɛ na paradise bi wɔ asase so na ayera. Ɛnde, adɛn nti na nnɛ nkurɔfo mfa nyɛ asɛm? Nea ɛwom ara ne sɛ, Mapping Paradise nhoma no ka sɛ “nyamekyerɛfo . . . ahyɛ da paa abu wɔn ani agu baabi a na paradise wɔ no so.”

Wɔkyerɛkyerɛ asɔrekɔfo dodow no ara sɛ daakye wɔbɛkɔ soro; wɔnkyerɛ wɔn sɛ wɔbɛtena paradise wɔ asase so. Nanso Bible ka wɔ Dwom 37:29 sɛ: “Treneefo benya asase no adi, na wɔatena so daapem.” Ɛnnɛ, asase no nyɛ paradise, enti dɛn na ɛkyerɛ sɛ daakye saa bɔhyɛ yi bɛbam? *

ASASE NYINAA BƐDAN PARADISE AMPA

Yehowa Nyankopɔn na ɔbɔɔ Paradise a edi kan no, na wahyɛ bɔ sɛ ɔbɛsan de aba. Ɔbɛyɛ no sɛn? Kae sɛ Yesu kyerɛɛ yɛn sɛ yɛmmɔ mpae sɛ: “W’ahenni mmra. W’apɛde nyɛ hɔ wɔ asase so te sɛ ɔsoro.” (Mateo 6:10) Saa Ahenni no yɛ aban a ebeyi nnipa nniso nyinaa efi hɔ na adi wiase nyinaa so. Yesu Kristo na odi so hene. (Daniel 2:44) Saa Ahenni no mu no, Onyankopɔn apɛde a ɛne sɛ asase bɛdan paradise no ‘bɛyɛ hɔ.’

Sɛnea Paradise bɛyɛ daakye no, Onyankopɔn maa odiyifo Yesaia kyerɛkyerɛɛ mu ansa na Yesu reba. Ɔkyerɛe sɛ ɔhaw ne akameakame a ɛte adesamma so nnɛ no nyinaa befi hɔ. (Yesaia 11:6-9; 35:5-7; 65:21-23) Yɛhyɛ wo nkuran sɛ, gye bere kakra kenkan saa nsɛm no wɔ w’ankasa Bible mu. Woyɛ saa a, ɛbɛma woanya awerɛhyem sɛ, nea Onyankopɔn bɛyɛ ama adesamma asoɔmmerɛwfo daakye no bɛbam. Saa bere no, wɔn a wɔte ase no ani begye wɔ paradise, na wɔanya Onyankopɔn anim dom. Weinom na Adam hweree no.​—Adiyisɛm 21:3.

Yɛbɛyɛ dɛn agye adi sɛ Paradise a ɛbɛba asase so daakye no, ɛnyɛ nnaadaa, na ɛyɛ nokwasɛm? Efisɛ Bible ka sɛ: “Ɔsoro yɛ Yehowa soro, na asase de, ɔde ama nnipa mma.” Anidaso a yɛwɔ sɛ Paradise bɛba asase so no, “Onyankopɔn a ontumi nni atoro no ahyɛ ho bɔ fi teteete.” (Dwom 115:16; Tito 1:2) Hwɛ anidaso nwonwaso a Bible de ma yɛn! Yɛbɛtena Paradise afebɔɔ!

^ nky. 15 Koran no mpo ka wɔ sura 21, Al-Anbiya’ [Adiyifo No] nkyekyɛm 105 sɛ: “M’asomfo a wɔyɛ treneefo benya asase no.”