Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 WIASE NSƐM

Wiase Nsɛm

United States

Sɛ wɔde awudisɛm nketewa ne akɛse, ne korɔnbɔ a ɛkɔɔ so wɔ October 29, 2012 dapɛn no mu wɔ New York City no toto nea ɛkɔɔ so bere koro no ara mu wɔ afe 2011 mu ho a, wohu sɛ afe 2012 de no so tewee koraa. Efi dɛn? Efi mframa gyampanturudu a wɔfrɛ no Sandy, a ɛbɔ faa United States apuei fam mpoano ma wodundum nkanea pii no. New York Polisifo kasamafo, Paul Browne, ka sɛ, “Sɛ atoyerɛnkyɛm kɛse bi te sɛ [amumɔyɛfo ntua a esii September 11, 2001] no si a, nsɛmmɔnedi taa brɛ ase.” Nanso korɔnbɔ de, anyɛ Browne nwonwa sɛ ɛkɔɔ soro esiane sɛ nkurɔfo fowee nneɛma nti. Ɔkae sɛ, “Na akanea nnii mmeae pii.”

Antarctica

Ɛhaw nyansahufo sɛ afifide a efi aman afoforo so reyɛ atɔre Antarctica asase no so afifide ahorow ase. Wobu akontaa sɛ nsrahwɛfo mpempem pii a wɔkɔ asasepɔn no so afe biara no na wɔde saa afifide no kɔ hɔ. Wɔkyekyɛm pɛpɛɛpɛ a, afifide aba 9.5 taa fomfam wɔn mpaboa anaa bag ho kɔ hɔ a wonnim. Wɔahu afifide ahorow a efi mmeae afoforo yi pii wɔ Antarctic Asase Hwene no atɔe fam.

Netherlands

Aberewa bi a wadi mfe 83 ne obi a odi kan a wɔde kɔmputa (a wɔfrɛ no 3-D laser printer) ayɛ dade abogye ama no. Seesei, ɔyarefo a na n’abogye asɛe yi tumi didi, home, na ɔkasa yiye nso. Kɔmputa no de nkakrankakra nwenee n’abogye no, na afei wɔyɛɛ no oprehyɛn de hyɛɛ no.

Germany

Bere a wɔbaraa tawanom wɔ baguam wɔ Germany bɛyɛ afe no, nnipa a wɔn koko taa yɛ wɔn yaw a wogye wɔn to ayaresabea no so tewee ɔha mu nkyem 13.3; na wɔn a komayare nti wogye wɔn to ayaresabea no so tewee ɔha mu nkyem 8.6.