Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 Nsase Ne Nnipa Ahorow

Panama nsrahwɛ

Panama nsrahwɛ

NNIPA pii nim Panama esiane nsuka a ɛka Atlantic ne Pacific po no bom no nti. Na esiane sɛ ɛka Amerika Atifi fam ne Anafo fam bom nti, akwantufo pii fa hɔ. Nnipa ahorow nyinaa bi wɔ hɔ. Wɔn mu fã kɛse no ara fi ɔman no mu, ɛnna ebi nso yɛ Aborɔfo asefo.

SO NÁ WUNIM? Panamafo apɔtorɔ a ne ho yɛ akokɔsrade (Atelopus zeteki) no “wosow” ne nan de pɛ ne hokafo anaa ɔde pam ne yɔnko barima

Bere a Spania abɔrehufo duu Panama wɔ afe 1501 mu no, wɔkɔtoo kurow no mufo ankasa, na wɔn asefo da so ara wɔ hɔ. Wɔn mu bi ne Gunafo (kan no na wɔfrɛ wɔn Kunafo). Gunafo no mu pii tete nkuraase wɔ San Blas Nsupɔw no ho ne Caribbean Mpoano a ɛbɛn Panama ne Colombia  ahye so no. Wɔn adwuma titiriw ne ahayɔ, mpataayi, ne kuayɛ.

Wɔ Gunafo mu no, sɛ ɔbarima bi ware a, ɔne ne nsenom kɔtena na ɔyɛ adwuma ma wɔn. Sɛ ɛwom ara na ne yere no wo ɔbabea a, obetumi atew ne ho afi ne nsenom ho na ɔne ne yere ne ne ba no akɔkyekyere wɔn ankasa abusua.

Yehowa Adansefo asafo bɛyɛ 300 na ɛwɔ Panama. Wɔ Spaniafo kasa akyi no, kasa afoforo a wɔde yɛ Kristofo nhyiam ne China kasa, Borɔfo, Gujarati, Guna, Haiti Creole, Ngabere, ne Panamafo Mum Kasa.