Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

  ASƐM A ƐDA SO

Wugye Nsɛm Ho Amanneɛbɔfo Di?

Wugye Nsɛm Ho Amanneɛbɔfo Di?

NNIPA pii nnye nsɛm a wɔkenkan na wɔte fi nsɛm ho amanneɛbɔfo hɔ no nni. Wɔ United States sɛ nhwɛso no, adwumakuw bi bisabisaa nkurɔfo nsɛm wɔ afe 2012 mu de hwɛe sɛ wɔn “ahotoso a wɔwɔ” wɔ atesɛm nkrataa, TV, ne radio so amanneɛbɔfo mu no te dɛn anaa. Sɛ wofa nnipa 10 biara a, wɔn mu 6 kae sɛ “wonnye wɔn nni ahe biara” anaa “wonnye wɔn nni koraa.” So ɛfata sɛ wɔka sɛ wonnye wɔn nni?

Nsɛnkyerɛwfo ne ahyehyɛde ahorow a wɔyɛ nnwuma ma wɔn no aka sɛ wɔbɛbɔ mmɔden de amanneɛbɔ a ɛyɛ nokware na edi mu ato gua. Nanso, ɛsɛ sɛ yesusuw asɛm yi ho. Ma yɛnhwɛ nea edidi so yi:

  • AKATAKYIE A WƆTAA AKYI. Nsɛm ho amanneɛbɔfo nnwuma no yɛ nnwumakuw akɛse kakraa bi dea. Nnwumakuw yi na wɔkyerɛ nsɛm a ɛsɛ sɛ wɔde to gua ne ɔkwan a ɛsɛ sɛ wɔfa so de to gua. Esiane sɛ nnwumakuw yi pɛ mfaso nti, asɛm biara a wɔde bɛto gua no gyina nea wobenya afi mu so. Ne saa nti, amanneɛbɔ biara a ɛremfa mfaso mmrɛ akatakyie yi no, wɔmfa nto gua koraa.

  • ABAN. Nsɛm a yɛte fi nsɛm ho amanneɛbɔfo hɔ no mu pii fa ɔmanfo ne aban no ho. Atumfoɔ no pɛ sɛ ɔmanfo gye nhyehyɛe a wɔreyɛ ne wɔn mpanyimfo tom. Na esiane sɛ nsɛm ho amanneɛbɔfo taa gye nsɛm fi aban no hɔ nti, ɛtɔ da a amanneɛbɔfo ne aban no yɛ biako.

  •  AGUADE HO DAWURUBƆ. Wɔ aman pii so no, sɛ nsɛm ho amanneɛbɔfo adwuma no bɛkɔ so a gye sɛ wonya sika, na wonya saa sika yi mu fã kɛse no ara fi aguade ho dawurubɔ mu. Wɔ United States no, wɔn a wotintim nsɛmma nhoma no nya wɔn sika no mu ɔha mu nkyem 50 kosi 60 fi aguade ho dawurubɔ mu, wɔn a wotintim atesɛm nkrataa nya ɔha mu nkyem 80, na television ne radio nnwumakuw nso de, emu na wonya wɔn sika nyinaa fi. Eyi nti wɔn a wɔbɔ wɔn aguade ho dawuru no mfa wɔn sika nhyɛ dwumadi a ɛnka nsɛmpa mfa wɔn aguade anaa ɔkwan a wɔfa so yɛ wɔn adwuma no ho no mu. Sɛ wɔn ani nnye sɛnea nsɛm ho amanneɛbɔfo bi keka wɔn nsɛm ho a, wobetumi de wɔn ani akyerɛ baabi foforo. Esiane eyi nti, sɛ samufo hu sɛ asɛm bi betumi asɛe nkurɔfo a wogyina wɔn adwuma no akyi no din a, wotumi ka hyɛ.

  • ATORODI. Ɛnyɛ nsɛnkyerɛwfo nyinaa na wɔka nokware. Ebinom bɔ wɔn tirim ka nsɛm. Sɛ nhwɛso no, mfe kakra a atwam ni no, na sɛnkyerɛwfo bi a ɔwɔ Japan pɛ sɛ ɔka sɛnea wɔn a wɔdɔ asukɔ kɔ nsu ase no resɛe po ase afifide a ɛwɔ Okinawa no ho asɛm. Bere a okyinkyinii a wannya biribi a ɛkyerɛ saa no, ɔno ankasa sɛe bi, na otwitwaa ho mfonini. Wobetumi asakra mfonini bi nso de adaadaa ɔmanfo. Abɛɛfo mfiri a wotumi de sakra mfonini rekɔ so paa, na sɛ wɔsakra mfonini no bi a, ɛyɛ den paa sɛ wubehu.

  • NSƐM A WOKYINKYIM NO. Sɛ mpo asɛm bi yɛ nokware sɛ dɛn ara a, sɛnkyerɛwfo bi betumi akyerɛw no sɛnea ɔno ara pɛ. Nsɛm bɛn na ɛsɛ sɛ wɔkyerɛw, na nea ɛwɔ he na ɛsɛ sɛ wogyaw? Sɛ nhwɛso no, ebia na wɔahyɛ bɔɔlbɔ kuw bi ɛka abien. Ɛno yɛ nokwasɛm. Nanso nea ɛyɛe a wɔhyɛɛ wɔn no de, sɛnkyerɛwfo betumi afa akwan pii so aka ho asɛm.

  • NSƐM A WOYIYI FI MU. Sɛ sɛnkyerɛwfo rekyerɛw nsɛm bi a wɔpɛ sɛ ɛka nkurɔfo koma a, mpɛn pii no woyiyi nsɛm a ebetumi ama nkurɔfo adwenem ayɛ wɔn nãã no fi mu. Eyi ma wogugu nsɛm no bi mu, na wɔnka fã bi nso ho asɛm pii. Ɛtɔ da a, esiane sɛ ehia sɛ television so amanneɛbɔfo de nsɛm pii to gua wɔ bere tiaa bi mu nti, wobetumi atwa nsɛm bi a ɛho hia agu.

  •  AKANSI. Mfe kakra a atwam ni mu no, television dwumadibea ahorow adɔɔso ma enti nkurɔfo nsɛe bere pii wɔ television dwumadibea biako pɛ ho. Nea ɛbɛyɛ na nkurɔfo akɔ so ahwɛ wɔn dwumadi no, dwumadibea ahorow no bɔ mmɔden sɛ wobeyi biribi a ɛyɛ anigye de agyigye wɔn atiefo ani. Nhoma bi reka adeyɛ yi ho asɛm no, ɛkae sɛ: “Wɔtaa yi mfonini ahorow a ɛyɛ ahodwiriw anaa ɛkanyan atiefo bere a wɔretie [television so] amanneɛbɔ ahorow no, na wotwitwa nsɛm so ntiantiaa na ama wɔn a wɔhwɛ TV a asɛm fono wɔn ntɛmntɛm no atumi ahwɛ.”Media Bias.

  • MFOMSO AHOROW. Esiane sɛ nsɛnkyerɛwfo yɛ nnipa nti, wotumi di mfomso. Sɛ wɔankyerɛw asɛmfua bi yiye, wɔamfa nsanhɔ bi anto yiye, wɔamfa kasa mmara anni dwuma yiye a, ebetumi ama asɛm bi asete ayɛ den. Ebia na wɔanhwehwɛ asɛm bi mu nokwasɛm yiye. Ahopere nti, sɛ anka sɛnkyerɛwfo bi bɛkyerɛw 100,000 no, obetumi adi mfomso akyerɛw 10,000.

  • NSUSUWII A ƐMFATA. Nsɛm a wɔde bɛto gua pɛpɛɛpɛ no nna fam sɛnea ebinom susuw no. Asɛm a nnɛ obiara susuw sɛ ɛyɛ nokware no, ebia ade bɛkye no na ɛnte saa. Sɛ nhwɛso no, bere bi na nnipa susuw sɛ okyinnsoromma akuw no nyinaa atwa asase yi ho ahyia. Nanso seesei yenim sɛ asase no di owia ho kyinhyia.

 Ehia sɛ Yɛkari Pɛ

Ɛwom sɛ ɛnyɛ nsɛm a yɛkenkan nyinaa na ɛsɛ sɛ yegye di de, nanso ɛno nkyerɛ sɛ hwee nni hɔ a yebetumi agye adi. Ade titiriw a ehia ne sɛ yɛbɛyɛ ahwɛyiye na yɛanya nneɛma ho adwempa.

Bible ka sɛ: “Ɛnyɛ asõ na ɛsɔ nsɛm hwɛ?” (Hiob 12:11) Nyansahyɛ ahorow a ebetumi aboa ma yɛasɔ nsɛm a yɛte, ne nea yɛkenkan ahwɛ na edidi so yi:

  • NSƐM NO FIBEA: So amanneɛbɔ no fi obi anaa kuw bi a wogye wɔn di hɔ? So wɔka dwumadi no anaa nhoma no ho asɛm pa, anaa wonim wɔn sɛ wogugu nsɛm mu? Hena na otua nsɛm a wonya de bɔ amanneɛ no ho ka?

  • MMEAE A WONYA NSƐM: Biribi wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ wɔyɛɛ nhwehwɛmu kɔɔ akyiri? So asɛm no fi beae koro pɛ? So baabi a wonyaa nsɛm no fii no fata, na asɛm biara nni ho? So nsɛm no te sɛ sekan anofanu a etwa ha twa ha, anaa egyina afã bi pɛ?

  • ADWENE A ƐWƆ AKYI: Bisa wo ho sɛ: ‘So adwene a ɛwɔ akyi ara ne sɛ ɛde amanneɛbɔ bɛma anaa ebegyigye nkurɔfo ani? So ɛyɛ aguadi ho amanneɛbɔ anaa wɔreboa dwumadi bi?’

  • ƆKWAN A WƆFA SO KA: Sɛ ɔkwan a wɔfa so de amanneɛbɔ bi to gua no hyɛ abufuw, ebu afoforo animtiaa, anaa ɛkasa tia afoforo denneennen a, ɛkyerɛ sɛ ɛnyɛ asɛm a ebetumi de asomdwoe aba.

  • ƐMMƆ NE HO ABIRA: So amanneɛbɔ no mu nsɛm ne nsɛm afoforo hyia? Sɛ nsɛm no bɔ ne ho abira a, hwɛ yiye!

  • ƐYƐ NE BERE MU DE: So asɛm no yɛ ne bere mu de a obiara betumi agye atom? Asɛm a na wosusuw sɛ ɛyɛ nokware mfe 20 a atwam no, ebia ɛrenyɛ nokware nnɛ. Nanso sɛ ɛyɛ asɛm a asi foforo koraa a, ebetumi aba sɛ wɔannya mu nokwasɛm nyinaa.

Enti, wubetumi agye nsɛm ho amanneɛbɔfo adi? Onyansafo Solomon de afotu pa yi ma, ɔkyerɛwee sɛ: “Ogyimfo gye nsɛm nyinaa di, na onitefo hwɛ n’anammɔn yiye.”Mmebusɛm 14:15.