Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 BIBLE NO ADWENE

Adebɔ

Adebɔ

Onyankopɔn de nna asia a emu biara yɛ nnɔnhwerew 24 na ɛbɔɔ asase sɛnea wɔn a wogye adebɔ di kyerɛ no?

“Mfiase no Onyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase.”Genesis 1:1.

NEA BIBLE KA

Onyankopɔn bɔɔ amansan, a asase yi ka ho, mmere tenteenten ni—“mfiase no,” sɛnea Genesis 1:1 ka no. Ɛnnɛyi nyansahu gye tom sɛ amansan yi wɔ mfiase. Nyansahufo nhwehwɛmu bi a wɔyɛɛ nnansa yi kyerɛ sɛ amansan yi adi bɛyɛ mfe ɔpepepem 14.

Bible no ka “nna” asia adebɔ nso ho asɛm. Nanso, ɛnka sɛ nna no mu biara yɛ nnɔnhwerew 24. (Genesis 1:31) Nokwarem no, Bible no de asɛmfua “da” di dwuma de kyerɛ mmere ahorow bi tenten. Sɛ nhwɛso no, ɛka bere dodow a Onyankopɔn de bɔɔ ade nyinaa ho asɛm sɛ “da a Yehowa Nyankopɔn yɛɛ asase ne ɔsoro no.” (Genesis 2:4) Ɛda adi sɛ, saa “nna” a wɔde bɔɔ ade yi yɛ mfe mpempem pii.Dwom 90:4.

NEA ENTI A ƐHO HIA

Nsusuwii a ɛnteɛ a wɔn a wogye adebɔ di kura no betumi ama afoforo apo Bible no koraa. Nanso, sɛ asɛm a ɛfa adebɔ ho wɔ Bible mu no yɛ ampa a, ɛnde wubetumi anya emu “nyansa” a ɛdɔɔso no so mfaso.Mmebusɛm 3:21.

 So Onyankopɔn nam adannandi so na ɛbɔɔ nkwa wɔ asase so?

“Onyankopɔn kae sɛ: ‘Akra a ɛte ase mmra sɛnea wɔn nyinaa su te.’”Genesis 1:24.

NEA BIBLE NO KA

Onyankopɔn ammɔ nkwa wɔ ɔkwan biara so kɛkɛ na akyiri yi ɛdannan bɛyɛɛ nea edi mũ paa. Mmom no, ɔbɔɔ afifide ne mmoa sɛnea wɔn mu biara “su te,” ɛnna ɛno nso woo wɔn nsɛso “sɛnea wɔn su te.” (Genesis 1:11, 21, 24) Saa nhyehyɛe a akɔ so abesi nnɛ no ama nkwa a Onyankopɔn bɔe wɔ mfiase a na wokura “su” koro no ara no na ahyɛ asase yi so ma.Dwom 89:11.

Bible no nka nneɛma ahorow pɔtee a yebetumi anya afi ade biako bi mu, te sɛ nea efi mmoa bi a wɔforo mmoa a wɔne wɔn sɛ mu ba na wotumi tena faako no. Bere a ebinom bu sɛ mmoa foforo a wɔwo wɔn no fi adannandi mu no, ɛnyɛ nkwa foforo bi na aba. Ɛnnɛyi nyansahu gye tom sɛ, bere tenten ni no, nsakrae a aba afifide ne mmoa ahorow mu no yɛ ketewaa bi.

NEA ENTI A ƐHO HIA

Nea Bible ka fa mfitiase “abɔde ahorow” a nkwa wom ho a ɛne nyansahu hyia no ma yehu sɛ emu nsɛm a ɛfa nneɛma afoforo te sɛ abakɔsɛm ne nkɔmhyɛ ho no yɛ nokware.

Nneɛma a wɔde bɔɔ amansan yi no fi he?

“M’ankasa me nsa na ɛtwee ɔsoro mu.”—Yesaia 45:12.

NEA BIBLE KA

Onyankopɔn na tumi nyinaa fi no. (Hiob 37:23) Eyi ho hia, efisɛ nyansahufo ahu sɛ yebetumi adan ahoɔden a yenya fi abɔde mu no ayɛ nneɛma afoforo. Bible ka sɛ “ahoɔden dodow” a wɔde bɔɔ amansan no Fibea ne Onyankopɔn. (Yesaia 40:26) Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ ɔde ne tumi bedi dwuma de awowaw n’abɔde, efisɛ Bible no ka fa owia, ɔsram, ne nsoromma ho sɛ: “[Onyankopɔn] ma ne nyinaa gyina daa daa.”Dwom 148:3-6.

NEA ENTI A ƐHO HIA

Nsoromma ho nimdefo Allan Sandage, kae bere bi sɛ: “Nyansahu rentumi mma yenya nsɛmmisa a emu dɔ paa ho mmuae. Ɔkwan a amansan yi faa so bae no boro nyansahu so.” Ɛnyɛ adebɔ nkutoo na Bible no kyerɛkyerɛ mu ma ɛne nyansahu hyia, mmom no, ebua nsɛmmisa a nyansahu ntumi mmua—ebi ne, Dɛn nti na Onyankopɔn bɔɔ asase ne adesamma? *

^ nky. 16 Sɛ wopɛ nsɛm pii a, hwɛ Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? nhoma no ti 3. Yehowa Adansefo na wotintimii. Ɛsan wɔ Intanɛt so wɔ www.dan124.com.