Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Asikreyare—Wobɛtumi Abɔ Wo Ho Ban Kakra

Asikreyare—Wobɛtumi Abɔ Wo Ho Ban Kakra

ASIKREYARE reyɛ nnipa bebree wɔ wiase nyinaa; ɛreyɛ ayɛ amansan yare mpo. Asikreyare gu ahorow mmienu. Yɛfrɛ baako type 1, ɛnna yɛfrɛ baako nso type 2. Deɛ ɛdi kan no taa yɛ nkwadaa, na seesei adɔkotafo nhu kwan a wɔbɛfa so asiw ano. Wohwɛ wiase nyinaa a, wɔn a wɔwɔ asikreyare no, ɔha mu 90 yɛ type 2 no bi a, enti ɛno na yɛrebɛka ho asɛm.

Kane no, na yɛnim sɛ mpanyimfo nko ara na type 2 yɛ wɔn, nso nnansa yi deɛ, ɛyɛ nkwadaa nso. Nanso yare no ho animdefo kyerɛ sɛ yɛbɛtumi ayɛ biribi de abɔ yɛn ho ban kakra. Yare yi tumi wia nnipa, enti sɛ yɛnya ho nimdeɛ kakra a, ɛbɛboa yɛn. *

Dɛn Ne Asikreyare?

Yɛka sɛ obi anya asikreyare a, ɛkyerɛ sɛ asikre a ɛwɔ ne mogya mu dɔɔso boro so. Sɛ yare yi ka obi a, nkwammoaa a ɛwɔ ne mu no ntumi mfa asikre a ɛwɔ ne mogya mu no nyɛ adwuma na ama wanya ahoɔden. Ɛba saa a, ɛtumi sɛe ne nipadua mu nneɛma bi; ne mogya nni aforosiane yiye; ɛtɔ da a, ɛtumi ma yɛtwitwa ne nansoaa anaa ne nan mpo; n’ani tumi fura na n’asaabo tumi sɛe. Wɔn a wɔwɔ asikreyare no, deɛ ɛku wɔn paa ne komayare ne strok.

Sɛ srade dɔɔso wɔ obi mu a, ɔtumi nya type 2 no bi ntɛm. Yare no ho animdefo kyerɛ sɛ, sɛ srade ba obi yam bebree anaa ɛda ne sisi mu pii a, anhwɛ a, ɔbɛnya yare no bi. Nea ɛwom paa ne sɛ, sɛ srade ba akitegya (pancreas) ne wo berɛbo mu a, ɛremma mogya nni aforosiane yiye. Dɛn na wobɛtumi ayɛ de abɔ wo ho ban kakra?

 Nneɛma Mmiɛnsa Bi Bɛtumi Abɔ Wo Ho Ban Kakra

1. Wohwɛ na ebi bɛtumi ayɛ wo a, kɔ ma yɛnhwɛ asikre dodow a ɛwɔ wo mogya mu. Ansa na obi bɛnya type 2 no bi no, ɛtɔ da a ɔdi kan nya yare bi a yɛfrɛ no prediabetes, kyerɛ sɛ, asikre a ɛwɔ ne mogya mu boro so kakra. Type 2 ne prediabetes nyinaa yɛ hu, nanso nsonsonoe wom. Ɛne sɛn? Ɛne sɛ, asikreyare no, wobɛtumi ayɛ ho biribi, nanso wontumi ntu ase. Nanso, prediabetes deɛ, ebinom atumi ayɛ ama asikre a ɛwɔ wɔn mogya mu no asan ayɛ yiye. Sɛ obi wɔ prediabetes a, anhwɛ a biribiara nkyerɛ sɛ ɔwɔ bi, enti ebia ɔrenhu mpo sɛ ɔwɔ bi. Amanneɛbɔ kyerɛ sɛ, wiase nyinaa, nnipa bɛyɛ ɔpepem 316 na wɔwɔ prediabetes, nanso pii nnim sɛ wɔwɔ bi. Wohwɛ United States sei a, wɔn a wɔwɔ prediabetes no, ɔha biara mu 90 nnim sɛ wɔwɔ bi.

Kae hu sɛ prediabetes yɛ hu. Ɛtumi ma obi nya type 2 asikreyare no bi. Ɛno da nkyɛn a, ɛbɛtumi aka onipa no adwene. Sɛ woayɛ kɛse aboro so, wontaa ntenetene w’apɔw mu anaa asikreyare wɔ wo fie a, ɛbɛtumi aba sɛ wowɔ prediabetes. Sɛ wokɔhwɛ wo mogya mu a, ɛno na ɛbɛma woahu sɛ wowɔ bi anaasɛ wonni bi.

2. Di aduan pa. Nea yɛrebɛka yi, bere biara a wode bɛyɛ adwuma no, ɛbɛboa wo: Te w’aduan so. Wode bɛnonom mfremfremadeɛ deɛ, fa nom nsu, tii, anaa kɔfe. Di brawn brɛɛd, ɛmo kɔkɔɔ ne spageeti. Ɛno yɛ papa sen nnuan a yɛasɔ ho ama ntɛtɛ nyinaa afi ho. We mogyanam a srade pii nnim, nsuomnam, nkateɛ ne adua.

3. Tenetene w’apɔw mu. Sɛ wotenetene w’apɔw mu a, asikre dodow a ɛwɔ wo mogya mu no, ɛso bɛte na ɛremma wonyɛ kɛse pii. Onimdefo bi kae sɛ, bere a wode hwɛ TV no, fa bi tenetene w’apɔw mu.

Yare a ɛwɔ wo mogya mu deɛ, wontumi nsesa no, nanso wobɛtumi asesa aduan a wodi ne nneɛma a woyɛ. Sɛ yɛbɔ yɛn ho mmɔden hwɛ yɛn apɔwmuden yiye a, ɛbɛbɔ yɛn ho ban.

^ nky. 3 Nyan! deɛ, ɛnkyerɛ sɛ di wei anaa di wei, ɛnna ɛnkyerɛ ɛkwan pɔtee bi a ɛsɛ sɛ wofa so tenetene w’apɔw mu. Nea obiara pɛ sɛ ɔyɛ deɛ, ɛyɛ ɔno ara n’asɛm. Ɔbɛtumi akɔhu ne dɔkota ansa na wahu nea ɔbɛyɛ.