Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wiase Nsɛm

Wiase Nsɛm

Ecuador

Afe 2007 mu no, Ecuador mpanimfoɔ de too dwa sɛ wɔrepɛ sika bi de abɔ Amazon kwaeɛ no fã bi ho ban na nkurɔfoɔ ankɔtu fango wɔ hɔ. Kwaeɛ no kɛseɛ nenam akwansini 4,000 (kilomita 10,000). Wɔannya amannɔne kuo biara ansɔ wɔn asene, enti wɔato wɔn adwenem. Kwaeɛ no fã a wɔpɛ sɛ wɔbɔ ho ban no, nnua ne mmoa pii wɔ hɔ sene kwaeɛ a ɛwɔ wiase no bebree.

Japan

Koowaa krataa bi ka sɛ, mogya a wɔde ma nkurɔfoɔ no, sɛ wɔde fa afidie mu a, wɔnhunu HIV mmoawa no wom. (The Japan News) Wɔde amanneɛbɔ yi too dwa berɛ a afe 2013 mu no, wɔmaa papa bi a wanya bɛyɛ mfie 60 mogya maa ɔnyaa HIV mmoawa no. Sɛ obi twe ne mogya na HIV mmoawa wom a, amonom hɔ ara ebia wɔnhunu gye sɛ ɛkyɛ kakra.

Zimbabwe

Ɛwom sɛ ɛhyeɛ so ntɔkwa a ɛkɔɔ so wɔ Zimbabwe ne Mozambiquefoɔ ntam no atwa bɛboro mfie 30 deɛ, nso atopaeɛ a ɛhyehyɛ fam da so ara pirapira nnipa, na ɛkunkum ebinom. Amanneɛbɔ kyerɛ sɛ, “Ɛfiri 1980 no, nnipa bɛboro 1,500 ne mmoa 120,000 na atopaeɛ yi akunkum wɔn, na nnipa 2,000 na adi wɔn dɛm wɔ Zimbabwefoɔ hyeɛ so.”—International Committee of the Red Cross.

Australia

Nkurɔfoɔ ayɛ nhwehwɛmu ahunu sɛ, awarefoɔ a wɔgyae awareɛ no, dodoɔ no ara ko ayɛmmoa ho. Sɛ wɔkyɛ adan, sika ne wɔn agyapadeɛ a aka wie a, ayɛmmoa na ɛdi hɔ.