Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Ɔdɔ a Wɔdaa no Adi no Kaa Yɛn Koma Paa”

“Ɔdɔ a Wɔdaa no Adi no Kaa Yɛn Koma Paa”

NEPAL yɛ ɔman bi a ɛda India atifi fam, na ɛhɔ yɛ mmepɔwmmepɔw. Memeneda, April 25, 2015 no, asasewosow kɛse bi sii ɔman no mu. Esii wɔ ɔman no ahenkurow Kathmandu atifi fam atɔe. Efi Kathmandu rekɔ baabi a esii no bɛyɛ akwansin 50 anaa kilomita 80. Nnipa bɛboro 8,500 na wowuwui; ná ani yɛ nyan paa. Wohwɛ Nepal abakɔsɛm mu a, atoyerɛnkyɛm biara nni hɔ a akunkum nnipa saa. Afie bɛboro mpem ahanum na ɛsɛee. Yehowa Adansefo 2,200 na ɛwɔ Nepal. Ná wɔn mu fã kɛse no ara tete baabi a asasewosow no sii no. Awerɛhosɛm ne sɛ, Yehowa Danseni baako ne ne mma mmienu hweree wɔn nkwa.

Yehowa Danseni bi a yɛfrɛ no Michelle kaa sɛ: “Baabi a asasewosow no sɛee ade paa no, ná asafo a ɛwɔ hɔ no reyɛ Kristofo nhyiam bere a asasewosow no sii no. Sɛ na wɔn mu pii wɔ fie a, anka wɔn a wobewu dɔɔso.” Adɛn nti na wɔn a na wɔwɔ asafo nhyiam ase no anwuwu? Sɛnea wosisii Ahenni Asa no ka ho bi paa.

“AFEI NA YƐAHU NEA ENTI A YESI NO SAA!”

Ahenni Asa a wosisi no nnansa yi wɔ Nepal no, wosi no sɛnea ɛbɛyɛ a asasewosow rentumi nnwiriw ngu. Man Bahadur ka wɔn a wosisi Ahenni Asa no ho. Ɔkaa sɛ: “Nkurɔfo taa ka kyerɛ yɛn sɛ adan a yesisi no susua nso yɛyɛ ne fapem no denneennen. Afei na yɛahu nea enti a yesi no saa!” Asasewosow no akyi no, Yehowa Adansefo maa kwan sɛ nkurɔfo betumi akɔbɔ wɔn ho adwaa wɔ Ahenni Asa a ɛwowɔ hɔ no so. Asasewosow nketenkete baa akyiri yi deɛ, nanso Ahenni Asa no nti, Yehowa Adansefo ne wɔn afipamfo ho anka.

Yehowa Adansefo ne wɔn afipamfo bɔɔ wɔn ho adwaa wɔ Ahenni Asa ahorow so

Atoyerɛnkyɛm no sii no, asafo mu mpanyimfo antena wɔn to so koraa na wofii ase hwehwɛɛ asafo no mufo a na wonhu wɔn no. Yehowa Danseni bi a yɛfrɛ no Babita kaa sɛ: “Mpanyimfo no kuu wɔn ho maa asafo no. Ɔdɔ a wɔdaa no adi no kaa yɛn koma paa.” Asasewosow no sii no, ade kyee pɛ na mmarima mmiɛnsa a wɔhwɛ Yehowa Adansefo adwuma no so wɔ Nepal fii ase srasraa asafo ahorow no. Wɔhwɛɛ nneɛma a wɔn a wɔn ho aka no behia ne mmoa a wobetumi de ama asafo mu mpanyimfo no. Wɔrekɔ no, na ahwɛfo a wotutu akwan hyɛ asafo ahorow no den nso ka wɔn ho.

Onua Gary Breaux fii Yehowa Adansefo adwuma no ti kɔsraa wɔn a asasewosow no dii wɔn nya no

Asasewosow no sii no, nnansia akyi na Gary Breaux ne ne yere Ruby fii Yehowa Adansefo adwuma no ti wɔ United States kɔɔ Nepal. Wɔn a wɔhwɛ Yehowa Adansefo adwuma no so wɔ Nepal no, baako ne Reuben. Ɔkaa sɛ, “Sɛnea na Kathmandu kurow no adane abutuw na asasewosow nketenkete rekɔ so nti, na yennye nni sɛ Onua Breaux betumi aba. Nanso na wasi ne bo sɛ ɔbɛba, na ɔde ɔseɛ yɛɛ ɔyɔ! Yehowa Adansefo a ɛwɔ Nepal no ani sɔɔ ne nsrahwɛ no paa.”

‘YƐABƐN YƐN NUANOM PAA’

Silas yɛ adwuma wɔ Yehowa Adansefo ɔfese a ɛwɔ Nepal. N’anom asɛm ni: “Yesiesiee yɛn tɛlɛfon no wiei pɛ, sɛ́ nkurɔfo refrɛ ara ni; tɛlɛfon no anhome mpo! Ná yɛn nuanom Adansefo a ɛwɔ wiase baabiara pɛ sɛ wɔte yɛn nka. Ebinom wɔ hɔ a na yɛnte wɔn kasa, nanso yehuu sɛ wɔdɔ yɛn paa, na wɔpɛ sɛ wɔboa yɛn.”

Adansefo nnuruyɛfo a wofi Europe boaa wɔn a wɔn ho aka no

Asasewosow no akyi no, Yehowa Adansefo a ɛwɔ Nepal no de nnuane kɔɔ Ahenni Asa ahorow so kɔmaa wɔn a ade ahia wɔn no. Wɔyɛɛ saa nna pii. Ɛnyɛ ɛno nko. Wɔtew Atoyerɛnkyɛm Bere Mu Aboafo Kuw bi. Yɛrekasa yi na nneɛma fi Bangladesh, India, ne Japan reba waawaa. Ankyɛ koraa na nnuruyɛfo bi yii wɔn ti. Ná wɔn nyinaa yɛ Yehowa Adansefo a wofi Europe. Wɔhyehyɛɛ wɔn nneɛma wɔ Ahenni Asa baako so. Woduu hɔ ara na wofii adwuma ase. Wɔhwɛɛ wɔn a atoyerɛnkyɛm no ama wɔapira no. Wɔn a atoyerɛnkyɛm no ama wɔabɔ hu nso, wɔboaa wɔn.

Ɔbaa bi a yɛfrɛ no Uttara kaa asɛm bi a na ɛda nnipa bebree koma so. Ɔkaa sɛ: “Ná asasewosow no yɛ hu, na na ani yɛ nyan. Nanso ɛno akyi no, yehuu sɛ yɛabɛn yɛn nuanom a yɛne wɔn som no paa.” Ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa ne yɛn nuanom no, asasewosow no ansɛe no. Mmom, ɛhyɛɛ mu gya.