Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ƆKWAN A WƆFA SO NYA ANIGYE

Ma W’ani Nsɔ Nea Wowɔ Na Da Ayamye Adi

Ma W’ani Nsɔ Nea Wowɔ Na Da Ayamye Adi

WONTAA NTE SƐ EBINOM GYINA AGYAPADE ANAA SIKA A OBI WƆ SO NA ƐKYERƐ SƐ ONIPA NO DI YIYE ANAASƐ ƆWƆ ANIGYE? Esiane saa adwene yi nti, nnipa ɔpepem pii de nnɔnhwerew bebree yɛ adwumaden sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya sika pii. Nanso sɛ wohwɛ a, sika ne agyapade betumi ama yɛanya anigye a ɛto rentwa da? Dɛn na adanse ahorow ama ada adi?

Nhoma bi ka sɛ sɛ yɛn nsa ka nneɛma a yehia da biara da wɔ asetenam no wie a, sika bebree a yebenya wɔ ɛno akyi no remma anigye anaa yiyedi a yɛwɔ no nyɛ kɛse. (Journal of Happiness Studies) Ɛnyɛ sika ne asɛm no. Mmom sɛnea nhoma bi kyerɛ no, “ɛyɛ [sika] a yɛpere hwehwɛ no na ɛmma yɛn ani nnye.” (Monitor on Psychology) Saa asɛm yi ne Bible mu asɛm bi a wɔkyerɛw no bɛyɛ mfe mpem mmienu ni no di nsɛ: “Sikanibere yɛ bɔne nyinaa ntini, na ebinom adi akyi ma . . . wɔde yaw bebree awowɔ wɔn ho nyinaa.” (1 Timoteo 6:9, 10) Dɛn ne saa ɛyaw no bi?

AHONYADE A ƐSƐ SƐ YƐBƆ HO BAN NTI, EGYAW YƐN ADWINNWEN NE KƆDAANNA. “Sɛ ɔsomfo didi kakraa bi oo, sɛ odidi pii oo, ne nna yɛ no dɛ; na ɔdefo adedodow mma ontumi nna.”—Ɔsɛnkafo 5:12.

ANIGYE A YƐHWƐ KWAN SƐ YEBENYA NO, SƐ YƐN NSA ANKA A, YƐN ABAM BU. Ɛtɔ mmere bi a, nea enti a obi abam bu ne sɛ, sɛ onipa no ani bere sika a, sika mmee no da. “Nea ɔpɛ dwetɛ no, dwetɛ mmee no, na nea ɔpɛ adedodow nso, ahonyade mmee no.” (Ɔsɛnkafo 5:10) Afei nso, sɛ obi nte ahonyade ho gyae a, anhwɛ a ɔde nneɛma a ehia paa a ɛde anigye ba no bɛto nkyɛn. Saa nneɛma no bi ne bere a obenya ama n’abusua ne ne nnamfo, anaa bere a obenya de asom Onyankopɔn.

SƐ YƐN SIKA ANAA YƐN DWETIRI HYEW ANAA ƐSO TEW A, ƐDE AWERƐHOW NE ATEETEE BA. “Mmiri wo mogya ani mpɛ ahonyade. Mfa wo ho nto wo ntease so. Ɛno na wode w’ani ato so, bere a ɛyɛ adehunu? Efuw ntaban te sɛ ɔkɔre na etu kɔ.”—Mmebusɛm 23:4, 5.

SU AHOROW A ƐMA YƐN ANI GYE

ANISƆ. “Yɛamfa hwee amma wiase, na yɛrentumi nso mfa hwee mfi mu nkɔ. Enti sɛ yɛwɔ yɛn ano aduan ne nea yɛde kata yɛn ho a, yɛbɛma ɛno ara adɔɔso ama yɛn.” (1 Timoteo 6:7, 8) Nnipa a wɔn ani sɔ nea wɔwɔ no nwiinwii anaa wɔnkasakasa wɔ nneɛma ho. Afei nso, saa su yi mma wɔn ani mmere ade. Esiane sɛ wɔmpere nhwehwɛ nneɛma a wɔn sika ntumi ntɔ nti, wɔnkɔfa dadwen ne ɔhaw biara a ɛho nhia mmɛto wɔn ho so.

AYAMYE. “Ɔma mu wɔ anigye pii sen ogye.” (Asomafo Nnwuma 20:35) Nnipa a wɔwɔ ayamye no wɔ anigye, efisɛ sɛ wɔde wɔn bere anaa wɔn ahoɔden ketewaa bi mpo boa afoforo ma wɔn ani gye a, ɛyɛ wɔn dɛ. Mpɛn pii no, nea wonya ma ɛboro so no, sika biara ntumi ntɔ. Wonya ɔdɔ, obu, ne nnamfo pa a wɔn so da ayamye no bi adi kyerɛ wɔn!—Luka 6:38.

ƐSƐ SƐ NNIPA HO HIA WO SEN AGYAPADE. “Nhabamma aduan a ɔdɔ wom ye sen nantwi a wadɔ na ɔtan bata ho.” (Mmebusɛm 15:17) Dɛn na wei kyerɛ? Sɛ ɔdɔ wɔ yɛne afoforo ntam a, ɛho hia sen ahonyade. Sɛnea akyiri yebehu no, ɔdɔ ho hia na ama yɛn ani agye.

Ɔbea bi wɔ South America a ne din de Sabina. Obehui sɛ mfaso wɔ Bible afotusɛm so. Sabina kunu guan gyaw ne hɔ, enti na ɔbere ne mogya ani sɛnea ɛbɛyɛ a ɔne ne mmabaa mmienu benya nneɛma a wohia wɔ asetenam. Ná ɔyɛ adwuma mmienu, enti na ɛsɛ sɛ da biara ɔsɔre ahemadakye 4:00. Ɛmfa ho sɛ na Sabina nni adagyew koraa no, osii gyinae sɛ obesua Bible no. Dɛn na efii mu bae?

Ɛwom sɛ ne sikasɛm ansesa de, nanso anigye a ɔwɔ wɔ asetenam no yɛɛ kɛse. Ɛho nhwɛso ne sɛ, ne nsa kaa ne honhom mu ahiade, kyerɛ sɛ ɔne Onyankopɔn ntam yɛɛ papa, na wei maa n’ani gyei. (Mateo 5:3) Obenyaa nnamfo pa wɔ nnipa a ɔne wɔn som Onyankopɔn no mu. Nea osuae no, ɔkaa ho asɛm kyerɛɛ afoforo, na ɛno maa n’ani gyei pa ara efisɛ wama biribi.

Bible ka sɛ “nyansa nam ne nnwuma so di bem.” (Mateo 11:19) Sɛ yegyina nea yɛaka yi so de a, ɛnde sɛ obi ma n’ani sɔ nea ɔwɔ, ɔda ayamye adi, na ɔma nnipa ho hia no sen agyapade a, ɛyɛ ampa sɛ ɛbɛma n’ani agye!