Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nea Nyansahufo Rentumi Mma Yenhu

Nea Nyansahufo Rentumi Mma Yenhu

Nyansahufo bɔ mmɔden sɛ wobesua biribiara a ɛwɔ amansan yi mu no ho ade. Nanso nsɛmmisa a ɛho hia pii wɔ hɔ a, wontumi nyii ano.

Nyansahufo atumi ama yɛahu nea ɛyɛe a amansan yi ne nkwa bae anaa? Yebetwa no tiawa a, daabi. Ebinom kyerɛ sɛ, nyansahufo a wosua amansan yi ho ade no betumi akyerɛ nea ɛyɛe a ɛbae. Marcelo Gleiser yɛ nsoromma ho nimdefo bi a ɔkyerɛ ade wɔ Dartmouth College. Ɔno de, onhu sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ anaa onni hɔ. Ɔkaa sɛ: “Nea ɛyɛe a amansan yi bae no, yentumi nkyerɛkyerɛɛ mu da. Nea yɛreyɛ no de, yɛretwerɛtwerɛ ntoa ho.”

Bere a nsɛmma nhoma bi a wɔfrɛ no Science News rekyerɛkyerɛ nea ɛyɛe a nkwa bae mu no, ɛkaa sɛ: “Nea ɛyɛe paa a nkwa baa asaase so no, ɛbɛyɛ den sɛ yebehu. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, adanse ahorow a anka nyansahufo betumi agyina so ayɛ saa asɛm yi mu nhwehwɛmu no, emu pii wɔ hɔ a, ayera nsesa mu.” Asɛm a ɔbenfo no kae ne nea nsɛmma nhoma no kae no nyinaa ma yehu sɛ, nea ɛyɛe a amansan yi ne nkwa bae paa de, nyansahufo ntumi nkyerɛkyerɛɛ mu.

Nanso ebia wubebisa sɛ, ‘Sɛ obi na ɛtoo ne bo ase bɔɔ asaase yi ne nneɛma a ɛwɔ so no a, ɛnde ɛyɛ hena?’ Ebi nso a, na woabisa nsɛm a edidi so yi bi pɛn: ‘Sɛ Ɔbɔadeɛ bi a ɔwɔ nyansa na ɔwɔ ɔdɔ wɔ hɔ a, ɛnde adɛn nti na ɔhwɛ ma nnipa brɛ saa? Adɛn nti na wama kwan ama ɔsom ahorow abu so saa? Adɛn nti na n’asomfo yɛ nneɛma bɔne, na ɔnyɛɛ ho hwee?’

Saa nsɛmmisa yi, sɛ nyansahufo twe wɔn mu tann a wɔrentumi nyi ano da. Nanso ɛno kyerɛ sɛ yɛrentumi nnya ho mmuae a ɛtɔ asom anaa? Nea ɛte ne sɛ, nnipa pii anya saa nsɛmmisa yi ho mmuae wɔ Bible mu, na ama wɔn ani agye.

Nyansahufo bi ato wɔn bo ase adɔ Bible no mu asukɔ, na wɔahu sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ. Sɛ wopɛ sɛ wuhu nea ama wɔanya saa gyidi no a, kɔ jw.org/tw. Sɛ wokɔ hɔ a, bɔ “nea ɛyɛe a nkwa bae, nea nkurɔfo aka” hyɛ Hwehwɛ afã hɔ.