Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Numeri Nhoma no Mu Nsɛntitiriw

Numeri Nhoma no Mu Nsɛntitiriw

Yehowa Asɛm Wɔ Nkwa

Numeri Nhoma no Mu Nsɛntitiriw

BERE a Israelfo no tu fii Misraim no akyi no, wɔhyehyɛɛ wɔn yɛɛ wɔn ɔman. Na anka wobetumi adu Bɔhyɛ Asase no so wɔ ɛno akyi bere tiaa bi, nanso wɔannu. Mmom no, na ɛsɛ sɛ wɔnantenantew “sare kɛse a ɛso yɛ hu” bi so bɛyɛ mfe aduanan. (Deuteronomium 8:15) Dɛn ntia? Abakɔsɛm ho kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Bible mu nhoma a ɛne Numeri mu no ka nea esii kyerɛ yɛn. Ɛsɛ sɛ ɛka yɛn ma yehu hia a ehia sɛ yɛyɛ osetie ma Yehowa Nyankopɔn na yebu n’ananmusifo.

Mose na ɔkyerɛw saa nhoma no wɔ sare so ne Moab Tataw so. Numeri nhoma no ka nsɛm a esisii wɔ mfe 38 ne asram 9 mu ho asɛm—efi afe 1512 A.Y.B. kosi afe 1473 A.Y.B. (Numeri 1:1; Deuteronomium 1:3) Wonyaa ne din no fii kan a wɔkan Israelfo no mprenu wɔ bɛyɛ mfe 38 ntam no mu. (Ti 1-4, ne ti 26) Wɔakyɛ kyerɛwtohɔ no mu abiɛsa. Ɔfã a edi kan no ka nsɛm a esisii wɔ Bepɔw Sinai ho no ho asɛm. Nea ɛto so abien no ka nea esisii bere a na Israelfo no nenam sare so no ho asɛm. Ɛnna ɔfã a etwa to no nso ka nsɛm a esisii wɔ Moab Tataw so ho asɛm. Bere a worekenkan saa kyerɛwtohɔ yi no, wubetumi abisa wo sɛ, ‘Dɛn na misua fi saa nsɛm yi mu? So nnyinasosɛm bi wɔ nhoma yi mu a ɛbɛboa me nnɛ?’

WƆ BEPƆW SINAI HO

(Numeri 1:1–10:10)

Nnipakan ahorow abien ho kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Numeri nhoma no mu no mu nea edi kan no kɔɔ so bere a na Israelfo no da so wɔ Bepɔw Sinai ase no. Sɛ Lewifo no nka ho a, na mmarima a wɔadi mfe 20 ne nea ɛboro saa dodow yɛ 603,550. Ɛda adi sɛ akodi nti na wɔkan nnipa no. Na nnipa a wɔwɔ nsraban no mu nyinaa, mmea, mmofra, ne Lewifo no dodow boro ɔpepem abiɛsa.

Wɔ nnipakan no akyi no, Israelfo no nyaa akwankyerɛ faa sɛnea wobetu afi baabi akɔ baabi foforo, Lewifo asɛyɛde ne sɛnea wɔbɛsom wɔ ntamadan mu, ɔyarefo a wɔma ɔno nkutoo kɔtra baabi, ne nsɛm a ɛfa ninkuntwe ne Ahotuafo bɔhyɛ ahorow ho mmara ho. Ti 7 no ka afɔrebɔde a mmapɔmma a wɔwɔ mmusuakuw no mu de bae ma wɔde dwiraa afɔremuka no ho asɛm. Ti 9 no nso ka Twam afahyɛdi ho asɛm. Wɔmaa asafo no akwankyerɛ wɔ sɛnea wɔbɛbɔ nsra ne sɛnea wobetu akɔ baabi foforo nso ho.

Kyerɛwsɛm Mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

2:1, 2—Ná dɛn ne “nsɛnkyerɛnne” a na ɛsɛ sɛ mmusuakuw abiɛsa abiɛsa no bɔ ho nsra hyia wɔ sare so no? Bible no nkyerɛkyerɛ nsɛnkyerɛnne kõ a na eyinom yɛ mu. Nanso, wɔammu no sɛ ade kronkron anaa ɔsom mu adeyɛ bi. Na nsɛnkyerɛnne no kyerɛ nkurɔfo kwan kɔ wɔn atrae wɔ nsraban no mu.

5:27—Dɛn na ɔyere a wasɛe aware ‘asen a ɛbɛtotɔ mu’ no kyerɛ? Wɔde asɛmfua ‘asen’ gyina hɔ ma awode wɔ ha. (Genesis 46:26) Totɔ a ‘ɛbɛtotɔ mu’ no kyerɛ sɛ awode yi bɛsɛe ma ontumi mfa yafunu.

Asuade a Ɛwom Ma Yɛn:

6:1-7. Ná ɛsɛ sɛ Ahotuafo no twe wɔn ho fi bobe ho biribiara ne nsã a ɛbow nyinaa ho, na na ɛhwehwɛ sɛ wɔde nneɛma bi kame wɔn ho. Ná ɛnsɛ sɛ woyi wɔn ti—na ɛyɛ sɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ wɔbrɛ wɔn ho ase hyɛ Yehowa ase, sɛnea na ɛsɛ sɛ mmea brɛ wɔn ho ase hyɛ wɔn kununom anaa wɔn agyanom ase no ara pɛ. Na ɛnsɛ sɛ Ahotuafo no bɛn funu biara, a nea ɛyɛ wɔn ankasa busuani a ɔbɛn wɔn paa mpo de ka ho, na ama wɔn ho atew. Bere nyinaa asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ nso da ahofama adi bere a ɛsɛ sɛ wɔde nneɛma kame wɔn ho na wɔbrɛ wɔn ho ase hyɛ Yehowa ne n’ahyehyɛde ase no. Dwumadi ahorow bi wɔ hɔ a etumi de saafo yi kɔ ɔman foforo a ɛwɔ akyirikyiri so, a ebetumi ayɛ den ama wɔn anaasɛ ɛrentumi nyɛ yiye mma wɔn mpo sɛ wobetumi asan akɔ wɔn kurom akɔ wɔn busuani bi a ɔbɛn wɔn paa ayi.

8:25, 26. Sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya mmarima a wɔwɔ ahoɔden ayɛ Lewifo som adwuma no, ne susuw a na wosusuw wɔn mfe ho nti, wɔhyɛɛ mmarima a wɔanyinyin no sɛ wonnyae adwuma no nkogye wɔn ahome. Nanso, na wobetumi atu wɔn ho ama aboa Lewifo afoforo. Ɛwom sɛ ɛnnɛ wɔnka sɛ obi nnyae Ahenni dawurubɔ nkɔtra fie de, nanso adwene a ɛwɔ saa mmara no mu no ma yɛn asuade a mfaso wɔ so. Sɛ esiane Kristoni bi mfe a akɔ anim nti, ontumi nnni asɛyɛde ahorow bi ho dwuma a, obetumi ayɛ ɔsom adwuma no fã a n’ahoɔden betumi.

SARE SO ANANTEWANANTEW

(Numeri 10:11–21:35)

Bere a omununkum no maa ne ho so fii ntamadan no so no, Israelfo no hyɛɛ akwantu bi a na ebedi mfe 38 ne ɔsram biako anaa abien a na ɛde wɔn bɛkɔ Moab tataw no so ase. Ebetumi ayɛ nea mfaso wɔ so sɛ wubedi wɔn anammɔn akyi wɔ asase mfonini a ɛwɔ nhomawa a ɛne ‘Hwɛ Asase Pa No’ a Yehowa Adansefo tintimii no kratafa 9.

Bere a wɔnam Paran sare so rekɔ Kades no, anyɛ yiye koraa no wonwiinwii mprɛnsa. Anwiinwii a edi kan no to twae bere a Yehowa maa ogya bɛhyew nkurɔfo no bi no. Nea edi hɔ no, Israelfo no sui sɛ wɔpɛ nam, na Yehowa maa wɔn mmoko. Nea ɛto so abiɛsa no, Miriam ne Aaron kasa tiaa Mose, na ɛno maa kwata yɛɛ Miriam bere tiaa bi.

Bere a na wɔabɔ nsra wɔ Kades no, Mose somaa mmarima 12 sɛ wɔnkɔhwɛ sɛnea Bɔhyɛ Asase no te. Nnafua 40 akyi na wɔsan bae. Esiane sɛ nkurɔfo no gyee akwansrafo no mu du amanneɛbɔ bɔne no dii nti, wɔpɛe sɛ wosiw Mose, Aaron, ne akwansrafo anokwafo, Yosua ne Kaleb abo. Yehowa kae sɛ anka ɔbɛma owuyare abobɔ wɔn, nanso Mose srɛ maa wɔn na Onyankopɔn kae sɛ ɛnde wɔbɛnantew basabasa wɔ sare no so mfe 40 akosi sɛ wɔn a wɔkan wɔn mfiase no bewuwu.

Yehowa maa wɔn mmara foforo bio. Kora ne afoforo bi tew atua tiaa Mose ne Aaron, na wɔde ogya hyew atuatewfo no bi, na asase menee ebinom nso. Ade kyee no, asafo mũ no nyinaa nwiinwii hyɛɛ Mose ne Aaron. Ɛno nti, Yehowa maa ɔyaredɔm bekunkum nnipa 14,700. Nea ɛbɛyɛ na wɔahu nea Onyankopɔn apaw no sɛ ɔsɔfo panyin no, ɔmaa Aaron poma fefɛwee. Afei Yehowa san maa wɔn mmara foforo a ɛfa Lewifo asɛyɛde ne nkurɔfo no ahodwira ho. Na nantwibere kɔkɔɔ nsõ a wɔde yɛ ɔman no ahodwira no yɛ Yesu afɔrebɔ a na ɛbɛtew yɛn ho no ho mfonini.—Hebrifo 9:13, 14.

Israelfo no san kɔɔ Kades, na ɛhɔ na Miriam wui. Asafo no nwiinwii hyɛɛ Mose ne Aaron bio. Dɛn na ɛma wonwiinwii? Na wonnya nsu nnom. Esiane sɛ Mose ne Aaron amfa anuonyamhyɛ amma Yehowa din wɔ nsu a ɔde maa wɔn anwonwakwan so ho no nti, wɔannya kwan anhyɛn Bɔhyɛ Asase no so bi. Israel tu fii Kades, na Aaron wui wɔ Bepɔw Hor so. Bere a na Israelfo no retwa Edom ho hyia no, wɔbrɛe na wɔkasa tiaa Onyankopɔn ne Mose. Yehowa maa awɔ a wɔn ano wɔ bɔre bɛkekaa wɔn de twee wɔn aso. Mose san srɛ maa wɔn bio, na Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ kɔbere ɔwɔ na ɔmfa no nsɛn dua so na wɔn a awɔ akeka wɔn no nhwɛ na wonnya nkwa. Na ɔwɔ no yɛ Yesu Kristo a wɔbɛbɔ no asɛnduam ma yɛanya ɛso mfaso daa no ho mfonini. (Yohane 3:14, 15) Israel dii Amorifo Ahene Sihon ne Og so nkonim, na wɔfaa wɔn nsase.

Kyerɛwnsɛm Mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

12:1—Dɛn nti na Miriam ne Aaron kasa tiaa Mose? Ɛda adi sɛ nea enti a wɔkasa tiaa no ankasa ne sɛ na Miriam pɛ tumi a ɛkorɔn. Ebetumi aba sɛ bere a Mose yere Sipora san bɛkaa ne ho wɔ sare no so no, na Miriam suro sɛ wɔremmu no sɛ ɔbaapanyin wɔ nsraban no mu bio.—Exodus 18:1-5.

12:9-11—Dɛn nti na Miriam nkutoo na kwata yɛɛ no? Ɛda adi yiye sɛ ɔno na ɔde adwene no bae na ɔdaadaa Aaron ma ɔbɛkaa ne ho. Aaron daa su pa adi denam ka a ɔkaa ne bɔne no so.

21:14, 15—Nhoma bɛn na wɔbɔɔ din wɔ ha yi? Kyerɛwnsɛm no ka nhoma ahorow a Bible akyerɛwfo no yii wɔn nsɛm fii mu ho asɛm. (Yosua 10:12, 13; 1 Ahene 11:41;14:19, 29) ‘Yehowa akodi nhoma no’ yɛ nhoma a ɛte saa no mu biako. Ná ako a Yehowa nkurɔfo adi wɔ abakɔsɛm mu ho kyerɛwtohɔ na ɛwom.

Asuade a Ɛwom Ma Yɛn:

11:27-29. Mose yɛ nhwɛso fɛfɛ ma yɛn wɔ sɛnea ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade bere a afoforo anya hokwan wɔ Yehowa som adwuma no mu no. Sɛ anka Mose bɛma ahoɔyaw ama wahwehwɛ anuonyam afa no, n’ani gyei sɛ Eldad ne Medad fii ase hyɛɛ nkɔm.

12:2, 9, 10; 16:1-3, 12-14, 31-35, 41, 46-50. Yehowa hwehwɛ sɛ n’asomfo bɛkyerɛ obu ama tumi a Onyankopɔn de ama afoforo no.

14:24. Ade titiriw a ɛbɛma yɛako atia wiase nhyɛso ahorow ne sɛ yebenya “honhom a ɛsono,” anaa adwene foforo. Ɛnsɛ sɛ ɛne wiase no de yɛ pɛ.

15:37-41. Na ɛsɛ sɛ Israelfo no ntama ano nnwow soronko no kae wɔn sɛ wɔyɛ nnipa a wɔayi wɔn sɛ wɔnsom Onyankopɔn na wonni ne mmara nsɛm so. So ɛnsɛ sɛ yɛn nso yɛde Onyankopɔn mmara bɔ yɛn bra na yɛyɛ soronko wɔ wiase no ho?

WƆ MOAB TATAW SO

(Numeri 22:1–36:13)

Bere a Israelfo no kɔbɔɔ nsra wɔ Moab tataw so no, Israelfo ho hu kaa Moabfo no. Enti, Moab hene Balak, bɔɔ Bileam paa sɛ ɔnkɔdome Israelfo. Nanso Yehowa hyɛɛ Bileam maa ohyiraa wɔn. Afei wɔmaa Moab ne Midian mmea daadaa Israelfo mmarima ma wɔde wɔn ho kɔhyɛɛ ɔbrasɛe ne abosonsom mu. Ɛno maa Yehowa sɛee abɔnefo 24,000. Awiei koraa no, Pinehas daa no adi sɛ ɔtwe ninkunu ma Yehowa ma ɔhaw no to twae.

Nnipakan a ɛto so abien no daa no adi sɛ na mmarima a wodii kan kan wɔn no mu biara nte ase, gye Yosua ne Kaleb nkutoo. Wɔka kyerɛɛ Yosua sɛ ɔno na obesi Mose ananmu. Israelfo no nyaa sɛnea wɔbɛbɔ afɔre ahorow ne bɔhyɛ ahorow ho akwankyerɛ. Israelfo no nso tɔɔ Midianfo so were. Ruben, Gad, ne Manase abusua no fã traa Yordan Asubɔnten no apuei fam. Wɔmaa Israelfo no akwankyerɛ wɔ sɛnea wobetwa Yordan asubɔnten no ne asase no a wɔbɛkɔ akɔfa no ho. Wɔkyerɛɛ sɛnea wobɛkyekyɛ asase no. Ná ntonto so na wɔbɛfa akyɛ asase no. Wɔmaa Lewifo no nkurow 48, na na ɛsɛ sɛ eyi mu 6 yɛ guankɔbea nkurow.

Kyerɛwnsɛm Mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

22:20-22—Dɛn nti na Yehowa abufuw baa Bileam so? Ná Yehowa aka akyerɛ Bileam sɛ ɔnnnome Israelfo no. (Numeri 22:12) Nanso, odiyifo no ne Balak mmarima no kɔe a na n’adwene ankasa ne sɛ ɔrekɔdome Israel. Ná Bileam pɛ sɛ ɔsɔ Moabfo hene no ani na onya akatua bi fi ne hɔ. (2 Petro 2:15, 16; Yuda 11) Mpo bere a wɔhyɛɛ Bileam sɛ onhyira Israelfo no na ɔnnnome wɔn no, ɔhene no anim dom a na Bileam repɛ nti, ɔhyɛɛ nyansa sɛ wɔmma mmea a wɔsom Baal no nnaadaa Israelfo mmarima no. (Numeri 31:15, 16) Enti, nea ɛmaa Onyankopɔn bo fuw odiyifo Bileam ne n’anibere bɔne no.

30:6-8—So Kristoni barima betumi ama ne yere agyae ne bɔhyɛ so di? Ɛdefa bɔhyɛ ho no, seesei Yehowa ne n’asomfo di sɛ ankorankoro. Sɛ nhwɛso no, ahosohyira yɛ bɔ a ankorankoro biara hyɛ Yehowa. (Galatifo 6:5) Okunu nni tumi sɛ obetwa saa bɔhyɛ no mu anaa ɔde bɛto nkyɛn. Nanso, ɛsɛ sɛ ɔyere kwati sɛ ɔbɛhyɛ bɔ a ɛne Onyankopɔn Asɛm nhyia anaasɛ ɛremma no nyɛ n’asɛyɛde a ɛsɛ sɛ ɔyɛ ma ne kunu.

Asuade a Ɛwom Ma Yɛn:

25:11. Yehowa som ho nsi ho nhwɛso bɛn ara na Pinehas yɛ maa yɛn sɛɛ yi! So ɛnsɛ sɛ ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yɛbɛtew asafo no ho no ka yɛn ma yɛka ɔbrasɛe a anibere wom biara a yenim ho asɛm kyerɛ Kristofo mpanyimfo no?

35:9-29. Nokwasɛm a ɛne sɛ na ɛsɛ sɛ onipakumfo a wanhyɛ da no guan fi ne fie kɔ guankɔbea kurow bi mu kɔtra hɔ kakra no, kyerɛ yɛn sɛ nkwa yɛ kronkron na ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ obu wɔ ho.

35:33. Wɔn a wɔka mogya gu no mogya nkutoo na wobetumi de apata ama wɔn a wɔnyɛɛ bɔne no mogya a ahura asase no ho. Hwɛ sɛnea ɛfata sɛ Yehowa bɛsɛe abɔnefo ansa na asase no adan paradise!—Mmebusɛm 2:21, 22; Daniel 2:44.

Onyankopɔn Asɛm Wɔ Tumi

Ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ obu ma Yehowa ne wɔn a wɔapaw wɔn sɛ wonni ne nkurɔfo anim no. Numeri nhoma no ma saa nokwasɛm yi mu da hɔ koraa. Asuade a ɛho hia a ɛbɛma asomdwoe ne biakoyɛ atra asafo no mu nnɛ bɛn ni!

Nsɛm a esisii a wɔaka wɔ Numeri nhoma no mu no kyerɛ sɛnea ɛyɛ mmerɛw koraa sɛ wɔn a wɔmma wɔn ani nku wɔne Onyankopɔn ntam abusuabɔ ho no betumi de wɔn ho ahyɛ bɔne te sɛ anwiinwii, ɔbrasɛe, ne abosonsom mu. Wobetumi de nhwɛso ne asuade ahorow a ɛwɔ saa Bible mu nhoma yi mu no ayɛ asafo mu ahiade afã a ɛwɔ Ɔsom Nhyiam mu no wɔ Yehowa Adansefo asafo ahorow mu. Nokwarem no, “Onyankopɔn asɛm wɔ nkwa, na ahoɔden wɔ mu,” na etumi nya yɛn asetra so tumi.—Hebrifo 4:12

[Mfonini wɔ kratafa 24, 25]

Yehowa kyerɛɛ Israelfo no sɛnea wɔbɛbɔ nsra ne sɛnea wobetu denam anwonwakwan so omununkum a ɔma ɛkataa ntamadan no so no so

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 26]

Yehowa fata sɛ yɛyɛ osetie ma no, na ɔhwehwɛ sɛ yebu n’ananmusifo nso