Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wɔn a Wodwo Benya Asase No

Wɔn a Wodwo Benya Asase No

Wɔn a Wodwo Benya Asase No

“Mihu sɛ nsakrae bɛba amansan yi mu na ama nneɛma akɔ yiye. . . . Nanso ɛnyɛ nnɛ asɛm, na mmom ɛbɛkyɛ ansa na yɛanya ɔsoro foforo ne asase foforo.”—Jean-Marie Pelt, Franseni abɔde ho ɔbenfo.

ESIANE sɛ nneɛma nkɔ yiye wɔ asase so nti, nnipa pii nyae a anka yɛn asase yi adan paradise. Nanso nnipa fii ase hwehwɛɛ nsakrae a ɛte saa akyɛ. Bere tenten ni a Bible hyɛɛ Paradise a ɛbɛsan aba asase so no ho bɔ. Yesu nsɛm a ɔkae, ‘wɔn a wodwo benya asase no’ ne “w’apɛde nyɛ hɔ wɔ asase so sɛnea ɛte wɔ soro” no ka nsɛm a nnipa pii nim wɔ Kyerɛwnsɛm mu no ho. (Mateo 5:5; 6:10) Nanso nnɛ, nnipa pii nnye nni sɛ asase bɛdan paradise ama wɔn a wodwo atra so. Nnipa dodow no ara a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo no nnim nea Paradise kyerɛ ankasa.

Fransefo nsɛmma nhoma bi kyerɛkyerɛ nea enti a Katolek Asɔre no nnye paradise—sɛ́ ɛwɔ soro anaa asase so—nni bio no mu sɛ: “Ɛmfa ho sɛ paradise ho asɛm bɛyɛɛ Katolek Asɔre no nkyerɛkyerɛ titiriw bɛyɛ mfe 1,900 no, seesei wɔagyae ho asɛm ka wɔ wɔn nhyiam akɛse ase, asɔfo nka ho asɛm Kwasida anɔpa, wɔmfa nkyerɛ ade wɔ asɔfo sukuu mu, na wɔayi afi gyidikasɛm ho adesua mu.” Wɔkyerɛ sɛ asɛmfua no ankasa yɛ “ahintasɛm a wontumi nte ase koraa.” Asɔfo binom boapa bu wɔn ani gu so efisɛ wosusuw sɛ “ɛka asase so anigye ho asɛm pii dodo.”—La Vie.

Frédéric Lenoir a ɔyɛ nnipa asetra ho nimdefo a waben wɔ nyamesom mu no ka sɛ, paradise ho nsɛm abɛyɛ “mfonoe.” Jean Delumeau a ɔyɛ abakɔsɛm kyerɛwfo na wakyerɛw asɛm no ho nhoma ahorow bi no nso susuw sɛ yɛremfa yɛn ani nhu Bible mu bɔhyɛ ahorow no mmamu, efisɛ ɛyɛ sɛnkyerɛnne ara kwa. Ɔkyerɛwee sɛ: “Mmuae a Kristofo nkyerɛkyerɛ de ma wɔ asɛmmisa, ‘Paradise nso ɛ?’ ho ne sɛ: Esiane yɛn agyenkwa no wusɔre nti, da koro yɛn nyinaa behyiam, na yɛadi dɛw.”

So asase so paradise ho asɛm da so ara hia? Dɛn ankasa ne yɛn asase yi daakye? So yebetumi ate nea ɛbɛba daakye ho asɛm ase yiye anaa yɛrentumi nte ase? Asɛm a edi hɔ no bɛma yɛanya nsɛmmisa yi ho mmuae.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 2]

AKYIRI MFONINI: Emma Lee/​Life File/​Getty Images