Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Momfa Mfirifiri Mo Ho Korakora

Momfa Mfirifiri Mo Ho Korakora

“Monkɔ so nnya mo ho abotare na momfa mfirifiri mo ho korakora.”—KOL. 3:13.

1, 2. Dɛn nti na ɛfata sɛ wususuw bɔne fafiri ho?

BIBLE ma yehu adwene a Yehowa wɔ wɔ bɔne ho ne sɛnea ɔyɛ n’ade bere a obi ayɛ bɔne. Bio nso N’Asɛm ma yehu sɛ ɔde bɔne firi. Adesua a edi eyi anim no ma yehuu nea enti a Yehowa de Dawid ne Manase bɔne firii wɔn. Nea wɔyɛe no haw wɔn paa na wɔkaa wɔn bɔne kyerɛɛ Yehowa. Afei wonuu wɔn ho korakora na wosii wɔn bo sɛ wɔrenyɛ bɔne a ɛte saa bio. Eyi na ɛma wonyaa Yehowa anim dom.

2 Afei momma yɛnhwɛ sɛnea yɛn ankasa betumi de afoforo mfomso afiri wɔn. Wo de, fa no sɛ nea Manase yɛe nti, wo busuani bi hweree ne nkwa. Wugye di sɛ anka wode befiri no? Eyi yɛ asɛm a ɛsɛ sɛ yesusuw ho efisɛ yɛte wiase bi a amumɔyɛsɛm, awudisɛm ne pɛsɛmenkominya abu so mu. Ɛnde, dɛn nti na ɛsɛ sɛ Kristofo sua sɛ wɔde bɔne befiri? Sɛ obi yɛ biribi tia wo a, dɛn na ɛbɛboa wo na woanya abotare na woayɛ nea ɛbɛsɔ Yehowa ani na wode onii no bɔne afiri no?

NEA ENTI A ƐSƐ SƐ YƐDE BƆNE FIRI

3-5. (a) Mfatoho bɛn na Yesu yɛe a ɛkyerɛ sɛ ehia sɛ yɛde bɔne firi? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ yesua fi Yesu asɛm a ɛwɔ Mateo 18:21-35 no mu?

3 Ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛde yɛn nuanom Kristofo ne afoforo mfomso befiri wɔn. Sɛ yɛyɛ saa a, ɛbɛboa ma asomdwoe atena yɛne yɛn abusuafo, yɛn nnamfonom, ne nnipa foforo ntam. Bio nso ɛbɛboa ma asomdwoe atena yɛne Yehowa ntam. Bible boa yɛn ma yehu sɛ ɛyɛ Kristofo asɛde sɛ wɔde afoforo bɔne firi wɔn. Ebia wɔbɛfom yɛn mpɛn pii nanso ɛsɛ sɛ yɛde firi wɔn. Yesu de akoa bi a na ɔde ne wura ka yɛɛ mfatoho. Asɛm no boa yɛn ma yehu nea enti a ehia sɛ yɛde afoforo bɔne firi wɔn.

 4 Ná akoa no de ne wura ka. Na ɛka no sõ, na sɛ ɔka sɛ ɔretua a, anka ebegye nnafua ɔpepem 60 na ɔde ayɛ adwuma atua. Nanso ne wura de ka no nyinaa kyɛɛ no. Ankyɛ na akoa yi huu akoa foforo a ɔde ne ka; na sika no yɛ nnafua 100 pɛ akatua. Akoa foforo yi srɛɛ ne yɔnko akoa no sɛ onnya abotare nanso ɔhyɛɛ no ketee sɛ ɔmfa ne sika mma no. Enti akoa a ne wura de ɛka kɛse akyɛ no no de ne yɔnko akoa no kɔtoo afiase. Asɛm no hyɛɛ wɔn wura no abufuw, na ɔkae sɛ: “So ɛnsɛ sɛ anka . . . wuhu wo yɔnko akoa mmɔbɔ sɛnea mihuu wo mmɔbɔ no?” Afei “ne wura no a asɛm no ahyɛ no abufuw no de [akoa a wamfa amfiri] no hyɛɛ afiasehwɛfo nsa, kosi sɛ obetua ka biara a ɔde.”—Mat. 18:21-34.

Dɛn na yesua fi Yesu mfatoho no mu?

5 Dɛn na Yesu pɛ sɛ yesua fi mfatoho yi mu? Osii asɛm no pɔw sɛ: “Saa ara na mo nso sɛ moamfi mo komam amfa amfiri mo nuanom a, me soro Agya ne mo bedi.” (Mat. 18:35) Yesu asɛm no mu da hɔ pefee. Efi bere a wɔwoo yɛn no, yɛayɛ bɔne mpɛn pii na yentumi nyɛ Yehowa apɛde pɛpɛɛpɛ, efisɛ yɛnyɛ pɛ. Nanso Yehowa ayɛ krado sɛ ɔde yɛn bɔne bɛkyɛ yɛn na wapopa afi hɔ korakora. Enti sɛ obi pɛ sɛ ɔbɛyɛ Yehowa adamfo a, ɛsɛ sɛ ɔde ne yɔnko nipa mfomso firi no. Eyi na na Yesu repɛ akyerɛ bere a ɔkae wɔ Bepɔw so Asɛnka no mu sɛ: “Sɛ mode nkurɔfo mfomso firi wɔn a, mo soro Agya nso de mo de befiri mo; sɛ moamfa nkurɔfo mfomso amfiri wɔn a, mo Agya nso remfa mo mfomso mfiri mo.”—Mat. 6:14, 15.

6. Dɛn nti na ɛtɔ da bi a ɛyɛ den sɛ yɛde obi bɔne befiri no?

6 Ebia wobɛka sɛ, ‘Ampa, ɛyɛ papa sɛ yɛde afoforo mfomso firi wɔn, nanso ne yɛ ne asɛm no.’ Eyi te saa efisɛ sɛ obi de asɛm a ɛyɛ yaw di wo a, ɛnyɛ mmerɛw sɛ wubegyaa mu saa. Sɛ obi hyia tebea a ɛte saa a, ebetumi ahyɛ no abufuw na wate nka sɛ onipa no ne no anni no yiye koraa. Ebia ɔbɛhwɛ sɛ nnipa no benya asotwe a ɛfata anaa ɔbɛyɛ  bi atua no ka mpo. Ɛtɔ bere bi a asɛm no betumi ahyɛ wo abufuw araa ma ɛbɛyɛ wo sɛ worentumi mfa nkyɛ onipa no da. Sɛ saa na wote nka a, dɛn na wobɛyɛ na woatumi de bɔne afiri sɛnea Yehowa aka sɛ yɛnyɛ no?

DƐN NA ƐMA WOTE NKA SAA?

7, 8. Sɛ obi yɛ biribi a w’ani nnye ho a, dɛn na ɛbɛboa wo ma wode afiri no?

7 Sɛ obi yɛ biribi tia yɛn anaa yɛn adwene yɛ yɛn sɛ wayɛ yɛn bɔne a, etumi hye yɛn paa. Bere bi wɔyɛɛ nhwehwɛmu wɔ abufuw ho, na wɔde aberante bi asɛm too gua. Aberante no kae sɛ: “Bere bi me bo fuwii paa, enti mipue fii fie na mekae sɛ merentu me nan nsi hɔ bio. Saa da no na wim atew nwann, na mituu mpase kakra. Menenam ara mikopue baabi a ɛhɔ yɛ komm na ɛhɔ yɛ ahomeka. Afei mihui sɛ me ho afi ase resan me, na ɛyɛɛ me yaw sɛ memaa me bo fuwii. Enti mesan kɔɔ fie.” Asɛm yi ma yehu sɛ, sɛ wo bo fuw a, ɛsɛ sɛ woma wo ho bere kakra. Sɛ wo bo dwo a, ɛbɛma woahu asɛm no ani so yiye na woampere wo ho anyɛ biribi a akyiri yi wubenu wo ho.—Dw. 4:4; Mmeb. 14:29; Yak. 1:19, 20.

8 Nanso eyi nyinaa akyi na asɛm no da so ara haw wo nso ɛ? Ɛnde, wo ara bisa wo ho nea enti a wo bo afuw. Obi na ɔne wo anni no yiye anaa obi buu wo animtiaa? Anaa ɛyɛ wo sɛ onipa no hyɛɛ da sɛ ɔbɛyɛ biribi ma ahaw wo? Wugye di sɛ nea ɔyɛe no yɛ bɔne paa? Sɛ wuhu nea ama wo bo afuw no a, ɛbɛboa wo ma woahu Bible mu asɛm bi a wubetumi de ayɛ adwuma ma wo bo adwo. (Monkenkan Mmebusɛm 15:28; 17:27.) Sɛ wususuw asɛm no ho yiye na woanni wo koma akyi a, ɛbɛboa wo ma wode bɔne afiri. Nea yɛreka yi nna fam de, nanso woyɛ saa a na worema Onyankopɔn asɛm ahwehwɛ wo “komam adwene ne nsusuwii” mu, na ɛbɛboa wo ma woasuasua Yehowa fafiri.—Heb. 4:12.

ƐSƐ SƐ WUNYA ABOTARE

9, 10. (a) Sɛ obi yɛ biribi ma ɛhaw wo a, dɛn na ebia wobɛyɛ? (b) Sɛ wunya abotare na wusua sɛ wode bɔne bɛkyɛ a, mfaso bɛn na wubenya?

9 Nneɛma pii na ɛhyɛ nnipa abufuw. Fa no sɛ woreka kar, na ɛkaa kakraa bi ma anka obi de ne kar bɔɔ wo de mu. Dɛn na wobɛyɛ? Wunhuu drɔbani bi a ɔde abufuw akɔtow ahyɛ ne yɔnko drɔbani so pɛn? Woyɛ Kristoni, enti yɛnhwɛ kwan sɛ wobɛyɛ saa.

10 Biribi a ɛte saa si a, ɛbɛyɛ papa sɛ wotɔ wo bo ase susuw nsɛm ho. Ebia wo nso wo ka ho bi na ɛbaa saa—ebia na wonhwɛ w’anim. Anaasɛ ebia biribi sɛee wɔ onii no kar no ho. Nea yesua fi asɛm yi mu ara ne sɛ, sɛ obi yɛ biribi ma ɛhyɛ yɛn abufuw na yenya abotare susuw asɛm no ho hu nea enti a onii no yɛɛ saa, na yɛyɛ yɛn adwene sɛ yɛde befiri no a, ɛma abufuw no twa. Ɔsɛnkafo 7:9 ka sɛ: “Mpere wo ho mfa abufuw, efisɛ nkwasea kokom na abufuw te.” Ɛtɔ bere bi a yebenya adwene sɛ obi ahyɛ da na ɔregyigye yɛn, nanso ebia ɛnyɛ saa na ɛte. Ebetumi aba sɛ mfomso a ɛwɔ yɛn nyinaa ho nti na ɔyɛɛ saa, na mmom wanhyɛ da, anaa mpo ebia yɛn na yɛante asɛm no ase yiye. Enti sɛ obi ka biribi anaa ɔyɛ biribi a yɛn ani nnye ho a, ɛsɛ sɛ yenya abotare efisɛ ebia sɛnea yehu asɛm no ɛnyɛ saa na ɛte ankasa. Ɔdɔ nti, fa kyɛ onipa no. Woyɛ saa a, w’ani begye.—Monkenkan 1 Petro 4:8.

‘MA W’ASOMDWOE NSAN MMRA WO SO’

11. Sɛ yɛka asɛmpa no kyerɛ nkurɔfo na wotie yɛn oo, wɔantie yɛn oo, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

11 Sɛ wonam asɛnka mu na obi ka  abufusɛm kyerɛ wo a, wobɛyɛ dɛn ahyɛ wo ho so? Bere a Yesu somaa asuafo 70 sɛ wɔnkɔka asɛm no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ ofie biara a wɔbɛkɔ mu no, wɔnka sɛ: “Asomdwoe mmra ofie yi so.” Yesu toaa so sɛ: “Sɛ asomdwoe nipa bi wɔ hɔ a, mo asomdwoe bɛtena no so. Nanso sɛ ebi nni hɔ a, ɛbɛsan aba mo so.” (Luka 10:1, 5, 6) Sɛ nkurɔfo tie asɛmpa a yɛreka no a, yɛn ani gye efisɛ ɛbɛboa wɔn. Nanso ɛtɔ bere bi a, ebinom nneyɛe bɛkyerɛ sɛ wɔmpɛ asomdwoe. Ɛba saa a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? Yesu kae sɛ asomdwoe no nsan mmra yɛn so. Enti sɛ wotie oo, wɔantie oo, sɛ yɛrefi fie hɔ akɔ a, ɛsɛ sɛ yɛkɔ no asomdwoe so, na ɛnyɛ abufuw mu. Sɛ obi gyigye yɛn na yɛma yɛn bo fuw a, yɛrentumi mfa asomdwoe mfi hɔ.

12. Asɛm a Paulo kae wɔ Efesofo 4:31, 32 hwehwɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade dɛn?

12 Ɛnyɛ asɛnka mu nkutoo na ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ asomdwoe na mmom tebea biara mu. Sɛ wode afoforo bɔne firi wɔn a, ɛnkyerɛ sɛ wopene bɔne so anaa womfa asɛm no aniberesɛm. Mmom, nea ɛkyerɛ ne sɛ wubeyi abufuw biara afi wo mu na woanya w’asomdwoe. Nnipa bi ntumi nyi bɔne mfi wɔn mu; daa na wɔredwinnwen ho, na ɛno sɛe wɔn asomdwoe. Wo de, mma afoforo ho abufuw nhyɛ wo so. Kae sɛ, sɛ wunya afoforo ho menasepɔw a, worentumi nnya anigye. Enti sua bɔne fafiri!—Monkenkan Efesofo 4:31, 32.

YƐ NEA ƐBƐSƆ YEHOWA ANI

13. (a) Dɛn na ɛbɛkyerɛ sɛ Kristoni de “nnyansramma” regu ne tamfo atifi? (b) Sɛ obi de abufuw ba yɛn so na yɛde odwo hyia no a, dɛn na ebetumi afi mu aba?

13 Ɛtɔ bere bi a obi a ɔnyɛ Kristoni bɛyɛ biribi ma ahaw yɛn. Nanso ebia wubehu sɛ ɛsɛ sɛ wode Bible boa no. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “‘Sɛ ɔkɔm de wo tamfo a, ma no biribi nni; sɛ osukɔm de no a, ma no biribi nnom; na wonam saayɛ so bɛboaboa nnyansramma ano agu n’atifi.’ Mma bɔne nnni wo so nkonim, na mmom kɔ so fa papa di bɔne so nkonim.” (Rom. 12:20, 21) Sɛ obi de abufuw ba wo so na wode odwo hyia no a, ebetumi ama ne bo adwo na wayɛ adepa mpo. Sɛ wotɔ wo bo ase ma onipa no na wunya tema anaa ayamhyehye mpo ma no a, wubetumi aboa no ma wasua nokware no. Sɛ onipa no bo annwo mpo a, ɔbɛda adwen ho, na obehu sɛ woyɛ obi a wodwo.—1 Pet. 2:12; 3:16.

14. Sɛ obi yɛ wo bɔne sɛ dɛn ara a, adɛn nti na ɛnsɛ sɛ wunya ne ho menasepɔw?

14 Ɛtɔ da bi a ɛho behia sɛ wotwe wo ho fi nnipa bi ho. Sɛ asafo no muni bi yɛ bɔne na wannu ne ho a, wotu no fi asafo no mu, enti ɛnsɛ sɛ yɛne no bɔ. Sɛ obi a ɔte saa yɛɛ biribi ma ɛhaw wo a, ɛnyɛ mmerɛw sɛ wode bɛkyɛ no. Sɛ akyiri yi onu ne ho na wogye no ba asafo no mu mpo a, ɛbɛyɛ den sɛ asɛm no ho yaw befi wo mu. Sɛ wowɔ tebea a ɛte saa mu a, bɔ Yehowa mpae daa na ɔmmoa wo sɛnea wubetumi de afiri onii a wayɛ bɔne nanso wanu ne ho no. Eyi ho hia efisɛ worentumi nhu nea ɛwɔ onipa no komam, nanso Yehowa de onim. Ɔhwehwɛ koma mu hu obiara nsusuwii, na obi yɛ bɔne a onya ne ho abotare. (Dw. 7:9; Mmeb. 17:3) Enti Kyerɛwnsɛm no ka sɛ: “Mommfa bɔne nntua obiara bɔne so ka. Munnwen nneɛma a ɛyɛ fɛ wɔ nnipa nyinaa ani so. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, mo fam de, mo ne nnipa nyinaa ntena asomdwoe mu. Adɔfo, munnni mo ho were, na mmom munnyaw mma Onyankopɔn abufuw; efisɛ wɔakyerɛw sɛ: ‘Aweredi wɔ me; me ara metua ka, Yehowa na ose.’” (Rom. 12:17-19) Yɛn de, yɛrentumi  mmu obiara atɛn. (Mat. 7:1, 2) Nanso nya awerɛhyem sɛ Onyankopɔn bebu atɛn pa.

15. Sɛ obi ne yɛn anni no yiye a, dɛn na ɛbɛboa yɛn na yɛamfa ne ho abufuw?

15 Sɛ obi asisi wo anaa ɔne wo anni no yiye, na onu ne ho na ɛyɛ den ma wo sɛ wode befiri no a, kae sɛ ɔno nso yɛ onipa a ɔwɔ ne haw. Ɔtɔ sin sɛ wo ara. (Rom. 3:23) Yehowa hu nnipa nyinaa mmɔbɔ efisɛ yɛnyɛ pɛ. Enti sɛ obi yɛ biribi tia yɛn mpo a, ɛfata sɛ yɛbɔ mpae ma no. Sɛ wobɔ mpae ma obi a, ɛbɛyɛ den paa sɛ wode ne ho abufuw bɛhyɛ wo mu. Yesu maa emu daa hɔ sɛ, sɛ nkurɔfo ne yɛn anni no yiye mpo a, ɛnsɛ sɛ yenya wɔn ho menasepɔw. Ɔkae sɛ: “Monkɔ so nnɔ mo atamfo na mommɔ mpae mma wɔn a wɔtaa mo.”—Mat. 5:44.

16, 17. Sɛ asafo mu mpanyimfo di obi asɛm na wosi gyinae sɛ wanu ne ho a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? Adɛn ntia?

16 Yehowa de ahyɛ Kristofo asafo mu mpanyimfo nsa sɛ, sɛ obi yɛ bɔne bi wɔ asafo no mu a, wɔnhwɛ nka ho asɛm. Mpanyimfo no ntumi nhu biribiara sɛnea Onyankopɔn hu no no, nanso wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛma Bible ne honhom kronkron aboa wɔn ma wɔasi gyinae. Enti sɛ wɔbɔ mpae srɛ Yehowa na wosi gyinae bi a, yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa pene so.—Mat. 18:18.

Ɛyɛ Kristofo asɛde sɛ wɔde bɔne firi

17 Sɛ mpanyimfo di obi asɛm na wosi gyinae sɛ wanu ne ho a, wɔde befiri no. Wo nso, wode befiri no na woada no adi sɛ wodɔ no anaa? (2 Kor. 2:5-8) Woyɛ saa a, ɛbɛkyerɛ sɛ woredi Yehowa ne n’ahyehyɛde no nokware. Eyi nyɛ mmerɛw, ɛnkanka wo na onipa no de asɛm no dii wo anaa wo busuani bi a. Nanso sɛ wode wo ho to Yehowa so na wugye tom sɛ ɔkwan a ɔfa so di nneɛma ho dwuma wɔ asafo no mu yɛ ne kwan so a, wobɛyɛ w’ade nyansam na wode bɔne afiri korakora.—Mmeb. 3:5, 6.

18. Sɛ wode bɔne firi a, mfaso bɛn na wunya?

18 Wɔn a wosua adwene ho nsɛm ka sɛ, sɛ wode bɔne kyɛ a, mfaso pii wɔ so. Sɛ wuyi abufuw ne awerɛhow biara fi wo mu a, ɛma wo ho tɔ wo na ɛboa ma wone obiara tena fɛfɛɛfɛ. Nanso sɛ yɛamfa bɔne ankyɛ a, ebetumi abɔ yɛn yare, ɛbɛsɛe yɛne afoforo ntam na agyaw yɛn tipae. Sɛ yɛde bɔne firi a, nhyira kɛse a yenya koraa ne sɛ yɛne yɛn soro Agya Yehowa ntam bɛyɛ papa.—Monkenkan Kolosefo 3:12-14.