Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Som Yehowa Ansa na Nna Bɔne no Aba

Som Yehowa Ansa na Nna Bɔne no Aba

“Kae wo Bɔfo Kɛse no.”ƆSƐNK. 12:1.

1, 2. (a) Afotu bɛn na Yehowa honhom kaa Solomon maa ɔkyerɛw maa mmabun? (b) Adɛn nti na Kristofo a wɔadi mfe 50 ne akyiri mpo betumi asua biribi afi Solomon asɛm yi mu?

YEHOWA de ne honhom kaa Ɔhene Solomon maa otuu mmabun fo sɛ: “Kae wo Bɔfo Kɛse no, wo mmeranteberem, ansa na nna bɔne no aba.” “Nna bɔne” bɛn na na ɔreka ho asɛm? Ɛno ne nkwakoraabere ne mmerewabere. Solomon de kasakoa kyerɛɛ ɔhaw a mpanyinyɛ de ba. Ɔkae sɛ edu hɔ a wɔn nsa wosow na wɔn nan keka bom, wɔn se tutu na wɔn ani so yɛ wusiwusi, wɔn asom yɛ den, wofuw dwen, na wɔn mu kuntun. Ɛnsɛ sɛ obi twɛn kosi saa bere no ansa na wakae yɛn Bɔfo Kɛse Yehowa.Monkenkan Ɔsɛnkafo 12:1-5.

2 Kristofo pii adi mfe 50 ne akyiri nanso wɔda so ara wɔ ahoɔden. Ebia wɔn ti afuw dwen, nanso nna bɔne a Solomon kaa ho asɛm no deɛ wonnya nnuu hɔ. Ɛnde, Kristofo a wɔn mfe akɔ anim yi nso betumi ‘akae wɔn Bɔfo Kɛse no’ sɛnea Solomon tuu mmerante ne mmabaa fo sɛ wɔnyɛ no anaa? Dɛn koraa na saa afotu no kyerɛ?

3. Sɛ Bible ka sɛ yɛnkae yɛn Bɔfo Kɛse no a, ɛkyerɛ sɛn?

 3 Ebia yɛde mfe pii asom Yehowa, nanso ɛwɔ hɔ ara a ɛbɛyɛ papa sɛ yegye bere dwinnwen yɛn Bɔfo Kɛse no ho. Ne nnwuma nyɛ wo nwonwa? Wo deɛ hwɛ nkwa a ɔde ama yɛn; ɛnsom bo anaa? N’adebɔ boro nnipa ntease so. Yehowa ayɛ nneɛma ahorow ahorow, na eyi nyinaa ma asetena yɛ anigye. Sɛ yegye bere susuw Yehowa abɔde ho a, yehu paa sɛ ɔyɛ Onyankopɔn a ɔwɔ ɔdɔ, nyansa, ne tumi. (Dw. 143:5) Sɛ Bible ka sɛ yɛnkae yɛn Bɔfo Kɛse no a, nea ɛkyerɛ bio ne sɛ yebesusuw ho ahu nea ɔhwehwɛ fi yɛn hɔ. Sɛ yegye bere susuw nsɛm ho saa a, ɛbɛka yɛn koma ma yɛde yɛn nkwa nna a aka nyinaa asom Yehowa sɛnea yɛn ahoɔden betumi biara.Ɔsɛnk. 12:13.

SƐ YƐANYIN MPO A, YƐWƆ HOKWAN PII

4. Asɛm bɛn na Kristofo a wɔn mfe akɔ anim betumi abisa wɔn ho, na dɛn ntia?

4 Sɛ wo mfe akɔ anim a, wowɔ suahu pii, enti wubetumi abisa wo ho sɛ: ‘Seesei a meda so wɔ ahoɔden kakra yi, dɛn na mede bɛyɛ?’ Onyin ne suahu nti, wowɔ hokwan pii a afoforo nni. Ɛho nhwɛso ni: Woasua Yehowa ho ade pii a mmabun nnim, enti wubetumi de akyerɛkyerɛ wɔn. Bio, woanya suahu pii wɔ wo som mu, na wubetumi aka ho asɛm de ahyɛ afoforo den. Ná Ɔhene Dawid ani gye hokwan a ɛte saa ho, enti ɔbɔɔ mpae sɛ: “O Onyankopɔn, wufi me mmofraase na akyerɛkyerɛ me. . . . Sɛ mebɔ akwakoraa na mifuw dwen mpo a, nnyaw me, kosi sɛ mɛka wo basa ho asɛm akyerɛ awo ntoatoaso, na mɛka wo kɛseyɛ ho asɛm akyerɛ nkyirimma.”Dw. 71:17, 18.

5. Kristofo a wɔn mfe akɔ anim bɛyɛ dɛn de nea wɔasua akyerɛkyerɛ afoforo?

5 Onyin ne osuahu ama woanya nyansa pii. Ɛnde, wobɛyɛ dɛn de aboa afoforo? Ebia wubetumi ato nsa afrɛ anuanom nkumaa aba wo fie ne wɔn abɔ nkɔmmɔ ahyɛ wɔn nkuran. Anaa wubetumi ayɛ nhyehyɛe ne wɔn akɔ asɛnka ama wɔahu sɛ Yehowa som yɛ wo dɛ. Elihu kae sɛ: “Mɛma nna akasa, na mfe dodow ada nyansa adi.” (Hiob 32:7) Ɔsomafo Paulo ka kyerɛɛ Kristofo mmea mpanyimfo sɛ wɔmfa wɔn kasa ne wɔn nneyɛe nhyɛ afoforo nkuran. Ɔkyerɛwee sɛ: ‘Mmerewa nso nkyerɛ ɔkyerɛ pa.’Tito 2:3.

HWƐ NEA WUBETUMI AYƐ ABOA AFOFORO

6. Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ Kristofo a wɔn mfe akɔ anim bu wɔn suahu adewa?

6 Sɛ woyɛ Kristoni a wowɔ suahu kakra wɔ asetenam a, pii wɔ hɔ a wubetumi ayɛ aboa afoforo. Wo deɛ hwɛ nneɛma a wunim a mfe 30 anaa 40 a atwam no na wunnim. Seesei wutumi de Bible mu nsɛm bɔ wo bra yiye. Wutumi kyerɛkyerɛ Bible mu ma nokware no ka afoforo koma. Sɛ woyɛ asafo mu panyin a, wunim sɛnea wobɛboa anuanom a wɔadi mfomso. (Gal. 6:1) Ebia seesei asafo no anaa ɔmansin no dwumadi ahorow bi hyɛ wo nsa a wutumi yɛ no yiye, anaa ebia woboa ma wosisi Ahenni Asa. Ebia wunim sɛnea wo ne dɔkotafo bɛkasa ma wɔahwɛ anuanom a wɔmfa mogya nni dwuma. Sɛ nnansa yi ara mpo na wobɔɔ asu a, wowɔ suahu pii wɔ asetenam. Ebia wowɔ mma, enti wunim sɛnea yɛtete mmofra. Kristofo a wɔn mfe akɔ anim tumi kyerɛkyerɛ anuanom mmarima ne mmea, na wotumi ma wɔn akwankyerɛ hyɛ wɔn nkuran.Monkenkan Hiob 12:12.

7. Ntetee bɛn na Kristofo a wɔn mfe akɔ anim betumi de ama anuanom nkumaa?

7 Dɛn bio na wubetumi ayɛ de aboa afoforo? Ebia wubetumi akyerɛ anuanom  nkumaa sɛnea wobenya nnipa ne wɔn asua Bible ne kwan a wɔbɛfa so ayɛ no. Yebetumi asusuw nsɛmmisa yi ho: Sɛ woyɛ onuawa a, wubetumi aboa mmabaa ma wɔatumi de nsi asom Yehowa na bere koro no ara wɔahwɛ wɔn mma nkumaa yiye? Sɛ woyɛ onuabarima a, wubetumi aboa mmerante ma wɔde anigye ne ahokeka ama ɔkasa wɔ asafo no mu? Wubetumi aboa wɔn ma wɔde nsi ayɛ asɛmpaka adwuma no? Wubetumi akyerɛ wɔn sɛnea wosrasra anuanom nkwakoraa ne mmerewa hyɛ wɔn nkuran? Sɛ wunni ahoɔden sɛ kan no mpo a, wowɔ hokwan pii a wubetumi de atete mmerante. Bible ka sɛ: “Mmerante ahoɔfɛ ne wɔn ahoɔden, na nkwakoraa anuonyam ne wɔn atifi dwen.”Mmeb. 20:29.

WUBETUMI AKƆBOA WƆ BAABI

8. Bere a ɔsomafo Paulo mfe rekɔ anim no, dɛn na ɔyɛe?

8 Bere a ɔsomafo Paulo mfe rekɔ anim mpo no, wankokɔ ne ho, mmom ɔde animia som Onyankopɔn. Bere a woyii no fii afiase wɔ Roma bɛyɛ afe 61 Y.B. mu no, anka obetumi aka sɛ ɔde mfe pii ayɛ asɛmpatrɛw adwuma no afa amanehunu pii mu, enti ɔbɛtena Roma hɔ ara aka asɛm no. (2 Kor. 11:23-27) Anka anuanom a wɔwɔ Roma no rensi Paulo fam koraa, nanso ohui sɛ aman foforo hia mmoa paa. Enti ɔne Timoteo ne Tito toaa asɛmpatrɛw adwuma no so. Wɔkɔɔ Efeso, na wofi hɔ kɔɔ Kreta. Ebia akyiri yi wɔkɔɔ Makedonia nso. (1 Tim. 1:3; Tito 1:5) Yennim ara, ebi mpo a ɔkɔɔ Spain efisɛ na wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛkɔ hɔ.Rom. 15:24, 28.

9. Bere bɛn na ɛbɛyɛ sɛ Petro tu kɔɔ baabi kɔboae? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

9 Ɔsomafo Petro nso tu kɔɔ baabi kɔboae. Saa bere no ebetumi aba sɛ na wadi boro mfe 50. Yɛyɛ dɛn hu saa? Sɛ na ɔne Yesu bɔ tipɛn anaa mpo na ɔkyɛn no kakra a, ɛnde yebetumi aka sɛ bere a Petro ne asomafo a aka no hyiae wɔ Yerusalem afe 49 Y.B. no, na wadi bɛyɛ mfe 50. (Aso. 15:7) Saa nhyiam no akyi no, Petro tu kɔɔ Babilon. Nea yebetumi aka ara ne sɛ ɔkɔɔ hɔ sɛ ɔrekɔka asɛm no akyerɛ Yudafo pii a wɔwɔ mpɔtam hɔ no. (Gal. 2:9) Bere a Petro kyerɛw ne nhoma a edi kan bɛyɛ afe 62 Y.B. no, na ɔwɔ Babilon. (1 Pet. 5:13) Obi man so tena nna fam, na na Petro mfe nso akɔ anim, nanso wamma eyi ammu n’abam; oyii ne yam som Yehowa.

10, 11. Bere a Robert ne ne yere mfe akɔ anim mpo no, dɛn na wɔyɛe?

10 Ɛnnɛ yɛn nuanom pii a wadi mfe 50 ne akyi ahu sɛ nneɛma asesa wɔ wɔn asetenam, enti wobetumi ayɛ pii wɔ Yehowa som mu. Ebinom atu kɔ baabi a mmoa ho hia kɛse. Saa na onua bi a ɔde Robert ne ne yere yɛe. Bere a wodii bɛyɛ mfe 55 no, wohui sɛ hokwan bi abue a wobetumi ayɛ pii wɔ Yehowa som mu. Ná wɔwɔ ba biako pɛ, na saa bere no na watew ne ho. Afei na wonni awofo biara a wɔrehwɛ wɔn, na na wɔwɔ awunnyade kakra wɔ hɔ. Wohui sɛ, sɛ wɔtɔn wɔn fie a, wobetumi anya sika atua wɔn ho aka anya bi ato wɔn ho kosi sɛ Robert pɛnhyen sika bɛba. Wɔtee sɛ nnipa pii repɛ nokware no ahu wɔ Bolivia, na nea ɛyɛ anika mpo ne sɛ ɛhɔ asetena nso nyɛ den. Enti wosii gyinae sɛ wobetu akɔ hɔ. Robert kae sɛ: “Yɛkɔɔ hɔ foforo no na ɛnyɛ mmerɛw koraa. Sɛ yɛde hɔ toto North America ho a, na biribiara yɛ soronko. Nanso yɛn brɛ anyɛ kwa.”

11 Robert toaa so sɛ: “Seesei yɛn nkɔree ne yɛn mmae nyinaa fa asafo no ho. Wɔn a yɛne wɔn suaa Bible no bi abɔ asu. Yɛne abusua bi suaa ade; saa abusua yi te akuraa bi ase wɔ akyirikyiri. Abusua yi nni bi nanso nnawɔtwe biara  wɔn nyinaa mia wɔn ani ba adesua wɔ kurom. Abusua yi reyere wɔn ho paa wɔ nokware no mu. Wunim ade biako a ɛmaa yɛn ani gyei paa? Barima panyin no bɛyɛɛ ɔkwampaefo!”

MMEAE A AHƆHO WƆ

12, 13. Kyerɛ nea Kristoni bi yɛe bere a ɔkɔɔ pɛnhyen.

12 Asafo ne akuw ahorow pii wɔ hɔ a wɔka aman foforo so kasa. Sɛ anuanom mmarima ne mmea a wɔn mfe akɔ anim tumi kɔboa asafo a ɛte saa a, nhyira pii fi mu ba. Bio, anuanom ahu sɛ asasesin a ɛte saa mu adwuma yɛ dɛ. Momma yɛmfa Brian a ofi Britain nyɛ nhwɛso. Bere a odii mfe 65 a ɔkɔɔ pɛnhyen no, na ɔne ne yere ani nka. Ɔkae sɛ: “Ná yɛn mma atew wɔn ho, na na ɛyɛ den sɛ yebenya nkurɔfo ne wɔn ayɛ Bible adesua wɔ yɛn asasesin mu. Afei da bi mihyiaa Chinani aberante bi a ɔwɔ sukuupɔn bi mu. Metoo nsa frɛɛ no sɛ ɔmmra adesua, na ampa-ne-ampa ara ɔbae. Me ne no fii ase suaa Bible. Adapɛn bi akyi no, ɔde ne yɔnko Chinani bi kaa ne ho bae. Nnawɔtwe abien a edi hɔ no, ɔde nea ɔto so abiɛsa bae. Akyiri yi nea ɔto so anan kaa ne ho bae.

13 “Afei ɔde Chinani a ɔto so anum fii sukuupɔn no mu bae. Na bere a me ne no fii ase suaa Bible no, mekae wɔ me tirim sɛ, ‘Seesei madi mfe 65, nanso Yehowa som mu deɛ menkɔɔ pɛnhyen.’ Me yere adi mfe 63, na mibisaa no sɛ n’ani begye ho sɛ obesua China kasa anaa. Nea na yɛyɛ ne sɛ yɛbɔ kasa no tie wɔ afiri so. Yɛreka yi mfe du atwam. Nokwasɛm ne sɛ hokwan a yɛanya reyɛ asɛnka adwuma wɔ Chinafo mu no ama yɛayɛ sɛ aberante ne ababaa bio. Besi nnɛ yɛne Chinafo 112 na asua Bible. Wɔn mu pii aba adesua. Seesei wɔn mu biako yɛ ɔkwampaefo, na yɛne no nyinaa na ɛreyɛ ɔsom adwuma no.”

Nsusuw sɛ woanyin dodo sɛ wobɛyɛ pii wɔ Yehowa som mu (Hwɛ nkyekyɛm 12, 13)

YƐ NEA WUBETUMI

14. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔn mfe akɔ anim ka wɔn koma to wɔn yam? Paulo asɛm no betumi aboa wɔn sɛn?

14 Ɛyɛ nokware, Kristofo pii a wadi mfe 50 ne akyi tumi trɛw wɔn som mu,  nanso ɛnyɛ obiara na obetumi ayɛ saa. Yare rehaw binom, ebinom nso awofo abɔ nkwakoraa ne mmerewa a ɛsɛ sɛ wɔhwɛ wɔn. Yɛreka yi ebinom wɔ mma a wɔda so ara te wɔn nkyɛn. Sɛ saa na wo tebea te a, ka wo koma to wo yam; kae sɛ Yehowa ani sɔ nea wutumi yɛ biara wɔ ne som mu. Nea wuntumi nyɛ no, mmfa nhaw wo ho; mmom nea wubetumi ayɛ biara fa anigye yɛ. Wo deɛ yɛnhwɛ ɔsomafo Paulo. Ɔdaa afiase mfe pii; saa bere no nyinaa wantumi anyɛ n’asɛmpatrɛw adwuma no. Nanso wanka n’ano antom; bere biara a nkurɔfo bɛba abɛsra no no, ɔde Kyerɛwnsɛm no di wɔn adanse hyɛ wɔn gyidi den.Aso. 28:16, 30, 31.

15. Adɛn nti na yɛn ani gye yɛn nuanom nkwakoraa ne mmerewa ho saa?

15 Nkwakoraa ne mmerewa nso betumi anya awerɛhyem sɛ nea wotumi yɛ wɔ Yehowa som mu biara n’ani gye ho. Ɛwom, Solomon kae sɛ sɛ nipadua no yɛ mmerɛw a, saa bere no nyɛ bere pa, nanso Yehowa ani sɔ nea Kristofo a wɔte saa yɛ de hyɛ no anuonyam no. (Luka 21:2-4) Anuanom a wɔasom akyɛ saa wɔ asafo no mu a, wɔn gyidi hyɛ obiara nkuran.

16. Hokwan bɛn na ɛbɛyɛ sɛ Hana annya? Dɛn na otumi yɛe?

16 Bible ka ɔbea nokwafo bi a ne din de Hana ho asɛm. Ɔsom Yehowa kosii ne mmerewabere mu. Bere a wɔwoo Yesu no, na wadi mfe 84. Yɛhwɛ mfe a wadi a, yɛrentumi nka sɛ ɔtenaa ase kyɛe ma enti ɔbɛyɛɛ Yesu kyidini anaa Kristoni a wɔasra. Ebia wannya kwan anka Ahenni ho asɛmpa no bi mpo. Nanso nea na Hana tumi yɛ deɛ na ɔde ne koma nyinaa yɛ. Bible ma yehu sɛ na ‘ɔmpa asɔrefie hɔ da, na ɔde mmuadadi ne nkotɔsrɛ som awia ne anadwo.’ (Luka 2:36, 37) Anɔpa ne anwummere biara sɛ asɔfo no rehyew aduhuam a, na Hana ka nnipadɔm a wɔahyia adiwo hɔ rebɔ mpae no ho. Ná wɔbɔ mpae bɛyɛ simma aduasa. Bere a Hana huu akokoaa Yesu no, ɔkaa ne ho asɛm ‘kyerɛɛ wɔn a na wɔretwɛn sɛ wobegye Yerusalem no nyinaa.’Luka 2:38.

17. Yɛbɛyɛ dɛn aboa yɛn nuanom nkwakoraa ne mmerewa ne wɔn a wɔyare ma wɔanya kyɛfa wɔ nokware som mu?

17 Ɛnnɛ, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ani to fam hwɛ nea yebetumi ayɛ aboa Kristofo a wɔabobɔ nkwakoraa ne mmerewa ne wɔn a wɔnte apɔw. Ebinom wɔ hɔ a, wɔn yam a anka daa wɔwɔ asafo nhyiam ne nhyiam akɛse ase, nanso ɛyɛ a na ayɛ den ama wɔn. Asafo bi mu deɛ wɔyɛ nhyehyɛe ma anuanom a wɔn mfe akɔ anim yi tie dwumadi no wɔ telefon so. Nanso ɛnyɛ baabiara na wobetumi ayɛ saa. Sɛ anuanom a wɔn ani afi ntumi nkɔ adesua mpo a, wobetumi aboa nokware som wɔ akwan horow so. Ade biako a wobetumi ayɛ ne sɛ wɔbɛbɔ mpae ama Kristofo asafo no.Monkenkan Dwom 92:13, 14.

18, 19. (a) Dɛn na Kristofo a wɔn mfe akɔ anim yɛ de hyɛ afoforo nkuran? (b) Henanom na wobetumi ‘akae wɔn Bɔfo Kɛse no’?

18 Ebia yɛn nuanom nkwakoraa ne mmerewa renhu sɛnea wɔn nhwɛso hyɛ afoforo nkuran. Wo deɛ yɛnhwɛ Hana sɛɛ. Ná ɔyɛ obi a ɔdɔ Yehowa paa, na na ɔmpa asɔrefie hɔ, nanso na onnim sɛ wɔrebɛkyerɛw ne nhwɛso wɔ Bible mu ma nkyirimma akan ma ahyɛ wɔn nkuran. Akyinnye biara nni ho sɛ wo nso wodɔ Yehowa. Ɛnde, kae sɛ wo nuanom Kristofo werɛ remfi wo nhwɛso pa yi da. Sɛ Bible kae a ɛmmoa, “atifi dwen, sɛ wohu no trenee kwan so a, ɛyɛ abotiri a ɛyɛ fɛ.”Mmeb. 16:31.

19 Obiara wɔ nea obetumi ayɛ wɔ Yehowa som mu. Nanso sɛ ahoɔden kakra wɔ wo mu a, ɛnde, ‘kae wo Bɔfo Kɛse no, ansa na nna bɔne no aba.’Ɔsɛnk. 12:1.