Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 TETE WƆ BI KA

Adi Mfe 100—Ɛhyɛɛ Gyidi Den

Adi Mfe 100—Ɛhyɛɛ Gyidi Den

“Eyi deɛ, ɔsɛ Onua Russell sen sɛnea ɔte ankasa mpo!”—Obi a ɔhwɛɛ “Photo-Drama” no bi wɔ 1914.

MFE 100 ni a wɔyɛɛ “Photo-Drama of Creation” no. Ná ɛyɛ sini bi a ɛso bi mmae da, na ɛmaa nnipa nyaa gyidi sɛ Bible yɛ Onyankopɔn Asɛm. Saa bere no na adannandi agye nnipa pii adwene, na na nhomanimfo nso de Bible ato tankuruwa mu. Nanso “Photo-Drama” no maa amansan hui sɛ Yehowa ne Ɔbɔadeɛ.

Saa bere no Charles T. Russell na na odi anim wɔ Bible Asuafo no dwumadi mu. Nea na daa ɔda dwen ho ne sɛ obehu kwan bi a ɔbɛfa so ma Bible mu nokware no atrɛw ntɛmntɛm. Besi saa bere no na Bible Asuafo no de bɛboro mfe 30 atintim nhoma ahorow akyekyɛ. Nanso wohui sɛ ɔkwan titiriw bi nso wɔ hɔ a wobetumi afa so aka asɛm no; ɛno ne sini.

WƆDE SINI TRƐW ASƐMPA NO MU

Efi 1890 reba no, nnipa fii ase yɛɛ sini, nanso na kasa nnim. Afe 1903 no, woyii sini bi wɔ New York City asɔredan bi mu. Enti yɛbɛka a, bere a sini adwuma fii ase yii ne ti ara na Onua Russell hyɛɛ ase yɛɛ “Photo-Drama” no ho adwuma wɔ 1912 mu. Ohui sɛ obetumi afa sini so ama Bible mu nokware no atrɛw ntɛmntɛm asen nea nhoma nko ara bɛyɛ.

Ná wɔakyekyɛ “Photo-Drama” no mu ayɛ no afã anan, na na ne nyinaa tenten yɛ nnɔnhwerew awotwe. Ade biako a na ɛwɔ sini no mu ne Bible mu ɔkasa ntiantiaa 96. Obi a ne nne yɛ dɛ a ɔtaa ma kasa na ɔkenkanee. Bere a wɔreyi sini no nyinaa na nnwom nso nenam mu. Anuanom bi a wɔn ho akokwaw kyeree kasa ne nnwom guu gramafon so, enti sɛ Bible mu sini no rekɔ so a na wɔrebɔ gyigye ho.

“Efi nsoromma bɔ so kosi Kristo Mfirihyia Apem Nniso so ho mfonini nyinaa wom.”—F. Stuart Barnes, 1914 na wadi mfe 14

Wɔtɔɔ nneɛma a wɔde yɛɛ sini no pii fii abɔnten. Nnipa a wodi adwini a wɔwɔ Philadelphia, New York, Paris, ne London na wɔyɛɛ mfonini ahorow no. Nanso anuanom a wɔwɔ Betel beae a wodi adwini na wɔyɛɛ mfonini dodow no ara, na sɛ ɛba sɛ ebi sɛe a, wɔyɛ bi hyɛ anan. Mfonini a  anuanom tɔe akyi no, Betel abusua no mufo bi nso yɛɛ wɔn ho sɛ Abraham, Isak, ne ɔbɔfo a wamma Abraham amfa ne ba ammɔ afɔre no, na wotwaa wɔn wɔ Yonkers, New York baa sini no mu.Gen. 22:9-12.

Wɔsan sini no mu a, ahama no nyinaa tenten bɛyɛ akwansin abien. Ná apaawa no yɛ 26 ɛnna mfonini no bɛyɛ 500. Wɔtetee anuanom ma woyi toatoam pɛpɛɛpɛ

Onua Russell adamfo bi ka kyerɛɛ nsɛm ho amanneɛbɔfo sɛ sini yi “bɛma nnipa mpempem ahu Bible mu nsɛm pii asen ɔkwan foforo biara a yɛnam so akyerɛkyerɛ Bible.” Sɛ yɛhwɛ sɛnea na sini yi bɛboa nnipa pii ma wɔahu Bible mu nsɛm a, yemmisa sɛ, ‘asɔfo no ani gyee ho anaa?’ Dabida. Kristoman asɔfo kasa tiaa “Photo-Drama” no. Ebinom faa akwannuasa nyinaa so siw nkurɔfo kwan; na wɔmpɛ sɛ wɔbɛma wɔahwɛ sini no koraa. Bere bi anuanom yɛe sɛ wɔrekoyi sini no wɔ baabi, nanso asɔfo a wɔwɔ hɔ maa wodum kanea.

Anuanom a wogye ahɔho kyekyɛɛ nhomawa a “Photo-Drama” mfonini wom mpempem

Obiara a ɔbɛhwɛɛ sini no nyaa baagye bi a abofra Yesu mfonini wɔ so. Sɛ obi bɔ baagye no a, ɛkae no sɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ “asomdwoe ba”

Nea wɔyɛe nyinaa ankosi hwee efisɛ baabiara a woyii “Photo-Drama” no biara, nnipa puw bɛhwɛe; wɔannye wɔn sika biara. Da biara na woyi “Photo-Drama” yi wɔ nkurow bɛyɛ 80 so wɔ United States. Nnipa pii ho dwiriw wɔn efisɛ na eyi ne bere a edi kan a wɔrehwɛ sini a kasa wom. Ade biako a wohui wɔ sini no mu ne akokɔ ba bi a ɔrepue fi kosua mu ne nhwiren bi a ɛrehan. Nneɛma a na nyansahu ama apue daa no adi sɛ ampa Yehowa nyansa nni ano. Sɛnea yedii kan kae mfiase no, bere a obi huu Onua Russell wɔ sini no mu sɛ ɔde “Photo-Drama” no reto gua no, ɔkae sɛ: “Eyi deɛ, ɔsɛ Onua Russell sen sɛnea ɔte ankasa mpo!”

EDII AKOTEN WƆ BIBLE NKYERƐKYERƐ MU

Wodii kan yii “Photo-Drama” no January 11, 1914, wɔ New York City adehwɛbea ha. Saa bere no na ɛyɛ International Bible Students Association no dea

Owura bi a ɔkyerɛw nhoma ne sini ho nsɛm a ɔde Tim Dirks kae sɛ “Photo-Drama” no yɛ “sini a kasa wom, nnipa keka wɔn ho na mfonini a ɛyɛ fɛ wom. Sɛ yɛbɛka a, na sini yi sɛso bi mmae da.” Ná nkurɔfo ayɛ sini ansa na “Photo-Drama” no reba deɛ, nanso na sini biara mmae a saa nneɛma a yɛabobɔ din yi a ɛma “Photo-Drama” no da nsow no nyinaa bi wom. Bible mu sini paa deɛ, na ebiara mmɛn no koraa. Afe a edi kan no nko ara, nnipa bɛyɛ ɔpepem akron na wɔhwɛɛ sini no wɔ North America, Europe, Australia, ne New Zealand. Ná nnipa dodow saa nhwɛɛ sini biara saa da!

Wodii kan yii “Photo-Drama” no January 11, 1914, wɔ New York City. Bosome ason akyi na Wiase Ko I no pae gui. Nanso nnipa kɔɔ so ara hwɛɛ “Photo-Drama” no wɔ wiase mmaa nyinaa. Sini no ho nsɛm bi kyerɛɛ nhyira a Ahenni no de bɛba, na eyi kyekyee nkurɔfo werɛ saa bere no. Afe 1914 mu no, sɛ yɛreka ade a ɛmaa nnipa nyaa anidaso paa a, na ɛyɛ “Photo-Drama” sini no.

Anuanom de “Photo-Drama” ahorow 20 kyinii North America yii wɔ mmeae pii