Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 Sua Biribi Fi Onyankopɔn Asɛm Mu

Dɛn na Ɛbɛkɔ so Atemmu Da?

Dɛn na Ɛbɛkɔ so Atemmu Da?

Nea yɛrebɛka ho asɛm wɔ ha yi yɛ nsɛm a ebia woabisa pɛn, na ɛbɛkyerɛ wo faako a wubetumi anya ho mmuae wɔ wo Bible mu. Yehowa Adansefo ani begye ho sɛ wɔne wo bɛbɔ ho nkɔmmɔ.

1. Dɛn ne Atemmu Da?

Sɛnea yehu wɔ mfonini a ɛwɔ nifa so hɔ mu no, nnipa pii susuw sɛ, Atemmu Da no, Onyankopɔn bɛma akra ɔpepepem pii abegyina n’ahengua no anim, na wagyina wɔn bɔne a wɔayɛ atwam so abu wɔn atɛn. Onyankopɔn betua ebinom ka ma wɔakɔ soro, na ebinom nso bɛkɔ hell. Nanso Bible ma yehu nea Atemmu Da no de bɛba; ɛne sɛ ebegye nnipa afi nsisi mu. (Dwom 96:13) Onyankopɔn ayi Yesu sɛ Ɔtemmufo, na ɔde atɛntrenee bɛsan aba.—Kenkan Yesaia 11:1-5; Asomafo Nnwuma 17:31.

2. Ɔkwan bɛn so na Atemmu Da de atɛntrenee bɛsan aba?

Bere a Adam, ɔbarima a odi kan no hyɛɛ da tew Onyankopɔn so atua no, ɔde n’asefo nyinaa kɔhyɛɛ bɔne, amanehunu ne owu ase. (Romafo 5:12) Yesu benyan nnipa ɔpepepem pii afi awufo mu, na ɛno bɛma ɔde atɛntrenee asan aba. Adiyisɛm nhoma no ma yehu sɛ, Kristo Yesu mfe apem nniso no mu na ɔbɛyɛ eyinom nyinaa.—Kenkan Adiyisɛm 20:4, 11, 12.

Nnipa a wobenyan wɔn no, wɔrenhwɛ bɔne a wɔyɛe ansa na wɔrewu no ho mmu wɔn atɛn. “Nhoma mmobɔwee” a wɔaka ho asɛm wɔ Adiyisɛm ti 20 no, sɛ wɔda emu nsɛm adi a, nea wɔbɛyɛ wɔ ho no na wɔbɛhwɛ ho abu wɔn atɛn. (Romafo 6:7) Ɔsomafo Paulo kae sɛ wɔn a wobenyan wɔn ama wɔanya hokwan asua Onyankopɔn ho ade no bi ne “wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ.”—Kenkan Asomafo Nnwuma 24:15.

 3. Dɛn na ebesi Atemmu Da?

Ebinom antumi ansua Yehowa Nyankopɔn ho ade ansom no na wowuwui. Saafo no benya hokwan asesa abɛyɛ adepa. Sɛ wɔyɛ saa a, wɔn wusɔre no bɛyɛ “nkwa sɔre.” Nanso nnipa a wobenyan wɔn no bi rentie Yehowa asɛm nyɛ nea ɔpɛ, enti wɔn wusɔre no bɛyɛ “atemmu sɔre.”—Kenkan Yohane 5:28, 29; Yesaia 26:10; 65:20.

Ebedu sɛ mfe apem Atemmu Da no bɛba awiei no, Yehowa bɛma nnipa pa asan ayɛ pɛ. (1 Korintofo 15:24-28) Eyi nyɛ anidaso a ɛyɛ anigye mma adesamma asoɔmmerɛfo anaa? Onyankopɔn de Satan Ɔbonsam bɛto afiase mfe apem, na wobegyae no ma ɔde sɔhwɛ a etwa to aba adesamma so. Satan bɛsan abɔ mmɔden sɛ ɔbɛtwe nnipa afi Yehowa ho, nanso wɔn a wɔbɛko atia Satan no benya daa nkwa wɔ asase so.—Kenkan Yesaia 25:8; Adiyisɛm 20:7-9.

4. Atemmu da foforo bɛn na ɛbɛma adesamma anya ahotɔ?

Bible san de “atemmu da” gyina hɔ ma nneɛma a ebesisi ama wiase nhyehyɛe yi aba awiei no. Sɛnea Noa bere so Nsuyiri no baa prɛko pɛ bɛsɛee nipabɔnefo a na wɔwɔ hɔ saa bere no, saa na atemmu da yi bɛba. Anigyesɛm ne sɛ, Onyankopɔn bɛsɛe “amumɔyɛfo” na ɔde wiase foforo a “trenee bɛtena” mu aba.—Kenkan 2 Petro 3:6, 7, 13.