Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɔporɔw ne Kɛtɛasehyɛ Ase Betu!

Ɔporɔw ne Kɛtɛasehyɛ Ase Betu!

“Twɛn Yehowa, na fa ne kwan so . . . Sɛ woyi nnebɔneyɛfo hɔ a, wubehu.”​—DWOM 37:34.

SƐNEA nnipa pii suro sɛ wɔrentumi nkwati ɔporɔw ne kɛtɛasehyɛ na ɛrentumi mfi hɔ da no, saa na wo nso ɛyɛ wo anaa? Sɛ saa na w’adwene yɛ wo a, ntease wom. Efi tete na nnipa asɔ nniso ahorow nyinaa bi ahwɛ. Nanso wontumi nyii ɔporɔw ne kɛtɛasehyɛ mfii hɔ. Enti bere bi bɛba a obiara bedi nokware akyerɛ ne yɔnko anaa?

Anigyesɛm ne sɛ, Bible ka sɛ ɛbɛba saa. Ɛka kyerɛ yɛn sɛ, ɛrenkyɛ Onyankopɔn beyi ɔporɔw nyinaa afi asase yi so. Ɔkwan bɛn na ɔbɛfa so ayɛ saa? Ɔnam n’Ahenni nniso a ɛwɔ soro no so bɛma asase yi ayɛ foforo koraa. Saa Ahenni yi ara na Yesu kae sɛ n’akyidifo mmɔ ho mpae no. Mpae a wɔtaa frɛ no Awurade Mpaebɔ anaa Yɛn Agya a Ɔwɔ Soro no mu no, Yesu kae sɛ: “W’ahenni mmara, nea wopɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro.”—Mateo 6:10, Akuapem Twi Bible.

 Bible ka Yesu Kristo a ɔyɛ Ahenni no so Hene no ho asɛm sɛ: “Obegye ohiani a osu frɛ no, ne mmɔborɔni ne nea onni boafo nso. Ɔbrɛfo ne ohiani asɛm bɛyɛ no mmɔbɔ. Na obegye ahiafo kra nkwa. Obegye wɔn kra afi nhyɛso ne atirimɔdensɛm mu.” (Dwom 72:12-14) Hyɛ no nsow sɛ Yesu wɔ tema ma wɔn a wosisi wɔn no, enti nea ɛbɛyɛ biara ɔbɛyɛ ho biribi. Eyi nyɛ awerɛkyekyesɛm anaa?

Sɛ Onyankopɔn Ahenni ba a, Ɔhene a ɔwɔ tumi ne mmɔborɔhunu no beyi ɔporɔw ne kɛtɛasehyɛ nyinaa afi asase yi so. Ɔkwan bɛn na ɔbɛfa so ayɛ saa? Obeyi nneɛma abiɛsa a ɛno na ɛde ɔporɔw ne kɛtɛasehyɛ ba no afi hɔ.

Bɔne

Seesei a yɛwɔ hɔ yi de, yɛne bɔne a ɛwɔ yɛn nyinaa mu no di apere na etumi hyɛ yɛn so ma yɛyɛ pɛsɛmenkominya. (Romafo 7:21-23) Nanso nnipa pii wɔ hɔ a wɔpɛ sɛ wɔyɛ adepa. Wɔwɔ gyidi wɔ Yesu mogya a ohwie gui no mu sɛ ebetumi agye wɔn nkwa, enti wobetumi anya bɔne fafiri. * (1 Yohane 1:7, 9) Sɛnea Yohane 3:16 kyerɛ no, saafo no betumi anya Onyankopɔn dɔ a ɛkyen so a wayi no adi akyerɛ nnipa no so mfaso. Ɛhɔ ka sɛ: “Onyankopɔn dɔ wiase paa ma enti ɔde ne Ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ɔkyerɛ no mu gyidi no ansɛe na mmom wanya daa nkwa.”

Onyankopɔn bɛyɛ biribi a ɛyɛ nwonwa paa ama wɔn a wodi nokware no. Wiase foforo a ɛreba no mu no, obeyi bɔne nyinaa afi hɔ na ɔde nkakrankakra bɛma adesamma a wɔsom no nyinaa ayɛ pɛ na wɔanya gyinabea pa wɔ n’anim. (Yesaia 26:9; 2 Petro 3:13) Ɛremma bio da sɛ bɔne bɛma obi de ne ho ahyɛ ɔporɔw ne kɛtɛasehyɛ mu. Onyankopɔn Ahenni mu no, nnipa a wodi nokware benya ahofadi afi ɔporɔw ne kɛtɛasehyɛ nyinaa mu.

Wiase Bɔne a Yɛte Mu

Awerɛhosɛm ne sɛ, nnipa pii hyɛ da sisi nkurɔfo. Wosisi nnipa a wonni kamafo ne ahiafo, na wɔhyɛ ɔporɔw ho nkuran. Bible tu saa nnipa no fo sɛ: “Ma ɔbɔnefo nnyaw ne kwan, na omumɔyɛfo nsakra n’adwene.” Sɛ saafo no sakra a, Bible hyɛ bɔ sɛ Onyankopɔn de ‘befiri wɔn aboro so.’—Yesaia 55:7.

Nanso wɔn a wɔasi wɔn bo sɛ bɔne ara na wɔbɛyɛ no, Onyankopɔn beyi wɔn afi hɔ. Onyankopɔn nam n’Ahenni no so bɛma bɔhyɛ a ɛwɔ Bible mu yi aba mu: “Twɛn Yehowa, na fa ne kwan so . . . Sɛ woyi nnebɔneyɛfo hɔ a, wubehu.” * (Dwom 37:34) Sɛ wɔn a bɔne ara na wɔayɛ wɔn adwene sɛ wobedi no fi hɔ a, Onyankopɔn asomfo anokwafo rente ɔporɔw ne kɛtɛasehyɛ nka bio na wɔrensisi wɔn bio.

Satan Ɔbonsam

Wɔn a wɔabɔ bɔne mu safohene no, Satan Ɔbonsam na odi wɔn mu akoten. Anigyesɛm ne sɛ, ɛrenkyɛ Yehowa bɛka Satan ahyɛ ma ɔrentumi mfa n’asɛm mma nnipa so bio. Edu baabi a, afei de Onyankopɔn bɛsɛe Satan korakora. Ɛremma da sɛ saa otirimɔdenfo no bɛdaadaa nnipa ma wɔde wɔn ho akɔhyɛ ɔporɔw ne kɛtɛasehyɛ mu.

Nanso, ebia w’adwenem no, ɛyɛ wo sɛ Onyankopɔn renyi ɔporɔw ne kɛtɛasehyɛ mfi hɔ da. Ebia wubebisa sɛ, ‘Enti Onyankopɔn wɔ tumi a ɔde bɛma nsakrae yi aba? Sɛ obetumi ayɛ a, adɛn nti na dedaadaw ɔnyɛe?’ Nsɛmmisa yi ho hia paa, na Bible nso de ho mmuae a ɛtɔ asom ma. * Yɛsrɛ wo kenkan na hu nea Bible kyerɛkyerɛ sɛ ɛbɛba daakye bere a ɔporɔw ne kɛtɛasehyɛ nyinaa afi hɔ no.

^ nky. 8 Sɛ wopɛ sɛ wuhu sɛnea Yesu wu no betumi agye nkwa a, hwɛ nhoma a wɔato din Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? no ti 5. Yehowa Adansefo na wotintimii.

^ nky. 12 Bible ma yehu sɛ Onyankopɔn din de Yehowa.

^ nky. 15 Sɛ wopɛ nsɛm pii a, hwɛ nhoma a wɔato din Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? ti 3, 8, ne 11 no.