Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 YEHOWA DANSEFO BI NE OBI BƆ NKƆMMƆ

Enti Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Yɛn Amanehunu Mu?

Enti Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Yɛn Amanehunu Mu?

Nkɔmmɔ a edi so yi yɛ nkɔmmɔ a Yehowa Adansefo taa ne nkurɔfo bɔ no bi. Ma yɛmfa no sɛ Ɔdansefo bi a wɔfrɛ no Felicia akɔ ɔbea bi a wɔfrɛ no Eunice fie.

ADƐN NTI KORAA NA WAMA SAA ASƐM YI ASI?

Felicia: Ɛnnɛ, merekyekyɛ krataa yi ama ɛhafo nyinaa. N’asɛmti ne sɛ So Wopɛ sɛ Wuhu Nokware No? Mepɛ sɛ migyaw biako ma wo.

Eunice: Ɛfa asɔre ho anaa?

Felicia: Aane. Hwɛ nsɛmmisa asia a ɛwɔ anim ha no. Emu nea ɛwɔ he na—

Eunice: Nhaw wo ho. Woresɛe wo bere.

Felicia: Adɛn nti na woreka saa?

Eunice: Nea ɛwom ara ne sɛ, minnye Onyankopɔn mpo nni.

Felicia: M’ani agye sɛ woaka wo komam asɛm akyerɛ me. Nanso, ma mimmisa biribi kakra, Wunyaa saa adwene no akyɛ?

Eunice: Dabi, misua no de, na mekɔ asɔre. Nanso migyaee akyɛ.

Felicia: O saa. Hwɛ o, mammɔ me din mpo ankyerɛ wo. Me din de Felicia.

Eunice: Me nso yɛfrɛ me Eunice.

Felicia: M’ani agye sɛ mabɛto wo wɔ fie.

Eunice: Me nso, ɛyɛ me anigye sɛ yɛahyia.

Felicia: Eunice, ɛnyɛ m’adwene ne sɛ mede me som rebepuapua wo. Nanso, mepɛ sɛ mibisa wo asɛm kakra. Biribi nti na wunnye Onyankopɔn nni anaa?

Eunice: Aane. Mfe 17 ni na me maame nyaa kar akwanhyia.

Felicia: O, kosɛ. Opirae anaa?

Eunice: Aane, opirae paa; ontumi nnantew mpo.

Felicia: Asɛm yi yɛ awerɛhow. Mehwɛ a, ɛhaw wo paa.

Eunice: Ɛnyɛ agoru. Ɛno nti, ɛyɛ a mibisa me ho sɛ, sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ ampa a, adɛn nti na ɔma nsɛm saa sisi? Adɛn nti na Onyankopɔn ama yɛrehu amane saa?

ƐYƐ MFOMSO SƐ YEBEBISA SAA?

Felicia: Ntease wom sɛ wobɛte nka saa, na wubisa nso a, wudi bisa. Sɛ amane bi to yɛn a, ntease wom sɛ yebebisa nea ɛkɔfaa amanehunu no bae. Yɛkenkan Bible a, yehu sɛ mmarima ne mmea anokwafo bi mpo bisaa nea enti a wɔrehu amane!

Eunice: Saa?

Felicia: Aane, sɛ ɛrenhaw wo a, anka metumi akenkan biako afi Bible mu akyerɛ wo.

Eunice: M’ani begye ho.

Felicia: Hwɛ asɛm a odiyifo nokwafo Habakuk bisaa Onyankopɔn. Ɛwɔ Habakuk ti 1 nkyekyɛm 2 ne 3. Ɛhɔ se: “O Yehowa, minsu nkosi da bɛn na woate? Memfrɛ wo nkosi da bɛn na woagye me afi amumɔyɛsɛm mu? Dɛn nti na woma mihu adebɔne?” Wunhu sɛ saa nsɛmmisa yi te sɛ nea wubisae no?

Eunice: Ampa.

Felicia: Bere a Habakuk bisaa Onyankopɔn saa nsɛm no, Onyankopɔn anka n’anim, na wanka ankyerɛ no sɛ ne gyidi sua.

Eunice: Eyi de, woama m’adwene akɔ biribi so paa.

YEHOWA KYI AMANEHUNU

Felicia: Bible ma yehu sɛ, sɛ yehu amane a, Onyankopɔn hu, na ɛhaw no.

Eunice: Worepɛ akyerɛ sɛn?

Felicia: Ma menkenkan asɛm bi nkyerɛ wo. Ɛwɔ Exodus 3:7. Mesrɛ wo, wubetumi akenkan ama me?

 Eunice: Mate. Ɛhɔ kenkan sɛ: “Yehowa de kaa ho sɛ: ‘Nokwarem no mahu me nkurɔfo a wɔwɔ Egypt no amanehunu, na mate apini a wosi bere a wɔhyɛ wɔn de wɔn yɛ adwuma no. Minim wɔn brɛ nyinaa.’”

Felicia: Meda wo ase. Wohwɛ nea Bible aka yi a, sɛ Onyankopɔn nkurɔfo rehu amane a, ohu anaa onhu?

Eunice: Ɛyɛ me sɛ ohu.

Felicia: Ɛnyɛ sɛ Onyankopɔn hu yɛn amanehunu kɛkɛ. Wo de, hwɛ asɛm a etwa to no. Onyankopɔn kae sɛ: “Minim wɔn brɛ nyinaa.” Wohwɛ asɛm yi a, Onyankopɔn yɛ obi a hwee mfa ne ho?

Eunice: Dabi, ɛnte saa.

Felicia: Ɛsono sɛ obi hu yɛn tebea, ɛnna ɛsono sɛ ɛka no ma ɔyɛ ho biribi.

Eunice: Wommoa.

Felicia: Wo de, dwen nea yɛaka yi ho na yɛnsan nhwɛ foforo. Ɛno nso yɛ bere a na Onyankopɔn nkurɔfo rehu amane. Ɛwɔ Yesaia 63:9. Ɔfã a edi kan no ka sɛ: “Bere a wɔn ho hiahiaa wɔn no, ne ho hiahiaa no.” Wohwɛ a, sɛ Onyankopɔn nkurɔfo hu amane a, ɛka no anaa?

Eunice: Ɛyɛ me saa.

Felicia: Eunice, nea ɛwom paa ne sɛ Onyankopɔn dwen yɛn ho yiye, na sɛ yɛrehu amane a, ɔmpɛ koraa. Sɛ ɛka yɛn a, na aka no.

ADƐN NTI NA ƆNYƐƐ HO HWEE?

Felicia: Ma memfa asɛm biako nka ho ansa na makɔ.

Eunice: Yoo mate.

Felicia: Ma yɛnhwɛ sɛnea Bible ka Onyankopɔn tumi ho asɛm. Kyerɛwsɛm a ɛwɔ me tirim ne Yeremia 10:12. Mesrɛ wo, kenkan hɔ?

Eunice: Yoo. Ɛhɔ kenkan sɛ: “Ɔno na ɔde ne tumi yɛɛ asase, na ɔde ne nyansa maa asase tim hɔ; Ɔno na ɔde ne nhumu trɛw ɔsoro mu.”

Felicia: Mo. Ma yennwen kyerɛwsɛm yi ho kakra. Wunhu sɛ, sɛnea Onyankopɔn bɔɔ amansan kɛse yi ne emu biribiara no kyerɛ sɛ ne tumi sõ paa?

Eunice: Ɛyɛ ampa.

Felicia: Wo de hwɛ o, sɛ Onyankopɔn wɔ tumi kɛse, na ɔde abɔ nneɛma a yehu nyinaa a, wunnye nni sɛ nneɛma a wabɔ no, ɔwɔ tumi a obetumi de adi so?

Eunice: Ɛyɛ nokware.

Felicia: Afei ma yɛnhwɛ wo maame asɛm no. Adɛn nti na nea ato no no haw wo saa?

Eunice: Ɔyɛ me maame, na medɔ no.

Felicia: Enti sɛ wowɔ tumi a wubetumi ayɛ ama ne ho atɔ no seesei ara a, anka worenyɛ?

Eunice: Anka merenyɛ sɛn?

Felicia: Enti dwen ho hwɛ. Bible kyerɛ sɛ Onyankopɔn nim yɛn amanehunu, ne yam hyehye no ma yɛn, na ɔyɛ tumi nyinaa wura. Enti wohwɛ sɛnea anka Onyankopɔn betumi atwa amanehunu so nanso ɔnyɛe no a, wunhu sɛ wayɛ ade paa sɛ wahyɛ ne ho so saa?

Eunice: Minnwen ho saa da.

Felicia: Wunnye nni sɛ ebia biribi pa bi nti na Onyankopɔn nyɛɛ ho hwee? *

Eunice: Aa, ebia.

Felicia: Ɛyɛ me sɛ wo telefon no refrɛ, enti ma yɛmfa nsi ha na mesan ba bio a, yɛaka ɛno ho asɛm akɔ akyiri.

Eunice: Meda wo ase. M’ani begye ho saa. *

Bible mu asɛm bi wɔ hɔ a ɛkyere w’adwene anaa? Yehowa Adansefo nkyerɛkyerɛ ne wɔn som mu nneɛma bi wɔ hɔ a wopɛ sɛ wote ase yiye anaa? Sɛ saa a, bere biara a wubehyia Yehowa Dansefo bi no, mma ɛnnhaw wo sɛ wubebisa no. N’ani begye ho sɛ ɔne wo bɛbɔ saa nsɛm no ho nkɔmmɔ.

^ nky. 61 Sɛ wopɛ nsɛm pii a, hwɛ nhoma a wɔato din Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? no ti 11. Yehowa Adansefo na wotintimii.

^ nky. 64 Nea enti a Onyankopɔn ama kwan ma amanehunu rekɔ so no, Ɔwɛn-Aban foforo bɛba abɛkyerɛkyerɛ mu.