Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 NSƐM A AKENKANFO BISA . . .

Adɛn Nti na Bible Kaa Ebinom Ho Asɛm Nanso Ammɔ Wɔn Din?

Adɛn Nti na Bible Kaa Ebinom Ho Asɛm Nanso Ammɔ Wɔn Din?

Sɛ wokenkan Rut nhoma a ɛwɔ Bible mu no a, ɔbarima bi a wanyɛ n’asɛde sɛnea Mose Mmara no kyerɛ no, edin a wɔde frɛɛ no ara ne Asiamasi. (Rut 4:1-12) Wɔn a wɔn ho asɛm wɔ Bible mu a wɔammɔ wɔn din no, enti ɛsɛ sɛ yɛka sɛ wɔn nyinaa nni suban pa anaa wɔn ho nhia nti na wɔammɔ wɔn din no?

Dabi. Ma yɛnhwɛ ɛho asɛm foforo. Bere a Yesu pɛ sɛ n’asuafo no kosiesie baabi ma odi ne Twam a etwa to no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ Asiamasi [“ɔbarima bi,” The New English Bible] nkyɛn wɔ kurow no mu” na munkosiesie ne fie hɔ. (Mateo 26:18) Enti ɔbarima a wɔfrɛ no “Asiamasi” wɔ kyerɛwsɛm yi mu no, wohwɛ a, na ɔyɛ nipabɔnefo anaa na ne ho nhia nti na wɔammɔ ne din no? Ɛnte saa koraa. “Ɔbarima” a wɔkaa ne ho asɛm no, na ɔyɛ Yesu suani. Wɔammɔ ne din, efisɛ na ne din ho nhia wɔ asɛm no mu.

Afei nso, wohwɛ Bible mu a wubehu nnipabɔnefo bebree din. Bible ka apapafo bebree nso ho asɛm a wɔmmɔ wɔn din. Ɛho nhwɛso ne Hawa, ɔbea a wodii kan bɔɔ no no. Obiara nim ne din, nanso ne pɛsɛmenkominya ne n’asoɔden na ɛmaa Adam yɛɛ bɔne, na ɛno na akɔfa amanehunu abrɛ yɛn nyinaa no. (Romafo 5:12) Noa yere nso, ɔyɛ onipa pa a ne ho asɛm wɔ Bible mu, nanso wɔammɔ ne din. Nanso sɛ yɛbɛka paa a, n’ahobrɛase ne osetie a ɔde boaa ne kunu ma ɔyɛɛ n’adwuma a ɛho hia paa no, yɛanya so mfaso. Enti ɛda adi sɛ ne din a wɔammɔ no nkyerɛ sɛ Onyankopɔn ani ansɔ no.

Bible ka nnipa foforo pii ho asɛm sɛ wɔyɛɛ nneɛma a ɛho hia paa wɔ Yehowa som mu, nanso ɛmmɔ wɔn din; nea ebinom mpo yɛe no, na egye akokoduru kɛse. Wo de, hwɛ Israelni abeawa kumaa a na ɔsom wɔ Siria sahene Naaman fie no. Onyaa akokoduru kaa Yehowa diyifo a ɔwɔ Israel no ho asɛm kyerɛɛ Naaman yere. Eyi maa anwonwade kɛse bi sii. (2 Ahene 5:1-14) Israel ɔtemmufo Yefta babea no nso yɛɛ nhwɛso kama paa. Ne papa hyɛɛ bɔ bi, na ɔno nso fii ne komam nyinaa de ne ho bɔɔ afɔre tuaa saa bɔhyɛ no, na ɛno nti wanware anwo ba. (Atemmufo 11:30-40) Bible mu nnwom no nso, nnipa bi kyerɛw bɛboro 40, nanso wɔammɔ wɔn din, na adiyifo bi nso wɔ hɔ a, wɔyeree wɔn ho yɛɛ adwuma akɛse a wɔde hyɛɛ wɔn nsa no; wɔn nso wɔammɔ wɔn din.1 Ahene 20:37-43.

Wɔn a wɔayɛ nhwɛso a ɛka koma paa ne abɔfo no. Abɔfo ɔpepepem pii na wɔwɔ hɔ, nanso wɔn mu baanu pɛ na Bible bɔ wɔn din; wɔne Gabriel ne Mikael. (Daniel 7:10; Luka 1:19; Yuda 9) Wɔn a aka nyinaa, Bible mmɔ wɔn din. Ɛho nhwɛso ni: Samson papa Manoa ka kyerɛɛ ɔbɔfo bi sɛ: “Mepɛ sɛ mihu wo din na sɛ nea woaka yi nyinaa ba mu a, yɛahyɛ wo anuonyam.” Asɛm bɛn na ɔbɔfo no ka kyerɛɛ no? Ɔkae sɛ: “Dɛn nti na wopɛ sɛ wuhu me din?” Ɔbɔfo no ahobrɛase nti, wannye anuonyam a Onyankopɔn nko ara na ɛsɛ sɛ wɔde ma no no.Atemmufo 13:17, 18.

Nea enti a Bible abɔ nnipa bi din, na ebinom de, ammɔ wɔn din no, Bible nkyerɛkyerɛ mu. Nanso nnipa ne abɔfo a wɔsom Onyankopɔn nokwarem a wɔanhwehwɛ din ne anuonyam no, yebetumi ahwɛ wɔn asuasua wɔn.