Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Babel Abantenten”—Ɛno na Ɛkɔfaa Kasa Nyinaa Bae Anaa?

“Babel Abantenten”—Ɛno na Ɛkɔfaa Kasa Nyinaa Bae Anaa?

“Yehowa bɔɔ wɔn hwetee asase so nyinaa, na wogyaee kurow no kyekye. Eyi nti na wɔbɛfrɛɛ hɔ Babel, efisɛ ɛhɔ na Yehowa yɛɛ asase nyinaa kasa basabasa.”Genesis 11:8, 9.

ENTI Bible mu asɛm yi sii ampa? Ɛyɛ nokware sɛ nnipa nyinaa kasa sesae prɛko pɛ ma obiara kasa danee koraa? Ebinom te Bible mu asɛm a ɛse nnipa kasa sesae prɛko pɛ no a, na ɛyɛ wɔn serew. Nhomakyerɛwfo bi kyerɛ sɛ: “Babel Abantenten ho anansesɛm no yɛ asɛm a ntease nnim koraa.” Yudafo rabi bi mpo kae sɛ “wɔn a wonnim nea wɔreka no, wɔn na wɔde saa asɛm no kyerɛ ɔkwan a yɛfaa so nyaa aman pii.”

Adɛn nti na ebinom kyerɛ sɛ Babel asɛm no nyɛ nokware? Nea ɛwom ara ne sɛ, sɛnea nkurɔfo kyerɛ sɛ kasa bae no, ɛne Babel asɛm no nhyia koraa. Ɛho nhwɛso biako ne sɛ nhomanimfo bi kyerɛ sɛ kasa ahorow amma prɛko pɛ na mmom kasa biako na ɛdannan bɛyɛɛ kasa bebree. Ebinom nso kyerɛ sɛ kasa pii wɔ hɔ a, ɛno ara na ɛbae, emfi kasa biara mu; ɛhyɛɛ ase sɛ nnyigyei nketenkete kosii sɛ ɛbɛyɛɛ kasa a edi mu. Saa adwene yi ne kasa ho adwenkyerɛ pii a enhyia no ama nnipa pii ne Ɔbenfo W. T. Fitch ayɛ adwene. Ɔbenfo no kae wɔ ne nhoma bi mu sɛ: “Yɛntee asɛm no ase nwiei.”The Evolution of Language.

Dɛn na nhwehwɛmufo ahu wɔ tetefo nneɛma mu a ɛma yehu nea ɛyɛe a nnipa kasa bae? Nea wɔahu no, ɛfoa nkurɔfo adwenkyerɛ no so anaa? Anaasɛ ɛfoa Babel asɛm a ɛwɔ Bible mu no so? Momma yɛntɔ yɛn bo ase nhwehwɛ saa asɛm no mu.

ƐHE NA ESII NA BERE BƐN NA ESII?

Bible kyerɛ sɛ “Sinar asase so” (baabi a akyiri yi wɔfrɛɛ hɔ Babylonia) na nnipa kasa yɛɛ basabasa ma wɔhwetee asase so nyinaa. (Genesis 11:2) Bere bɛn na esii? Wɔwoo Peleg no, edii bɛyɛ mfe 250 ansa na wɔrewo Abraham, na Bible ka sɛ Peleg bere so na “wɔkyekyɛɛ asase mu.” Enti  yɛhwɛ a, Babel asɛm no sii no, mfe bɛyɛ 4,200 atwam.Genesis 10:25; 11:18-26.

Nhomanimfo bi kyerɛkyerɛ sɛ kasa a yɛka no nnɛ no fi kasa biako mu; wɔkyerɛ sɛ ɛno na ɛpaapae yɛɛ kasa bebree, na ɛno nso ne kasa biako pɛ a na nnipa ka bɛyɛ mfe 100,000 ni. * Ebinom nso kyerɛ sɛ bɛyɛ mfe 6,000 ni no, na nkurɔfo ka kasa ahorow bi, na ɛno na ɛpaapae bɛyɛɛ kasa a yɛka no nnɛ no nyinaa. Kasa a obiara nka bio no nso ɛ? Animdefo kyerɛ sɛ ɛyɛɛ dɛn na ɛbae? Atesɛm krataa bi kae sɛ: “Ɛno de, ɛbɛyɛ den sɛ obi betumi akyerɛ. Abɔde mu nyansahufo de, wɔwɔ tete nneɛma a wobetumi de ayɛ nhwehwɛmu ahu nea esii tete, na kasa ho animdefo de, wonni biribiara saa.” Atesɛm krataa no toaa so sɛ kasa ho nimdefo bi de, “ɔno ara keka nsɛm bi bom a, na wabɔ ne tirim aka biribi wɔ ho.”Economist.

Nanso tete nneɛma bi wɔ hɔ a ɛma yehu sɛnea na tete kasa te. Ɛyɛ nneɛma bɛn, na dɛn na ɛma yehu fa nnipa kasa ho? Nhoma bi kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Wofii ase kyerɛw kasa no, adi mfe bɛyɛ 4,000 anaa 5,000, na kasa a wɔakyerɛw nko ara ne ɔkwan a yebetumi afa so ahu sɛnea na tetefo kasa te.” (The New Encyclopædia Britannica) Ɛhe na wɔn a wotutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu huu saa tete nkyerɛwee no? Ɛyɛ Mesopotamia, baabi a tete no na wɔfrɛ hɔ Sinar no. * Enti adanse a ɛwɔ hɔ no foa asɛm a Bible ka no so.

ƐSONO SƐNEA KASA BIARA MUFO DWEN

Bible ka sɛ ɛyɛ Babel na Onyankopɔn yɛɛ “wɔn kasa basabasa na obiara ante ne yɔnko kasa.” (Genesis 11:7) Ɛno nti adwumayɛfo no gyaee Babel “kurow no kyekye,” na ‘wɔhwetee asase so nyinaa.’ (Genesis 11:8, 9) Enti kasa a yɛka no nnɛ no, Bible nka sɛ ne nyinaa fi kasa biako mu. Mmom no, ɛka sɛ kasa bebree baa prɛko pɛ, na na emu biara nso di mu a nnipa tumi de kyerɛ wɔn adwene ne sɛnea wɔte nka, na ebiara nso da nsow koraa.

Tete cuneiform nkyerɛwee a ɛwɔ abo pon so; wohui wɔ Mesopotamia, na adi boro mfe 4,000

Kasa a yɛka no nnɛ no nso ɛ? Ɛbemmɛn ho anaasɛ ebiara yɛ soronko koraa? Adwene ho nimdefo Lera Boroditsky kyerɛwee sɛ: “Kasa ho animdefo hwehwɛɛ kasa ahorow a ɛwɔ wiase mu, (kasa a ɛwɔ wiase no dodow bɛyɛ 7,000, na emu kakraa bi na wɔhwehwɛɛ mu) na wohui sɛ nsonsonoe akɛse bebree wom.” Sɛ yɛfa kasa bi te sɛ Akuapem Twi ne Asante Twi a, ɛsɛ, nanso yɛde toto kasa foforo te sɛ French ho a, ɛmmɛn koraa.

Kasa a obi ka no, ɛno na ɛkyerɛ ɔkwan a ɔfa so dwen ne sɛnea ɔkyerɛkyerɛ nneɛma mu. Enti kasa biara nko ne ɔkwan a wɔfa so kyerɛ obi kwan kɔ baabi, sɛnea wɔkyerɛ biribi kɔla, ne sɛnea wɔkan nneɛma. Nhwɛso bi ni. Obi betumi aka asɛm bi wɔ kasa bi mu sɛ: “Ne yam ye,” nanso asɛm koro yi ara, ebia wɔbɛka wɔ kasa foforo mu sɛ: “Ne tirim yɛ fɛ.” Sɛ nkurɔfo kasa nhyia a, ɛnyɛ nneɛma na ɛbɛyɛ basaa? Enti sɛ Babel adansifo no antumi antoa wɔn adwuma no so a, ɛnyɛ nwonwa.

 NNYIGYEI NKETENKETE ANAASƐ KASA A EDI MU?

Kasa a mfiase no na nnipa ka no, na ɛte sɛn? Bible ka sɛ onipa a odi kan, Adam ankasa tumi yɛɛ nsɛmfua foforo, na ɔde totoo mmoa nyinaa din. (Genesis 2:20) Bere a Adam nyaa yere no, otumi hyehyɛɛ anwensɛm kyerɛɛ sɛnea n’ani agye ne yere ho. Ɔbea no nso tumi kyerɛɛ Onyankopɔn mmara mu, na ɔkyerɛɛ nea wobu mmara no so a ɛbɛba. (Genesis 2:23; 3:1-3) Enti, na kasa a edi kan no mu dɔ, na na wotumi de kyerɛkyerɛ nneɛma mu ka biribiara a wɔpɛ sɛ wɔka.

Kasa a ɛyɛɛ basabasa wɔ Babel no maa obiara asɛm kaa ne tirim, enti wɔantumi amfa wɔn ahoɔden anyɛ adwuma sɛnea wɔpɛ. Nanso kasa foforo a wonyae no, na edi mu te sɛ kasa a edi kan no. Enti ankyɛ pii na nnipa kyekyee nkurow akɛse a emu yɛ manyamanya, hyehyɛɛ asraafo dɔm akɛse, na wotumi ne aman foforo dii gua. (Genesis 13:12; 14:1-11; 37:25) Kasa a wɔka no, sɛ enni nsɛmfua bebree ne kasa mmara a, anka wobetumi de adi nkitaho anya nkɔanim saa? Bible ma yehu sɛ kasa a edi kan ne kasa ahorow a ɛbaa prɛko pɛ wɔ Babel no nyɛ nnyigyei nketenkete, na mmom ɛyɛ kasa a edi mu.

Nhwehwɛmu a wɔayɛ no nnansa yi foa Bible mu asɛm no so. Nhoma bi ka sɛ: “Nnipa biara a wɔahwehwɛ wɔn asetena mu no, nea wɔahu ne sɛ, sɛ wɔn asetena ‘nnyaa nkɔanim’ mpo a, kasa a wɔka de, edi mu paa te sɛ aman a wɔkyerɛ sɛ ‘wɔanya nkɔanim’ no kasa.” (The Cambridge Encyclopedia of Language) Ɔbenfo Steven Pinker wɔ Harvard Kɔlege, na ɔkae wɔ ne nhoma bi mu sɛ: “Kasa biara nni hɔ a yebetumi aka sɛ ɛyɛ atetekwaa kasa.”The Language Instinct.

KASA A YƐBƐKA NO DAAKYE

Tete nneɛma a ɛfa kasa ho no, seesei yɛahu mfe dodow a adi ne baabi a wohuu no, na yɛahu sɛ nsonsonoe akɛse wɔ kasa ahorow mu na tete kasa nso, na edi mu. Enti afei dɛn na yɛbɛka? Nnipa bebree a wɔahu saa nneɛma yi agye atom sɛ Bible mu asɛm a ɛfa Babel ho no yɛ nokware turodoo.

Bible ka sɛ nnipa tew atua tiaa Yehowa Nyankopɔn, enti na ɔyɛɛ wɔn kasa basabasa wɔ Babel no. (Genesis 11:4-7) Nanso, akyiri yi ɔhyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛdan “aman no ano ma wɔaka kasa kronn, na wɔn nyinaa bɛbɔ Yehowa din na wɔde mmati koro asom no.” (Sefania 3:9) Saa “kasa kronn” no ne Onyankopɔn Asɛm mu nokwasɛm, na ɛnnɛ, ɛreka nnipa a wofi wiase afanan nyinaa abom. Ntease wom sɛ yɛbɛka sɛ daakye Onyankopɔn bɛma nnipa nyinaa aka kasa biako na ama nkabom no ayɛ kɛse, na ɛbɛma nneɛma ayɛ sɛnea na ɛte ansa na kasa reyɛ basabasa wɔ Babel no.

^ nky. 8 Kasa ho adwenkyerɛ pii taa de adwene bi ba sɛ nnipa fi aboa bi a ɔte sɛ kontromfi mu. Sɛ wopɛ sɛ wuhu saa adwenkyerɛ no ho nkyerɛkyerɛmu a, hwɛ Ɔwɛn-Aban a ɛbae January 1, 2008, kratafa 14. Yehowa Adansefo na wotintimii.

^ nky. 9 Nkurɔfo atutu fam ahu biribi a ɛte sɛ abosonnan a wɔasi no abantenten atoatoa so te sɛ piramidi wɔ Sinar mpɔtam hɔ. Bible kyerɛ sɛ wɔn a wɔtoo Babel Abantenten no, ɛnyɛ abo na wɔde toe na mmom wɔde birikisi na ɛtoe na wɔde kootaa hyehyɛe. (Genesis 11:3, 4) Nhoma bi ka sɛ Mesopotamia mpɔtam hɔ no, na abo “ho yɛ den na ɛtɔ da a worepɛ bi mpo a worennya.” Nanso kootaa de, na abu so.The New Encyclopædia Britannica.