Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 BIBLE TUMI SESA NNIPA

“Na Yehowa Werɛ Mfii Me”

“Na Yehowa Werɛ Mfii Me”
  • AFE A WƆWOO NO: 1922

  • ƆMAN A OFI MU: SPAIN

  • TEBEA A NA ƆWOM: KATKIST

ME KAN ASETENA:

Spain atifi fam kurow bi a wɔfrɛ no Bilbao no, ɛhɔ na wɔwoo me. Ná ɛhɔfo nyɛ asikafo nanso na wɔwɔ wɔn biribi di. Ná yɛyɛ mmofra baanan; me na na meto so abien. Ná yɛyɛ Katolekfo mapa, na da biara na mekɔ Mass. Minyaa mfe 23 no, mebɛyɛɛ tikyani. Ná m’ani gye tikya adwuma no ho paa, enti meyɛɛ no mfe 40. Mekyerɛɛ nneɛma bebree, nanso nea na ne kyerɛ yɛ me dɛ paa ne Katolek asɔre no ho nsɛm. Ná meyɛ katkist nso, na edu anwummere a, mekyerɛ mmabaa no ade sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi afi ase akɔ Awurade adidi.

Minyaa aware pa, nanso edii mfe 12 na me kunu wu gyaw mmabea baanan guu me so. Saa bere no, na madi mfe 33 pɛ! Ná ɛyɛ me sɛ Katolek gyidi a mewom no bɛkyekye me werɛ, nanso na nsɛm bi da so kyere m’adwene. Ná metaa bisa me ho sɛ: ‘Sɛ Kristo agye yɛn nkwa a, ɛnde adɛn nti na nnipa da so wuwu? Apapafo bɛkɔ soro a, adɛn nti na yɛbɔ mpae sɛ Onyankopɔn Ahenni mmra?’ Asɛmmisa a na ɛhaw me paa ne sɛ: ‘Sɛ yewu na Onyankopɔn bebu yɛn atɛn ma yɛakɔ soro anaa mfinimfinibea anaasɛ ɔbonsam gya mu a, ɛnde adɛn nti na ɛsɛ sɛ yefi hɔ begye yɛn atemmu a edi akyiri?’

Mede saa nsɛmmisa yi too asɔfo bi anim. Wɔn mu baako buae sɛ: “Minnim; kobisa sɔfopanyin. Adɛn nti koraa na ɛsɛ sɛ wode haw wo ho? Sɛ́ wugye Onyankopɔn di, meboa? Ɛno ara ye!” Nanso mekɔɔ so ara hwehwɛɛ nsɛm no ho mmuae. Akyiri yi mikotiee Katolek asɔre mpanyimfo (Jesuitfo) bi nkyerɛkyerɛ, na mikotiee Pentekostfo ne Animadefo bi nso. Nanso obiara antumi amma me mmuae a ɛtɔ asom.

SƐNEA BIBLE NO SESAA M’ASETENA:

Bere a midi boroo mfe 60 no, sukuuni akwadaa bi a wadi mfe ason too nsa frɛɛ me ma mekɔɔ Yehowa Adansefo nhyiam bi. Nea mikohui ne nea mekɔtee nyinaa, m’ani gyee ho, nanso saa bere no, na minni adagyew, enti me ne Adansefo no antoa so. Mfe abien twaa mu no, Adansefo awarefo bi a wɔn din de Juan ne Maite baa me fie. Mede abosome abiɛsa ne wɔn pɛsɛpɛsɛɛ Bible mu, na afei ɛdanee Bible adesua.

 Ná memfa adesua no nni agoru koraa. Mede Bible nkyerɛase abiɛsa na esuaa ade sɛnea ɛbɛyɛ a mɛhwehwɛ biribiara mu frenkyemm ahu sɛ nea Yehowa Adansefo kyerɛkyerɛ no yɛ nokware anaa. Ankyɛ koraa na mihui sɛ sɛɛ gyidi a mikura no, ntease biara nnim. Mibehui sɛ nea migye di dedaw no ne nea meresua fi Bible mu no, nsonsonoe kɛse da ntam, na ɛhaw me paa. Asɛm no bɔɔ me pusa, efisɛ me gyidi dedaw no yɛɛ sɛ dua bi a ase atim a ɛretutu.

Na minim sɛ ɛyɛ agyapade kɛse

Afei, me kunu a ɔto so abien yaree denneennen wui. Saa bere no ara nso na mekɔɔ pɛnhyɛn, na mitu fii Bilbao kakra. Juan ne Maite nso tu fii hɔ. Awerɛhosɛm ne sɛ migyaee Bible adesua no, nanso me komam paa de, na minim sɛ ɛyɛ agyapade kɛse. Me werɛ amfi da.

Mfe 20 akyi, bere a na madi mfe 82 no, Juan ne Maite san baa Bilbao, na wɔbɛsraa me. Mihuu wɔn no, sɛnea m’ani gyei de, ɛnyɛ ano bi ni! Mihui sɛ na Yehowa werɛ mfii me, enti mesan hyɛɛ m’adesua no ase bio. Juan ne Maite nyaa me ho abotare paa, efisɛ mibisa asɛm ma woyi ano koraa a, ɛwom ara a na masan akɔfa aba bio. Ná mepɛ sɛ wotĩ mu kyerɛ me, efisɛ ɛno bɛma mahu nea Bible kyerɛkyerɛ no yiye, na matumi ayi me koma afi me gyidi dedaw no so. Afei nso na mepɛ sɛ mete ase yiye na matumi akyerɛkyerɛ Bible mu nokwasɛm mu akyerɛ me nnamfo ne m’abusuafo.

Midii mfe 87 no, afei de mebɔɔ asu, na saa da no paa na m’ani gyei wɔ m’asetenam. Yehowa Adansefo ɔmansin nhyiam bi ase na mebɔɔ asu. Asafo mu panyin bi maa ɔkasa a egyina Bible so kyerɛɛ asubɔfo no. Asɛm no kaa me koma ma metee nisu. Ɛyɛɛ sɛ me na Yehowa rekasa kyerɛ me. Adansefo a na wɔwɔ nhyiam no ase no, na bebree nnim me, nanso mebɔɔ asu wiei no, wɔbɛmaa me ayekoo!

SƐNEA ABOA ME:

Ná minim paa sɛ Yesu Kristo ne “ɔkwan no.” (Yohane 14:6) Nanso Yehowa a Yesu kyerɛ yɛn kwan kɔ ne nkyɛn no, Bible adesua no ma mibehuu no yiye. Seesei, mitumi bɔ Onyankopɔn mpae, na mihu no sɛ m’Agya ne m’Adamfo. Mekenkanee nhoma a wɔato din Bɛn Onyankopɔn * no, na ɛsesaa me koraa. Mfiase no, mede anadwo biako kenkan ne nyinaa! Mihui sɛ Yehowa yɛ mmɔborɔhunufo, na ɛkaa me koma paa.

Mitwa m’ani hwɛ mfe dodow a mede hwehwɛɛ nokware no a, ɛma Yesu asɛm yi ba me tirim: “Monkɔ so mmisa, na wɔde bɛma mo; monkɔ so nhwehwɛ, na mubehu; monkɔ so mmom, na wobebue mo.” (Mateo 7:7) Seesei a manya mmuae a mahwehwɛ akyɛ no, sɛ meka ho asɛm kyerɛ nkurɔfo a, ɛma m’ani gye boro so.

Madi mfe 90, nanso Yehowa ho nimdeɛ a mewɔ no sua koraa. Nhyiam a mɛkɔ wɔ Ahenni Asa so biara som bo ma me, efisɛ ɛhɔ na minya nimdeɛ a edi mu, na ɛhɔ ara nso na me ne me nuanom mmea ne mmarima bɔ fekuw. Mehwɛ kwan sɛ mɛsan akyerɛ nkurɔfo ade bio wɔ Paradise a ɛreba asase so no mu. (Adiyisɛm 21:3, 4) M’ani da so paa sɛ mehu m’adɔfo a wɔawuwu no bio na manya kwan akyerɛkyerɛ wɔn Bible mu nokwasɛm. (Asomafo Nnwuma 24:15) Me ho pere me sɛ mɛma wɔahu ade kɛse a Yehowa yɛ maa me wɔ me mmerewabere mu!

^ nky. 15 Yehowa Adansefo na wotintimii.