Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM A ƐDA SO | NEA ƐBƐMA W’ANI AGYE W’ADWUMA HO

Adwumaden—Ɛho Hia?

Adwumaden—Ɛho Hia?

Alex ne adwumakuo bi na ɛyɛ adwuma. Wɔde kar twe nneɛma kɔ mmeaeɛ ahodoɔ. Berɛ a Alex rema adaka bi so akɔ kar no mu no, ɔguu ahome, na ɔkaa wɔ ne tirim sɛ, ‘Adɛn nti na meda so ara te adwuma bɔne yi mu saa? Da bɛn koraa na mɛyɛ yie? Sɛ menyɛ adwuma mpo a, anka ɛyɛ!’

Ɛnnɛ, nnipa pii te sɛ Alex a yɛaka ne ho asɛm no; wɔmpɛ sɛ wɔyɛ adwumaden. Aaron yɛ fitani. Ɔkaa sɛ, “Nnipa pii adwene yɛ wɔn sɛ adwuma a ‘ɛba fam’ mfata wɔn. Nea wɔka ara ne sɛ, ‘Wei deɛ mede retwitwa me ho kɛkɛ. Akyiri yi menya adwuma papa bi a, mɛgyae.’”

Adɛn nti na nnipa pii mpɛ sɛ wɔyɛ adwumaden? Ɛbɛtumi aba sɛ nsɛm a wɔte wɔ atesɛm nkrataa mu ne radio so na anya wɔn so nkɛntɛnsoɔ. Nea wɔtaa ka ne sɛ, ɛnsɛ sɛ wobrɛ ansa na woanya asetena pa. Matthew yɛ adwumayɛni a ɔsiesie adan ne nneɛma ahodoɔ. Ɔkaa sɛ, “Ebinom adwene yɛ wɔn sɛ wɔn a wɔyere wɔn ho yɛ adwuma no mpo na wɔdi hia.” Shane nso adwuma te sɛ Matthew deɛ no ara. Ɔkaa sɛ: “Ɛnnɛ deɛ, akatua a adwumayɛfoɔ gyeɛ no, ɛnyɛ ɛno ho adwuma na wɔyɛ.”

Nanso, nnipa a wɔdi yie no mu pii wɔ hɔ a wɔpɛ adwuma paa. Daniel adi mfeɛ 25, na ɔsisi adan. Ɔkaa sɛ: “Adwumaden deɛ, mfasoɔ wɔ so paa, ɛnkanka berɛ a botae papa bi si w’ani so no.” Andre nso adi mfeɛ 23, na asɛm a ɔkaeɛ no te sɛ Daniel deɛ no ara. Ɔkaa sɛ: “Woyɛ adwuma a ɛma w’ani gye. Sɛ wote hɔ na wonyɛ adwuma a, ɛnkyɛ na asetena afono wo!”

Dɛn na aboa nnipa bi te sɛ Daniel ne Andre ama wɔanya adwempa wɔ adwuma ho? Ne tiaa mu ne sɛ, wɔde Bible mu asɛm bɔ wɔn bra. Bible kasa tia akwadworɔ, na ɛhyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnyere yɛn ho nyɛ adwuma. Nanso Bible nka sɛ yɛnyɛ adwuma kɛkɛ. Ɛsan kyerɛ yɛn nea yɛyɛ a ɛbɛma yɛn ani agye yɛn adwuma ho.

Bible mu asɛm bɛn na ɛbɛtumi aboa wo ama woanya akomatɔyam wɔ w’adwuma ho? Ma yɛnsusu emu kakra ho wɔ asɛm a ɛdi hɔ no mu.