Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bible Nsɛmmisa Ho Mmuaeɛ

Bible Nsɛmmisa Ho Mmuaeɛ

Anidaso bɛn na ɛwɔ hɔ ma nnipa?

Ɔkwan bɛn so na Yesu wuo no bɛtumi ama adesamma atena ase wɔ asomdwoe mu na obiara adwen ne yɔnko ho?

Nnipa bɛkɔ so ara anya nkɔanim wɔ nyansahu mu. Nanso, wohwɛ a bere bi bɛba a nnipa bɛtumi ama adesamma atena asomdwoe mu a obiara dwen ne yɔnko ho? Dabida. Ɛnnɛ, pɛsɛmenkominya ne adifudepɛ abu so wɔ wiase baabiara. Nanso, Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛma nnipa anya asetena pa daakye.Kenkan 2 Petro 3:13.

Onyankopɔn Asɛm ka sɛ, bere bi bɛba a nnipa nyinaa bɛdodɔ wɔn ho. Ehu renka obiara, na obiara nso renteetee ne yɔnko wɔ hɔ.Kenkan Mika 4:3, 4.

Ɛbɛyɛ dɛn na pɛsɛmenkominya afi hɔ?

Onyankopɔn bɔɔ onipa no, wamfa pɛsɛmenkominya anhyɛ ne mu. Nanso bere a onipa a ɔdi kan no hyɛɛ da yɛɛ Onyankopɔn so asoɔden no, ɔbɛyɛɛ ɔbɔnefo. Enti ɔno na ɔde pɛsɛmenkominya woo yɛn. Nanso anigyesɛm ne sɛ, Onyankopɔn nam Yesu so bɛma nnipa asan ayɛ pɛ a bɔne biara nni wɔn ho.Kenkan Romafoɔ 7:21, 24, 25.

Onyankopɔn maa Yesu bɛwu gyee yɛn nkwa. Enti bɔne a yɛn nana a ɔdi kan no yɛe no renni yɛn so tumi bio. (Romafoɔ 5:19) Yesu wuo no ama nnipa anya daakye ho anidaso a ɛyɛ anigye. Saa bere no, nnipa renyɛ pɛsɛmenkominya na wɔrenyɛ bɔne nso bio.Kenkan Dwom 37:9-11.