Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Enti Yɛbɛtumi Ayɛ Nea Ɛsɔ Onyankopɔn Ani?

Enti Yɛbɛtumi Ayɛ Nea Ɛsɔ Onyankopɔn Ani?

So woakenkan nnipa a Bible bɔ wɔn din pa no ho asɛm pɛn? Ebia wokenkan wiei no asɛm a wokae ara ne sɛ, ‘Me deɛ merentumi nyɛ sɛ wɔn da!’ Anaasɛ, ‘Me deɛ, asɛm wɔ me ho, na ɛnyɛ bere nyinaa na meyɛ adepa.’

Hiob yɛ onipa a na “ne ho nni asɛm, na ɔtene.”—Hiob 1:1

Wɔkaa Hiob a ɔtenaa ase tete no ho asɛm sɛ, “onipa a ne ho nni asɛm, na ɔtene.” (Hiob 1:1) Wɔfrɛɛ Lot sɛ “ɔbarima a ɔtene.” (2 Petro 2:8) Bible ka sɛ Dawid yɛɛ “deɛ ɛtene” wɔ Onyankopɔn ani so. (1 Ahemfo 14:8) Nanso, momma yɛnsusu nnipa a Bible ka wɔn ho asɛm yi asetena mu nsɛm ho kakra nhwɛ. Yɛbɛhu sɛ (1) wɔdii mfomso, (2) yɛbɛtumi asua nneɛma pii afi nea wɔyɛe no mu, afei (3) yɛbɛhu sɛ nnipa a wɔnyɛ pɛ bɛtumi asɔ Onyankopɔn ani.

WƆDII MFOMSO

“[Onyankopɔn gyee] ɔteneneeni Lot a mmaratofoɔ no ahohwibra maa ne ho hiahiaa no no.”—2 Petro 2:7

Hiob huu amane pii wɔ n’asetenam, na ɛte sɛ nea wɔne no anni no yie. Ɛno nti, ɔnyaa adwene a ɛmfata; n’adwene yɛɛ no sɛ sɛ ɔdi nokware oo, wanni nokware oo ɛmfa Onyankopɔn ho. (Hiob 9:20-22) Ná Hiob bu ne ho treneeni dodo, enti afoforo bɛnyaa adwene sɛ obu ne ho sɛ ɔtene sene Onyankopɔn.—Hiob 32:1, 2; 35:1, 2.

Lot nso twentwɛnee ne nan ase wɔ gyinaesi bi a anka ɛnsɛ sɛ ɛyɛ den ma no ho. Nnipa a na wɔte Sodom ne Gomora no ahohwibra maa Lot ho hiahiaa no paa, na “ne kra a ɛtene no ho yeraa no.” (2 Petro 2:8) Ná Onyankopɔn abɔ ne tirim sɛ ɔbɛsɛe saa nkuro a bɔne ahyɛ mu mã no. Enti ɔkaa ho asɛm kyerɛɛ Lot, na ɔkyerɛɛ no nea ɔyɛ a ɔne n’abusua bɛnya nkwa. Ebia wobɛsusu sɛ Lot a na ne ho hiahia no no na ɔbɛdi kan afi kuro no mu, nanso saa bere no koraa na ɛyɛɛ den maa no sɛ ɔbɛtu ne nnan. Ɛbaa saa no, na ɛsɛ sɛ abɔfo a Onyankopɔn asoma wɔn sɛ wɔnkɔgye Lot ne n’abusua no sosɔ wɔn nsa de wɔn fi kuro no mu ntɛm.—Genesis 19:15, 16.

Dawid “dii [Onyankopɔn akyi], na deɛ ɛtene nko ara na ɔyɛɛ no [Onyankopɔn] ani so.”—1 Ahemfo 14:8

Dawid nso ɛ? Bere bi, wantumi anhyɛ ne ho so ma enti ɔne obi yere sɛee awareɛ. Nea ɛyɛ asefem koraa ne sɛ, Dawid maa wɔkum ɔbaa no kunu sɛnea ɛbɛyɛ a bɔne a wayɛ no renna adi. (2 Samuel, ti 11) Bible ka sɛ adeɛ a Dawid yɛeɛ no “ansɔ Yehowa ani” koraa.—2 Samuel 11:27.

Hiob, Lot, ne Dawid nyinaa dii mfomso; ná ebi yɛ bɔne a emu yɛ duru yie. Nanso sɛnea akyiri yi yɛbɛhu no, na wɔn nyinaa pɛ sɛ wɔfiri wɔn koma mu tie Onyankopɔn na wɔsom no. Wɔfiri wɔn komam kyerɛɛ sɛ wɔanu wɔn ho na wɔpɛ sɛ wɔyɛ nsakrae biara a ehia. Saa a wɔyɛe nti, Onyankopɔn nso gyee wɔn toom, enti Bible ka wɔn ho asɛm sɛ wɔyɛ mmarima anokwafo.

DƐN NA YƐBƐTUMI ASUA AFI MU?

Yɛyɛ nnipa a bɔne wɔ yɛn ho yi deɛ, ɛnyɛ dɛn ara yɛbɛdi mfomso. (Romafoɔ 3:23 ) Nanso sɛ yɛdi mfomso a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ biribi de kyerɛ sɛ yɛanu yɛn ho, na afei yɛyɛ nea yɛbɛtumi biara de siesie yɛn akwan.

Dɛn na Hiob, Lot, ne Dawid yɛe de siesiee mfomso a wɔdii no? Wɔ Hiob komam no na ɔnyɛ onipa bɔne, mmom na ɔyɛ ɔnokwafo a okura ne mũdi mu. Bere a Onyankopɔn ne Hiob susuu nsɛm ho wiei no, ɔnuu ne ho, na ɔtwee nsɛm a ɔkae no sanee. (Hiob 42:6) Lot nso, na n’ani nnye ɔbrasɛe a na ɛrekɔ so wɔ Sodom ne Gomora no ho sɛnea na Onyankopɔn ani nnye ho no. Nea na ɛyɛ ne haw ara ne sɛ, saa bere no wanyɛ n’ade ntɛmso. Akyiri yi, ɔdwane firii nkuro a na wɔrebɛsɛe no no mu ma enti Onyankopɔn ansɛe no. Afei nso, otiee Onyankopɔn asɛm, enti wantwa n’ani anhwɛ nneɛma a na wagya wɔ n’akyi no. Ɛwom, Dawid buu Onyankopɔn mmara so yɛɛ bɔne a emu yɛ duru paa deɛ, nanso ɔfiri ne komam nuu ne ho, na ɔka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔnhu no mmɔbɔ; nea ɔyɛe no ma yɛhu nea na ɛwɔ ne komam ankasa.—Dwom 51.

Onyankopɔn huu saa mmarima no sɛ wɔtene. Wei kyerɛ sɛ ɔnim sɛ nnipa tɔ sin enti ɔnhwehwɛ pii mfi yɛn hɔ. Bible ka sɛ, Onyankopɔn “nim yɛn nipaban, ɔkae sɛ yɛyɛ mfuturo.” (Dwom 103:14) Enti, sɛ Onyankopɔn nim sɛ nnipa ntumi ntwe wɔn ho mfi bɔne ho koraa deɛ a, ɛnde dɛn na ɔhwehwɛ fi yɛn hɔ?

“[Onyankopɔn nim] yɛn nipaban; ɔkae sɛ yɛyɛ mfuturo.”—Dwom 103:14

NNIPA A BƆNE WƆ YƐN HO BƐYƐ DƐN ASƆ ONYANKOPƆN ANI?

Afotu a Dawid de maa ne ba Solomon no ma yɛhu ade a ehia sɛ yɛyɛ na ama yɛasɔ Onyankopɔn ani. Ɔkaa sɛ: “Wo, me ba Solomon, hunu Onyankopɔn a wo papa som no no, na fa akoma a ɛdi mũ . . . som no.” (1 Berɛsosɛm 28:9) Dɛn ne koma a ɛdi mũ? Ɛyɛ koma a ɛdɔ Onyankopɔn, na awe ahinam so sɛ ɛbɛyɛ n’apɛde nyinaa. Ɛnyɛ koma a ɛntumi nyɛ bɔne, nanso ɛpɛ sɛ ɛtie Onyankopɔn na ɛgye nteɛso tom. Bible ka sɛ na Hiob “ho nni asɛm,” Lot nso wɔfrɛɛ no “ɔteneneeni,” ɛnna Dawid nso, “deɛ ɛtene nko ara na ɔyɛɛ” no Onyankopɔn anim. Nea enti a Bible ka wɔn ho asɛm saa ne sɛ, na wɔdɔ Onyankopɔn na na wɔpɛ sɛ wɔyɛ nea ɛsɔ n’ani. Ɛwom sɛ wɔdii mfomso pii deɛ, nanso wɔtumi yɛɛ nea Onyankopɔn pɛ.

Koma a ɛdi mũ no tie Onyankopɔn na awe ahinam so sɛ ɛbɛyɛ n’apɛde

Enti sɛ nsusuiɛ bɔne bi baa yɛn tirim, anaa ebia yɛkaa asɛm bi maa yɛn ani wui, anaasɛ yɛyɛɛ biribi na akyiri yi yɛbɛhuu sɛ yɛanyɛ no yie a, momma asɛm a yɛasusu ho yi nkyekye yɛn werɛ. Onyankopɔn nim sɛ yɛrentumi nyɛ yɛn ade pɛpɛɛpɛ saa bere yi. Nanso, ɔhwɛ kwan sɛ yɛbɛdɔ no na yɛabɔ mmɔden ayɛ osetie ama no. Sɛ yɛfiri yɛn koma nyinaa mu dɔ no na yɛtie no a, ɛnde na yɛbɛtumi anya ahotoso sɛ yɛn nso yɛbɛtumi ayɛ nea ɛsɔ Onyankopɔn ani.