Kɔ emu nsɛm afã hɔ

BIBLE TUMI SESA NNIPA

Wɔn Nsa Kaa “Ahweneɛ a Ne Bo Yɛ Den” No

Wɔn Nsa Kaa “Ahweneɛ a Ne Bo Yɛ Den” No

 Yesu kyerɛkyerɛe sɛ, Onyankopɔn Ahenni beyi nnipa haw nyinaa afi hɔ. (Mateo 6:10) Wohwɛ Mateo 13:44-46 a, ɔmaa mfatoho mmienu a edidi so yi de kyerɛe sɛ, nokware a ɛfa Onyankopɔn Ahenni no ho no, ɛsom bo paa:

  •   Ná papa bi reyɛ adwuma wɔ afuw mu, ɛnna okopuee agyapade bi a wɔde asie so.

  •   Oguadini bi a otu kwan kɔhwehwɛ abohene kohuu abohene bi a ne bo yɛ den.

 Mmarima mmienu no nyinaa de anigye kɔtɔn nea wɔwɔ nyinaa sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn nsa bɛka agyapade a wɔakohu no. Saa mmarima yi gyina hɔ ma nnipa a Ahenni no som bo ma wɔn no. Wɔde nneɛma akɛseakɛse bɔ afɔre, sɛnea ɛbɛyɛ a nhyira a Ahenni no de ma nnipa no, wɔn nso benya bi. (Luka 18:29, 30) Video yi mu no, wubehu nnipa mmienu bi a wɔn asɛm te sɛ mmarima a wɔwɔ Yesu mfatoho no mu no.